ASETENAM NSƐM
Mede Me Ho Ato Yehowa So Ama Manya Ahobammɔ a Edi Mu
SƐ NKURƆFO bisa me nea matumi ayɛ wɔ m’asetena mu a, ɛyɛ a metaa ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mete sɛ bag wɔ Yehowa nsam!” Nea merekyerɛ ne sɛ, sɛnea mede me bag kɔ baabiara a mepɛ no, saa ara na mepɛ sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no nso de me yɛ nea wɔpɛ, kyerɛ sɛ, mepɛ sɛ wɔkyerɛ me baabi a mɛkɔ ne bere a ɛsɛ sɛ mekɔ. Dwumadi a wɔde maa me no bi wɔ hɔ a na ɛyɛ den, na ɛtɔ da a na ɛyɛ hu. Nanso mahu sɛ, Yehowa a mede me ho bɛto no so no, ɛno na ɛbɛma manya ahobammɔ a edi mu.
NEA ƐYƐE A MIBEHUU YEHOWA NA MEDE ME HO TOO NO SO
Wɔwoo me afe 1948 wɔ akuraa ketewaa bi ase wɔ Nigeria anaafo fam. Saa bere no, me papa nuabarima kumaa a ne din de Moustapha, ne me nuabarima panyin a ne din de Wahabi bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Midii mfe nkron na me papa wui. Ebubuu me. Wahabi ka kyerɛɛ me sɛ yebetumi ahu Paapa bio wɔ owusɔre no mu. Saa awerɛkyekyesɛm no kanyan me ma misuaa Bible. Mebɔɔ asu afe 1963, na ankyɛ na me nua mmarima mmiɛnsa a aka no nso bɔɔ asu.
Afe 1965 no, mekɔkaa me nuabarima panyin Wilson ho wɔ Lagos, na me ne daa akwampaefo a ɛwɔ Igbobi Asafo no mu bɔe paa. Anigye ne ahokeka a na wɔde yɛ asɛnka adwuma no kanyan me, enti January afe 1968 no, me nso mebɛyɛɛ daa kwampaefo.
Onua bi a ne din de Albert Olugbebi a na ɔwɔ Betel no yɛɛ nhyiam titiriw bi maa mmerante ne mmaabaa, na ɔkaa sɛ wɔhia akwampaefo atitiriw wɔ Nigeria atifi fam. Meda so ara kae Onua Olugbebi ahokeka a ɔde kasae no. Ɔkaa sɛ: “Moyɛ mmabun, na mubetumi de mo bere ne mo ahoɔden asom Yehowa. Adwuma pii wɔ hɔ!” Ná mepɛ sɛ misuasua sɛnea odiyifo Yesaia tuu ne ho mae no, enti mehyehyɛɛ akwammisa krataa sɛ mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo titiriw.—Yes. 6:8.
May afe 1968 no, wɔma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Kano a ɛwɔ Nigeria atifi fam. Saa bere no, na Biafra Ko no gyina mu wɔ hɔ; efii ase afe 1967 kosii afe 1970. Ɔko no maa nnipa huu amane paa wɔ atifi fam hɔ na ebinom nso wuwui. Ɛno akyi no, ɔko no trɛw kɔɔ Nigeria apuei. Onua bi yɛe ara sɛ ɔremma menkɔ Kano hɔ, efisɛ na ɔmpɛ sɛ asɛmmɔne biara bɛto me. Nanso meka kyerɛɛ no sɛ: “Meda wo ase sɛ wudwen me ho. Nanso, sɛ saa dwumadi no na Yehowa pɛ sɛ ɔde ma me a, migye di sɛ ɔbɛka me ho.”
MEDE ME HO TOO YEHOWA SO WƆ BAABI A NA ƆKO AYƐ HƆ PASAA
Ná Kano asetena yɛ awerɛhow paa. Ná ɔko no asɛe saa kurow kɛse yi pasaa. Sɛ yɛnam asɛnka mu a, nnipa a wɔkunkum wɔn wɔ ɔko no mu no, ɛtɔ da a na yehu sɛ wɔn afunu gugu hɔ. Ɛwom sɛ na nsafo bi wɔ Kano, nanso na anuanom dodow no ara aguan afi hɔ. Ná adawurubɔfo a aka wɔ hɔ nnu 15. Afei nso na ehu aka wɔn, na na wɔn abam abu. Akwampaefo atitiriw a wɔde yɛn kɔɔ hɔ no, na yɛyɛ nsia; yekoduu hɔ no, anuanom ani gyei papa. Yɛhyɛɛ wɔn nkuran, na yɛboaa wɔn ma wɔsan kekaa wɔn ho, na wɔfii ase de wɔn asɛnka akontaabu kɔɔ Betel, na wɔkraa nhoma nso.
Akwampaefo atitiriw a yɛkɔɔ hɔ no, yefii ase suaa Hausa kasa no. Sɛ kurom hɔfo te sɛ yɛreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wɔn kurom kasa mu a, na bebree tie yɛn. Nanso, asɔre a na agye ntini wɔ kurom hɔ no, na emufo no ani nnye asɛnka adwuma no ho koraa, enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa. Da bi, onua a me ne no nam asɛnka mu no, ɔbarima bi de sekamma taa yɛn so. Nanso yɛde mmirika guanee, enti ne nsa anka yɛn. Asiane ahorow yi nyinaa akyi no, Yehowa ma ‘yenyaa ahotɔ,’ na adawurubɔfo no bi bɛkaa ho. (Dw. 4:8) Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛboro 500 na ɛwɔ nsafo 11 mu wɔ Kano.
YEHYIAA ƆSƆRETIA WƆ NIGER
Bere a na meyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Niamey, Niger
Mekɔɔ Kano no, abosome kakraa bi akyi no, wɔmaa me ne akwampaefo atitiriw mmienu kɔɔ Niger ahenkurow Niamey mu wɔ August afe 1968. Ankyɛ koraa na yehui sɛ, baabi a ɛhɔ yɛ hyew paa wɔ asaase so no, Niger a ɛwɔ Afrika Atɔe no ka ho. Ɔhyew a ɛwɔ hɔ no da nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ yesua French a ɛyɛ kasa titiriw a wɔka wɔ hɔ no. Ɛwom sɛ na ɛnna fam, nanso yɛde yɛn ho too Yehowa so, na yɛne adawurubɔfo kakra a na ɛwɔ kurom hɔ no fii ase kaa asɛmpa no. Bere tiaa bi mu no, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a yɛde sua Bible no, ɛkame ayɛ sɛ obiara a onim akenkan wɔ Niamey no nsa kaa bi. Ná nkurɔfo mpo bɛhwehwɛ yɛn gye bi.
Ankyɛ koraa na yehui sɛ aban mpanyimfo no mpɛ Yehowa Adansefo asɛm. July 1969 no, yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam a edi kan koraa wɔ ɔman no mu; nnipa bɛyɛ 20 na ɛbae. Ná yɛrehwɛ kwan sɛ adawurubɔfo mmienu bɛbɔ asu. Nanso, nhyiam no da a edi kan no, polisifo baa hɔ bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ yennyae nhyiam no yɛ. Wɔde akwampaefo atitiriw no ne ɔmansin sohwɛfo no kɔɔ polis steehyin. Bere a wɔbisabisaa yɛn nsɛm wiei no, wɔhyɛɛ yɛn sɛ da a edi hɔ no, yɛmfa yɛn ho mmɛkyerɛ wɔn. Yehui sɛ anhwɛ a, atumfoɔ no bɛhaw yɛn, enti yɛyɛɛ nhyehyɛe maa asubɔ kasa no wɔ obi fie, na yɛkɔbɔɔ asubɔfo no asu wɔ asubɔnten bi mu a yɛamma obiara anhu akyi.
Nnawɔtwe kakra akyi no, Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔman No Mu Nsɛm So no pam me ne akwampaefo atitiriw nnum no fii ɔman no mu. Wɔmaa yɛn nnɔnhwerew 48 sɛ yɛn ankasa mpɛ kwan bi mfa so mfi ɔman no mu. Yetiei, na yefii hɔ kɔɔ Nigeria Betel tee. Yɛkɔɔ hɔ no, wɔmaa yɛn dwumadi foforo.
Wɔde me kɔɔ Nigeria akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Orisunbare. Mekɔɔ hɔ no, me ne adawurubɔfo kakra a ɛte hɔ no yɛɛ asɛnka adwuma no maa yɛn ani gyei. Nanso abosome nsia akyi no, Betel ka kyerɛɛ me sɛ mensan nkɔ Niger. Mfiase no, ɛyɛɛ me nwanwa na me yam hyehyee me, nanso na mayɛ krado sɛ mɛsan akɔka anuanom ho bio wɔ Niger!
Mesan kɔɔ Niamey. Da a mikodui adekyee no, Nigeriani barima bi a ɔyɛ oguadini hui sɛ meyɛ Ɔdansefo na ofii ase bisabisaa me Bible no ho nsɛm. Ná ɔnom sigaret ne nsa paa, nanso me ne no suaa ade ma otumi gyaee, na akyiri yi, ɔbɔɔ asu. Ɛno akyi no, m’ani gyei sɛ me ne anuanom a ɛwɔ hɔ no kaa asɛmpa no wɔ Niger mmeae ahorow. Nkakrankakra, mihui sɛ nkurɔfo reba nokware no mu. Bere a midii kan kɔɔ hɔ no, na Adansefo 31 na ɛwɔ ɔman no mu; merefi hɔ no, na wɔn dodow adu 69.
“YENNIM AHENNI ADWUMA NO HO NSƐM PII WƆ GUINEA”
Afe 1977 rekɔ n’awiei no, mesan kɔɔ Nigeria de nnawɔtwe mmiɛnsa kogyee ntetee. Bere a miwiei no, Malcolm Vigo a na ɔyɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo no ma mekenkan krataa bi a efi Sierra Leone Betel. Ná anuanom no rehwehwɛ onua kwampaefo sigyani bi a ɔwɔ apɔwmuden a otumi ka Borɔfo ne French ma wasom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Guinea. Onua Vigo ka kyerɛɛ me sɛ wɔretete me ama saa dwumadi no. Osii so dua sɛ ɛnyɛ adwuma a ɛda fam. Enti otuu me fo sɛ minnwen ho yiye ansa na magye atom. Ɛhɔ ara na mekaa sɛ, “Esiane sɛ Yehowa na ɔresoma me nti, mɛkɔ.”
Mefaa wimhyɛn kɔɔ Sierra Leone, na mikohyiaa anuanom no wɔ Betel hɔ. Baa Boayikuw no muni baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Yennim Ahenni adwuma no ho nsɛm pii wɔ Guinea.” Ɛwom sɛ Betel a ɛwɔ Sierra Leone na na ɛhwɛ asɛnka adwuma a ɛkɔ so wɔ Guinea no so, nanso esiane sɛ na amanyɔsɛm ama ɔman no ani adan nti, na wɔntumi ne adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ no nni nkitaho. Afei nso, na Betel abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbɛsoma obi ma wakɔsra anuanom no, nanso na ɛnyɛ yiye. Enti wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ Guinea ahenkurow Conakry mu, na menkɔhwɛ sɛ metumi ayɛ nkrataa a ɛbɛma matena ɔman no mu anaa.
“Esiane sɛ Yehowa na ɔresoma me nti, mɛkɔ”
Mikoduu Conakry no, mekɔɔ asoɛe a ɛhwɛ Nigeriafo ho nsɛm so wɔ hɔ no, na mikohuu Nigeria aban no nanmusini a ɔwɔ hɔ. Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meka asɛmpa no wɔ Guinea. Ɔka kyerɛɛ me sɛ mma menntena hɔ, anyɛ saa a wɔbetumi akyere me anaa wɔbetumi adi me bɔne. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “San kɔ Nigeria kɔka asɛmpa no wɔ hɔ mmom,” nanso meka kyerɛɛ no sɛ, “Masi me bo sɛ mɛtena ha.” Enti Ɔsoafo a Ɔhwɛ Guinea Man No Mu Nsɛm So no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa no sɛ ɔmmoa me, na ɔsoafo no nso boaa me.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, mesan kɔɔ Sierra Leone Betel kɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ ɔsoafo no apene so sɛ mentena Guinea man no mu. Anuanom no tee sɛnea Yehowa ahyira m’akwantu no so no, wɔbɔɔ ose!
Bere a na meyɛ ɔmansin adwuma wɔ Sierra Leone
Efi afe 1978 kosi 1989 no, meyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Guinea ne Sierra Leone. Afei nso, mikosii ɔmansin sohwɛfo ananmu som nsafo bi wɔ Liberia. Mfiase no, na metaa yare. Ɛtɔ da a, na esi wɔ mmeae a atew ne ho. Nanso na anuanom yɛ nea wɔbetumi biara de me kɔ ayaresabea.
Bere bi, atiridii kyeree me denneennen; bere koro no ara na nsonsono nso rehaw me. Me ho tɔɔ me no, mibehui sɛ na ɛyɛ anuanom no sɛ anhwɛ a mewu, enti na wɔrepɛ baabi a wɔbesie me. Ɔhaw a ɛde me nkwa too asiane mu nyinaa akyi no, amma m’adwene mu da sɛ minnyae adwuma no. Migye di sɛ ahobammɔ a edi mu de, Onyankopɔn hɔ na efi efisɛ ɔno na obetumi anyan nnipa afi awufo mu.
ME NE ME YERE DE YƐN HO TOO YEHOWA SO
Yɛn ayeforohyia da, afe 1988
Afe 1988 no, mihyiaa Dorcas; ɔyɛ onuawa kwampaefo bi a ɔbrɛ ne ho ase paa na ɔdɔ Yehowa. Yɛwaree, na ɔbɛkaa me ho wɔ ɔmansin adwuma no mu. Dorcas yɛ mmɔdenbɔfo, na oyi ne yam de nneɛma pii bɔ afɔre. Bere bi a na yefi asafo baako mu rekɔ asafo foforo mu no, yɛsoaa yɛn nneɛma twaa kwan kilomita 25 anaa akwansin 15. Sɛ yɛrekɔsom nsafo a ɛwɔ akyiri a, kar biara a yebenya no, na yɛforo; ná atɛkyɛ wɔ ɔkwan no so na na ɛso nso atutu.
Dorcas wɔ akokoduru paa. Ɛtɔ da a, na ɛsɛ sɛ yetwa nsu a adɛnkyɛm wɔ mu. Bere bi a na ɛsɛ sɛ yɛde nnanum tu kwan no, yekoduu baabi a na ɛsɛ sɛ yɛde korow twa nsu, efisɛ ɛtwene a wɔde nnua ayɛ a na ɛda so no, na asɛe. Bere a Dorcas yɛe sɛ ɔresi afi korow no mu no, oo na ɔnyɛ na wɔ nsu no mu! Ná nsu no mu dɔ. Afei nso, na yɛn mu biara nnim aguare na na adɛnkyɛm nso wɔ nsu no mu. Anigyesɛm ne sɛ, mmerante bi tɔɔ nsu no mu koyii no. Yɛn mmienu nyinaa sosoo ho dae kosii bere bi, nanso yɛtoaa yɛn adwuma no so.
Yɛn mma Jahgift ne Eric yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn
Afe 1992 mfiase mu hɔ no, ɛyɛɛ yɛn nwanwa paa sɛ yehui sɛ Dorcas nyem. Yebisaa yɛn ho sɛ, ‘Bere nyinaa som adwuma yi, ɛha na yɛde bɛso anaa?’ Yɛkaa sɛ “Yehowa akyɛ yɛn ade!” Enti yɛtoo yɛn babea no din Jahgift. Yɛwoo Jahgift mfe nnan akyi no, ne nuabarima Eric nso bae. Yɛn mma mmienu no nyinaa akyerɛ sɛ wɔyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ ampa. Jahgift de bere kakra somee wɔ baabi a wɔkyerɛ kasa ase wɔ Conakry, na Eric nso yɛ asafo mu somfo.
Ɛwom sɛ eduu bere bi no, na ɛsɛ sɛ Dorcas de akwampaefo titiriw adwuma no to hɔ, nanso ɔkɔɔ so yɛɛ daa kwampaefo bere mpo a na ogu so retete yɛn mma no. Yehowa mmoa so nti, mekɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no. Bere a yɛn mma no nyinyinii no, Dorcas tumi som bio sɛ ɔkwampaefo titiriw. Seesei, yɛn mmienu nyinaa som sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Conakry.
NEA ƆMA YENYA AHOBAMMƆ A EDI MU
Baabi a Yehowa kaa sɛ menkɔ biara, mampopo me ti. Me ne me yere ahu no mpɛn pii sɛ ɔbɔ yɛn ho ban na ohyira yɛn. Wɔn a ɛde wɔn werɛ hyɛ ahonyade mu no hyia ɔhaw pii, nanso Yehowa a yɛde yɛn ho ato no so no ama yɛakwati ɔhaw a ɛtete saa. Nea me ne Dorcas afa mu no ama yɛahu sɛ, nea ɔma yenya ahobammɔ a edi mu ne Yehowa, “yɛn nkwagye Nyankopɔn” no. (1 Be. 16:35) Mewɔ awerɛhyem sɛ, obiara a ɔde ne ho to Yehowa so no, ‘ɔbɛkyekyere ne nkwa wɔ nkwa kotoku mu de asie ne nkyɛn.’—1 Sam. 25:29.