Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 October kr. 6-11
  • Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ Bere Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ?
  • YƐBƐYƐ DƐN NA ANISƆ A YƐWƆ NO AYƐ KƐSE?
  • NNEƐMA BƐN NA YEBETUMI AYƐ DE AKYERƐ ANISƆ?
  • “Monyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ”
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • “Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • “Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 October kr. 6-11

DECEMBER 7-13, 2026

DWOM 46 Yɛda Wo Ase, Yehowa

Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ Bere Nyinaa

“Monyɛ nnipa a wɔkyerɛ anisɔ.”—KOL. 3:15.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, ne sɛnea yɛbɛyere yɛn ho ayɛ saa.

1. Dɛn na wusua fi John asɛm no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

NÁ ONUA bi a ne din de Johna a wadi mfeɛ 95 yare paa. Enti na nkurɔfo wɔ ne nkyɛn a wɔrehwɛ no. Da biara a obi bɛba abɛsra no, anaa ɔbɛyɛ biribi ketewaa bi mpo ama no no, na John da no ase. Owie a na watworɔ onii no din agu nwoma ketewa bi mu. Sɛ ade sa na ɔrebɛda a, wɔn a wɔrehwɛ no no, na ɔsrɛ wɔn mu bi ma ɔsɔ ne mu ma obu nkotodwe wɔ ne mpa anim bɔ mpae. Afei, wɔn a wɔbɛsraa no anaa wɔyɛɛ biribi boaa no saa da no, na ɔda Yehowa ase sɛ ɔkaa saafoɔ no koma. Wɔn a na wɔrehwɛ no no mu baako kaa sɛ: “Ɛwom sɛ na onyin ne yare ama John ayɛ mmerɛ deɛ, nanso daa na ɔwɔ anigye na na onnwiinwii.” John asɛm no ma yehu sɛ, sɛ nneɛma nkɔ yie mpo na sɛ yɛkyerɛ anisɔ a, ɛma yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam.

Mfoni Ahoroɔ: 1. Awarefo bi a wɔn ani mfii pii akɔsra onua akwakora bi. Ɔbaa no resiesie biribi ama wɔde aka wɔn ano, na akwakora no de mfoni rekyerɛ barima no. 2. Onua akwakora no rekɔda anadwo, na wabu nkotodwe wɔ ne mpa anim rebɔ mpae. Wabue ne nwoma bi a ɔtworɔtworɔ mu mu da ne nkyɛn, na nea ɔhwɛ no no gyina ne nkyɛn.

Sɛ wokyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛma w’ani gye, na w’asom dwo wo (Hwɛ nkyekyɛm 1)b


2. Sɛn na nnipa pii yɛ wɔn adeɛ nnɛ?

2 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nnipa bebree nni ayɛ. Bible no ka too hɔ sɛ awieɛ mmerɛ no mu no, nnipa bɛyɛ bonniayɛfo. (2 Tim. 3:​1, 2) Ebinom wɔ hɔ a, sɛ obi yɛ biribi ma wɔn a, wɔn werɛ fi sɛ wɔbɛda no ase. Afoforɔ nso deɛ, sɛ obi yɛ biribi ma wɔn a, wɔnhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔda no ase, efisɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ onii no asɛdeɛ. Suban a ɛte saa deɛ, ɛnyɛ koraa; ɛyɛ pɛsɛmenkominya.

3. Dɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa asomfo deɛ, ɛnsɛ sɛ yesuasua wiase yi mu nnipa a bonniayɛ adonnɔn wɔn no. Ɔsomafo Paul tu yɛn fo sɛ: ‘Yɛnyɛ nnipa a yɛkyerɛ anisɔ.’ (Kol. 3:15) Sɛ obi yɛ biribi ma yɛn anaa ɔboa yɛn a, ɛnsɛ sɛ ɛho anisɔ no ka yɛn komam, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛda no ase anaa yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ wei no, momma yensusu nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: (1) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ? (2) Yɛbɛyɛ dɛn na anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse? (3) Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ anisɔ?

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ?

4. Sɛ yɛankyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa aba?

4 Sɛ yɛankyerɛ nneɛma ho anisɔ a, yɛn ara na ɛha yɛn. Bonniayɛfo nni anigye. Bible ka sɛ: “Mmɔborɔwa de, da biara nye mma no.” (Mmeb. 15:15) Ɛtɔ da a, yɛn nyinaa hyia ɔhaw bi a etumi ma yɛn aba mu bu. Ɔhaw a yehyia no, ebi wɔ hɔ a yɛrentumi nsi ano, nanso nea yɛbɛyɛ wɔ ho no deɛ, egyina yɛn so. Nea ɛnkɔ yie wɔ yɛn asetena mu no, sɛ ɛno na daa yɛde yɛn adwene si so deɛ a, anhwɛ a da biara bɛyɛ da bɔne ama yɛn. Suban a ɛte saa nso deɛ, ɛbɛsɛe yɛn anigye, efisɛ ɛremma yenhu nneɛma pa a ɛrekɔ so wɔ yɛn asetena mu no.

5. Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, adɛn nti na ɛma yɛn ani gye?

5 Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛboa yɛn. Obi a ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no, n’ani gye. Mmebusɛm 15:15 no fã a etwa toɔ no ka sɛ: “Nea ɔwɔ anigye koma de, daa ɔwɔ apontow mu.” Obi a “ɔwɔ anigye koma” no, sɛ ɔrehyia ɔhaw mpo a, ɔde n’adwene si nneɛma pa a ɛrekɔ so wɔ n’asetena mu no so, na ɔkyerɛ ho anisɔ. Ɛba saa a, eyi n’adwene fi nneɛma a ɛnkɔ yie wɔ n’asetena mu no so. Wei ma n’ani gye, na daa ɔte nka sɛ “ɔwɔ apontow mu.”

6. Sɛ yɛda Yehowa ase a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ etumi ma yɛn ho dwo yɛn? (Filipifo 4:​6, 7)

6 Kenkan Filipifo 4:​6, 7. Sɛ yɛbɔ mpae da Yehowa ase wɔ nea ɔyɛ ma yɛn ho a, ɛmma “dadwen nnhyɛ” yɛn so. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛremma yɛmfa yɛn adwene nsi nea ebesi ɔkyena anaa daakye so dodo, na mmom nea Yehowa reyɛ ama yɛn saa bere yi no, ɛno na yɛde yɛn adwene besi so. Sɛ yɛde yɛn adwene si sɛnea Yehowa aboa yɛn abesi nnɛ no so a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den, na yɛanya ne mu ahotoso sɛ daakye nso ɔbɛboa yɛn. Ɛba saa a, ɛremma dadwen nhyɛ yɛn so. (Mat. 6:​25-34) Afei nso, sɛ yɛrehu amane na yɛbɔ mpae da Yehowa ase na yehwie yɛn koma mu nsɛm nyinaa gu ne so a, ɔbɛma yɛn ‘n’asomdwoe,’ na ɛno bɛma yɛn ho adwo yɛn.

7. Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛka yɛne Yehowa adamfofa no sɛn? (Yakobo 1:17)

7 Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛma yɛbɛn Yehowa. Ade pa biara a yɛwɔ no, Yehowa na ɔde maa yɛn. (Kenkan Yakobo 1:17.) Wakyɛ yɛn nneɛma pii; ebi ne agyede no, ne anidaso a yɛwɔ sɛ yebetumi atena ase daa. Adɛn nti na Yehowa de saa nneɛma yi nyinaa ama yɛn? Ɛnyɛ sɛ yɛsɛ fata, na mmom, ɔdɔ a ɔdɔ yɛn ntia. (Rom. 3:24; Efe. 2:8) Ɔdɔ a Yehowa yi no adi kyerɛ yɛn ne nneɛma pa a ɔde ma yɛn no, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse, na yɛbɛyɛ ne nnamfo a yɛda ne koma so.

YƐBƐYƐ DƐN NA ANISƆ A YƐWƆ NO AYƐ KƐSE?

8. Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no, sɛ yɛdwendwen ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (2 Korintofo 4:7)

8 Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo bere bi a atwam no, dwendwen ho. Ebia woahyia ɔhaw bi a emu yɛ den wɔ w’asetena mu pɛn. Ebetumi aba sɛ wo dɔfo bi wui, yare bi a emu yɛ den bɔɔ wo, anaa wo gyidi nti nkurɔfo sɔre tiaa wo. Dɛn na ɛboaa wo maa wutumi gyinaa ɔhaw yi mu biara ano? Sɛ wubu kɔmpɔ hwɛ w’akyi a, wo ara wunim sɛ, sɛ Yehowa ammoa wo a, anka woantumi annyina mu. (Kenkan 2 Korintofo 4:7.) Sɛnea Yehowa aboa wo bere bi a atwam no, sɛ wode w’adwene si so a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse.—Dw. 103:2.

9-10. Nneɛma pa bɛn na Yehowa yɛ ma wo da biara? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Sɛnea Yehowa rehyira wo no, dwendwen ho. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnna ase wɔ biribiara ho.’ (1 Tes. 5:18) Da biara gye bere kaakae sɛnea Yehowa rehyira wo no. Wubetumi ayɛ saa bere biara. Wopɛ a wubetumi ayɛ no anɔpa, na woanya biribi adwendwen ho wɔ da no mu. Wopɛ nso a wubetumi ayɛ no anwummerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wokɔ kɛtɛ so a adwendwen renhyɛ wo so. (Dw. 92:​1, 2) Wubetumi asuasua John a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua yi ahyɛase no na woatworɔtworɔ nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo no ato hɔ. Nneɛma pa a wubetumi atworɔ no, ebi ne sɛn?

10 Nea edi kan no, dwendwen nea Yehowa ayɛ ama wo saa da no ho. (Dw. 40:5) Sɛnea Yehowa boa wo wɔ honhom fam no, dwendwen ho. Sɛnea otie wo mpaebɔ, sɛnea n’Asɛm Bible no kyekye wo werɛ, sɛnea Bible ho nwoma, video, ne sɛnea JW Broadcasting dwumadi no ma wuhu sɛ ɔdwen wo ho no, da no ase wɔ ho. (Dw. 65:2; Mat. 24:45; Rom. 15:4) Nneɛma pa a ɔyɛ ma wo honam fam no nso, dwendwen ho. Ebi ne sɛnea awia rekɔtɔ a ɛyɛ fɛ fa, sɛnea yedidi a yɛte ne dɛ, ne sɛnea ɔma yenya nnamfo a wɔdɔ yɛn. Esiane “nkwa ne ahome” a Onyankopɔn de ama yɛn nti na yenya saa nhyira yi nyinaa. (Aso. 17:25) Dɛn bio na Yehowa de ama wo a wubetumi ada no ase wɔ ho?—Efe. 5:20.

Onuawa ababaa bi rekenkan Bible, na wagyina rehwɛ ne nnamfo binom mfoni.

Da biara gye bere kaakae sɛnea Yehowa rehyira wo no (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)c


11-12. Nhyira bɛn na Yehowa nam yɛn nuanom so ma yɛn nsa ka?

11 Esiane sɛ woda abusua kɛse bi mu na wo ne wo nuanom abom resom Yehowa nti, wunya nhyira pii. Bɔ mmɔden dwendwen saa nhyira no ho. (Dw. 133:1; Mmeb. 18:24) Ebetumi aba sɛ onua anaa onuawa bi ayi ne yam ayɛ biribi aboa wo, anaa waka awerɛkyekyesɛm bi akyerɛ wo. (Mmeb. 12:25; 16:24) Nneɛma nketenkete a yɛn nuanom yɛ ma yɛn no mpo, ne nyinaa ka nhyira a Yehowa de ma yɛn no ho, enti ɛsɛ sɛ yɛda no ase wɔ ho. Ɛho nhwɛso bi ni: Ná onuawa bi babaa awu, na esiane awerɛhoɔ a na ahyɛ ne so nti, sɛ ɔkɔ adesua a, na ontumi nto dwom no bi. Ɔkyerɛ mu a, “da koro, onuawa bi twaa n’ani hui sɛ meresu. Enti ɔyɛɛ ntɛm baa me nkyɛn de ne nsa bɛtoo me kɔn mu, na ɔne me too dwom no wiei. Wei maa ɔdɔ a mewɔ ma anuanom no yɛɛ kɛse.” Onuawa no nsa kɛkɛ a ɔde kɔtoo maame a ne ba awu no kɔn mu no maa ne werɛ kyekyee, na n’ani sɔe paa.

12 Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo, ne nea ogu so reyɛ ma wo no, sɛ wudwendwen ho a, ɛbɛma anisɔ a ɛwɔ wo komam no ayɛ kɛse. Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ obi yɛ biribi ma yɛn anaa ɔboa yɛn a, ɛnsɛ sɛ ɛho anisɔ no ka yɛn komam, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛda no ase anaa yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Yɛbɛyɛ no sɛn?

NNEƐMA BƐN NA YEBETUMI AYƐ DE AKYERƐ ANISƆ?

13. Yɛbɛyɛ dɛn ama afoforɔ ahu sɛ yɛn ani sɔ nea wɔyɛ ma yɛn no?

13 Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ anisɔ? Wo deɛ, momma yɛnhwɛ tworɔsɛm a adesua yi gyina so no. Bere a ɔsomafo Paul tuu yɛn fo sɛ yɛnkyerɛ nneɛma ho anisɔ wiei no, ɔtoaa so sɛ: “Na biribiara a moyɛ no, kasa oo, adwuma oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu, na momfa no so nna Agya Onyankopɔn ase.” (Kol. 3:​15, 17) Wei ma yehu sɛ kasa ne nneyɛe na yɛde kyerɛ anisɔ. Ɛha yi, na Paul reka aseda a yɛde bɛma Yehowa ho asɛm. Nanso nea afoforɔ yɛn ma yɛn no nso, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛma Yehowa ani gye. Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn de yɛn kasa anaa yɛn nsɛm, ne yɛn nneyɛe akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma yɛn no? Momma yensusu emu bi ho.

14. Wobɛyɛ dɛn de wo kasa anaa wo nsɛm akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma wo no? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Fa wo kasa anaa wo nsɛm kyerɛ sɛ w’ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma wo no. Ma ɛnyɛ wo su sɛ, sɛ obi yɛ biribi ketewaa bi mpo ma wo a, wobɛda no ase. Sɛ́ ɛyɛ pono na obue maa wo, nkuranhyɛsɛm bi na ɔka kyerɛɛ wo, anaa nkamfo bi na ɔde maa wo no, wubetumi ada no ase. Ɛtɔ da a, wubetumi asɛnde tɛs mɛsegyi, email, anaa wubetumi atworɔ lɛtɛ akɔda no ase. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, asafo mu panyin bi abɛsra wo anaa w’abusua ahyɛ mo nkuran nnansa yi anaa? Wubetumi atworɔ biribi de akɔda no ase. (1 Tes. 5:​12, 13) Ɛwom ara nso a, wubetumi ada asafo mu mpanyimfo yerenom ase. Adeɛ yi, bere a anka wɔne wɔn kununom betumi de ayɛ biribi no, wɔde bɔ afɔre na ama wɔn kununom atumi aboa asafo no mufo ahyɛ wɔn nkuran.

Mfoni Ahoroɔ: Onuawa ababaa a na ɔrekenkan Bible no reyɛ biribi de akyerɛ anisɔ. 1. Anuanom mmarima mmienu abɛsra no rehyɛ no nkuran, na ɔne wɔn rebɔ nkɔmmɔ. 2. Watworɔ krataa, na ɔde bisket aka ho de rema anuanom a wɔbɛsraa no no baako yere.

Wobɛyɛ dɛn de wo kasa ne nea woyɛ akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma wo no? (Hwɛ nkyekyɛm 14)


15. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn mpaebɔ akyerɛ sɛ, yɛn ani sɔ nea Yehowa yɛ ma yɛn no?

15 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ Yehowa sɛ yɛda no ase. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ, yebefi yɛn koma mu nyinaa abɔ no mpae. Kae sɛ, mpae a yɛbɔ no gu ahoroɔ. (Efe. 6:18) Ebia adesrɛ anaa nkotosrɛ mpae na yɛtaa bɔ. Mpae a ɛtete saa no, yɛde srɛ Yehowa hɔ biribi sɛ ebia ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ ano, anaa nyansa a yɛde besisi gyinae pa. Anaa ebia mfomso bi a yɛadi na yɛde srɛ ho bɔnefakyɛ. Nanso, nneɛma pa pii a Yehowa de ama yɛn no, sɛ yɛdwendwen ho a, ɛka yɛn ma yɛbɔ mpae da no ase. (Dw. 95:2) Ɛwom ara a, yebetumi abisa yɛn ho nsɛm bi de ahwɛ sɛnea yɛn mpaebɔ teɛ. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Yɛn mpaebɔ akɔyɛ adesrɛ nko ara, anaa ɛyɛ a yɛtaa da Yehowa ase?’

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi pɔtee de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma yɛn no?

16 Yɛ biribi pɔtee fa kyerɛ sɛ w’ani sɔ nea afoforɔ yɛ ma wo no. Sɛ obi yɛ biribi ma wo ma ɛka wo koma a, yɛ biribi fa kyerɛ no sɛ w’ani sɔ. Sɛ yɛyɛ biribi ma afoforɔ a, ɛma yɛn ani gye, enti sɛ obi yɛ biribi ma yɛn, na yɛamfa yɛn ano anaa yɛn nsɛm nko ara anna no ase, na mmom yɛyɛ biribi pɔtee bi nso de kyerɛ ho anisɔ a, ɛma yɛn ani gye. (Aso. 20:35) Afei nso, sɛ yɛyɛ saa a, ɛma afoforɔ te nka sɛ yɛdɔ wɔn, na ɛma wɔn nso ani gye. Wei ma wɔbɛpɛ yɛn asɛm paa.

17-18. Dɛn na yebetumi ayɛ ama Yehowa ahu sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no?

17 Sɛ yɛhwɛ nneɛma bebrebe a Yehowa ayɛ ama yɛn no a, ɛka yɛn ma yɛn nso yɛyɛ biribi ma no de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no paa. Dɛn na yebetumi ayɛ ama Yehowa? Nea yebetumi ayɛ ne sɛ, yɛde yɛn nipadua bɛbɔ “afɔre a ɛte ase” ama no. (Kenkan Romafo 12:1.) Nea wei kyerɛ ne sɛ, yɛde yɛn adwene, yɛn koma, ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛyɛ nea Yehowa pɛ. Nneɛma a Yehowa pɛ no, ebi ne sɛn?

18 Bere a yesuaa Yehowa ho adeɛ huu nea wayɛ ama yɛn no, ɛmaa anisɔ a yɛwɔ ma no no yɛɛ kɛse. Wei pusuu yɛn ma yehyiraa yɛn ho so maa no, na yɛbɔɔ asu. Yɛamfa anso hɔ ara, yɛkɔ so de yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn ahodeɛ nyinaa som no. Ɛno nti, yɛbɔ mmɔden kenkan n’Asɛm Bible no dwendwen ho da biara, na yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no kyerɛ afoforɔ. Afei nso, yɛyɛ nea yebetumi biara kɔ adesua, na yɛkɔ nso a yɛde yɛn ho hyɛ mu. Ɛno da nkyɛn a, yɛde yɛn sika ne yɛn ahodeɛ boa Ahenni adwuma no. (Dw. 1:​2, 3; 2 Kor. 8:4; Heb. 10:​24, 25; 13:15) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de som Yehowa a, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ yɛn ani sɔ nea ɔyɛ ama yɛn no.—Kol. 3:​23, 24.

19. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ?

19 Wiase a yɛte mu yi, nnipa bebree nni ayɛ. Nanso yɛn deɛ yenim hia a ehia paa sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Yenim sɛ, sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛma yɛn anigye yɛ kɛse, ɛte yɛn adwendwen so, na nea ɛsen ne nyinaa no, ɛma yɛbɛn Yehowa. Nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn ne nea ogu so reyɛ ma yɛn no, sɛ yɛdwendwen ho a, ɛma anisɔ hyɛ yɛn koma ma. Momma yensi yɛn bo sɛ, yɛde yɛn kasa ne nea yɛyɛ biara bɛkyerɛ nea afoforɔ yɛ ma yɛn no ho anisɔ. Nanso nea ɛho hia paa no, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ, nea wayɛ ama yɛn nyinaa, yɛn ani sɔ paa. Sɛ yɛyɛ saa a, nhyira a yɛn Nyankopɔn a ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no behwie agu yɛn so nnɛ ne daakye no, ɛnyɛ ano bi ni.—Dw. 106:1; Heb. 11:6.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokyerɛ nneɛma ho anisɔ?

  • Wobɛyɛ dɛn na anisɔ a wowɔ no ayɛ kɛse?

  • Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ anisɔ?

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

a Wɔasesa din no.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni yi ma yehu nea John yɛe.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nneɛma nkɔ yie mma onuawa bi, nanso ɔredwendwen nhyira a Yehowa ama wanya ho; ebi ne tworɔnsɛm ahoroɔ a ɛkyekye ne werɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena