DECEMBER 21-27, 2026
DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”
Baanu Sõ a, Emmia
“Obi betumi adi ɔbaakofo so, nanso baanu de, wobetumi ne no de asi ani.”—ƆSƐNK. 4:12.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ mmerante ne mmabaa fa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo a, ɛbɛboa wɔn ama wɔakɔ so adi Yehowa nokware.
1. Adwene bɛn na wiase no wɔ wɔ nnamfofa ho?
YEHOWA asomfo deɛ, yenim hia a ehia paa sɛ yɛyere yɛn ho di Yehowa nokware. Nanso wei yɛ nna fam. Efisɛ nnipa a wɔwɔ wiase no awe ahinam so sɛ wɔbɛma yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho. Ɔkwan baako a wɔfa so yɛ saa ne sɛ, adwene a wɔwɔ wɔ nnamfofa ho no, wɔpɛ sɛ yɛn nso yenya bi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom susu sɛ, nnamfo a wɔwɔ no, sɛ wɔn suban yɛ oo, sɛ wɔn suban nyɛ oo, ɛnyɛ ɛno na ehia, na mmom nea ehia ne nnamfo dodoɔ a wɔwɔ. Mmerante ne mmabaa bebree wɔ hɔ a, sɛ wɔrepɛ afotu anaa awerɛkyekye a, wɔn atipɛnfo mu nko ara na wɔhwehwɛ no. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔte nka sɛ wɔnhia obiara, enti wɔmfa nnamfo. Yehowa ne Yesu nso ɛ? Wɔpɛ sɛ yenya nnamfo anaa?
2. (a) Nnipa bɛn saa na Yesu faa wɔn nnamfo? (b) Sɛ wohwɛ asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 4:9-12 no a, nnamfo pa boa yɛn sɛn?
2 Yehowa pɛ sɛ yenya nnamfo a wɔbɛboa yɛn ama yɛasom no yie. Bere a ne Ba Yesu wɔ asaase so no, nnamfo a ɛte saa na ɔfae. Aka kakra ama Yesu awu no, ɔkamfoo n’asomafo anokwafo no sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.” (Luka 22:28; Yoh. 15:15) Ɔyɔnko berɛbo deɛ, ɛnyɛ bere a nneɛma rekɔ yie nko ara na ɔwɔ hɔ ma wo, na mmom “amanehunu bere” mu nso, ɔwɔ hɔ ma wo. (Mmeb. 17:17) Ɔsɛnkafo ti 4 nkyekyɛm 9-12a ma yehu sɛ nnamfo pa deɛ, obiara boa ne yɔnko kyekye ne yɔnko werɛ. (Kenkan.) Afei nso obiara hyɛ ne yɔnko nkuran ma ɔyɛ adepa. Sɛ wowɔ nnamfo pa sei na sɛ biribi retwetwe wo sɛ kɔyɛ nea Yehowa mpɛ a, wɔboa wo ma wokɔ so gyina Yehowa afã. Sɛ wo ne wo nnamfonom bom yɛ nneɛma wɔ Yehowa som mu a, biribi a woanna ansõ ho daeɛ da sɛ wubetumi ayɛ no, wɔbetumi aboa wo ama woayɛ. Afei nso, ebetumi ama mo adamfofa no atena hɔ daa.
3. Dɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?
3 Sɛ mmerante ne mmabaa nya nnamfo pa a, sɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔde nokwaredi asom Yehowa? Awofo ne anuanom a wɔn ho akokwa nso, wɔbɛyɛ dɛn aboa mmerante ne mmabaa ama wɔanya nnamfo pa? Momma yensusu nsɛm bi a esisii wɔ odiyifo Daniel asetena mu ho. Ɛbɛma yɛahu sɛnea otumi dii Yehowa nokware bere a ohyiaa tebea bi a na ani sõsõ paa no. Yɛbɛsan ahwɛ nea Yehowa yɛ de hyɛɛ Daniel nkuran bere a na ɔto n’ani a ɛntɔ obiara anim no.
NNAMFO PA BOA YƐN MA YƐSOM YEHOWA
4. Bere a Daniel yɛ aberantewaa no, ɔhaw bɛn na ohyiae?
4 Bere a Daniel sii so no, na nneɛma nkɔ yie wɔ ne kurom Yuda koraa, efisɛ na Yudafo no apia Yehowa som ato nkyɛn reyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Enti na ama Yehowa nso bo afu wɔn. Ewiee ase no, bɛyɛ mfe 620 ansa na Yesu reba no, Yehowa maa Babilon hene Nebukadnesar bedii Yuda so. (Dan. 1:2) Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Daniel yɛ aberantewaa. Mfe kakra akyi no, wɔbɛfaa no kɔɔ nkoasom mu, na wɔde no kɔɔ Babilon kuro no mu sɛ ɔnkɔgye ntetee. (Dan. 1:3-6) Baabi a na wakodi no, na ɛmmɛn ne kurom, na na ne busuani biara nso nni hɔ.
5-6. Ɛbɛyɛ sɛ hwannom na ɛboaa Daniel ma osii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa?
5 Nea Daniel faa mu wɔ Babilon no, dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa ano? Bible ma yehu sɛ, “Daniel sii pi wɔ ne komam” sɛ obedi Onyankopɔn mmara so. (Dan. 1:8) Bere a na ɔyɛ abɔfra no, ɛnyɛ dɛn ara a, obi na ɔboaa no ma ɔtee Yehowa mmara ase na ɔboaa no ma osii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa. Wɔn a ɛboaa no no, wohwɛ a na n’awofo ka ho bi anaa? Ebetumi aba saa. Efisɛ nea Daniel din no kyerɛ ne sɛ, “Onyankopɔn Ne Me Temmufo.” Ebia nea enti a n’awofo too no saa din no ne sɛ, na wɔpɛ sɛ ofi ne komam som Yehowa na odi n’akwankyerɛ so.—Deut. 6:6, 7.
6 Ɛbɛyɛ sɛ odiyifo Yeremia nhwɛso no nso hyɛɛ Daniel nkuran ma ɔsom Yehowa yie. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛnhwɛ wei; Bɛyɛ mfe 647 ansa na Yesu reba no, Yehowa paw Yeremia sɛ ne diyifo, na ofii n’adwuma no ase ansa na wɔrewo Daniel. (Yer. 1:2) Wɔn a na Yeremia ka asɛm no kyerɛ wɔn no, na wɔn mu pii fi adehye abusua mu, na na ebi nso wowɔ dibea akɛse wɔ ɔman no mu; ɛbɛyɛ sɛ na Daniel abusua nso ka ho. (Yer. 1:17, 18; Dan. 1:3, 6) Yɛrentumi nka nsi no pi sɛ na Yeremia ne Daniel yɛ nnamfo. Nanso bere a Daniel yɛ aberante no, ɛnyɛ dɛn ara a na onim Yeremia nkɔmhyɛ no pii, na bere a onyinii mpo no, na ɔda so ara sua. (Yer. 25:11; 29:10; Dan. 9:1, 2) Sɛnea Yeremia de akokoduro yɛɛ n’adwuma no ɛmfa ho sɛ nnipa a na atwa ne ho ahyia no mfa Yehowa som nyɛ hwee no, ɛbɛyɛ sɛ Daniel suaa biribi fii mu, na ɛmaa ɔno nso nyaa akokoduro.
7-8. Awofo ne anuanom a wɔn ho akokwa bɛyɛ dɛn aboa mmerante ne mmabaa ama wɔde nokwaredi asom Yehowa?
7 Nokwasɛm ne sɛ, Daniel awofo, odiyifo Yeremia, ne Yehowa asomfo anokwafo afoforɔ hyɛɛ Daniel nkuran paa ma otumi som Yehowa yie. Ɛbɛyɛ sɛ wɔboaa no ma ɔne Yehowa nyaa ayɔnkofa a emu yɛ den paa.
8 Awofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso betumi aboa wɔn mma ama wɔafa Yehowa adamfo. Sɛ woyɛ ɔwofo a, bisa wo ho sɛ: ‘Maboa me mma ama wɔahu nea wɔbɛyɛ bere a wɔn mfɛfo sukuufo rekyia frankaa, wɔreto ɔman nnwom, anaa wɔde amanyɔsɛm reha wɔn? Maboa wɔn ama wɔahu nea wɔbɛyɛ bere a wɔn asukuufo rehyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ biribi a ɛnyɛ? Na sɛ wɔn ani bɔ biribi a ɛnyɛ so a, makyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn ani ntɛm anaa? Afei nso, makyerɛkyerɛ wɔn ama wɔayɛ krado sɛ, sɛ edu ahohiahia kɛse no a, Yehowa afã na ɛsɛ sɛ wɔgyina anaa?’ Awofo, mommoa mo mma ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no nyɛ kɛse, na wɔnnya ne mu gyidi paa. Mobɛyɛ no sɛn? Ɛyɛ a montaa mmɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho nkɔmmɔ. Afei nso, mommoa mo mma na sɛ wɔkɔ adesua a wɔde wɔn ho ahyɛ mu. Ɛba asɛnka adwuma no nso a, ɛyɛ a mo ne wɔn ntaa mmom nyɛ. Sɛ mmerante ne mmabaa ne wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa te sɛ Yeremia no bɔ a, ɛma gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛ kɛse, na wɔdi no nokware.
NNAMFO PA BOA YƐN MA YEDI YEHOWA NOKWARE BERE A YƐAHYIA SƆHWƐ
9. Ɔhaw bɛn na Daniel ne Hebrifo mmerante binom hyiae wɔ Babilon?
9 Bere a wɔsoaa Daniel ne Hebrifo mmerante binom kɔɔ obi man so no, sɔhwɛ a ɛtotoo wɔn wɔ hɔ no, na wɔnhyiaa bi da. Bere a wɔkoduu hɔ no, ankyɛ koraa na Babilonfo no hyɛɛ wɔn sɛ wɔnsua wɔn kasa ne wɔn amammerɛ. Afei nso, wɔtetee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asom wɔ ahemfie hɔ. Nanso na ntetee a wɔde bɛma wɔn no bɛsɔ wɔn gyidi ahwɛ.
10. Dɛn ne sɔhwɛ a edi kan a Yudafo mmerantewaa no hyiae?
10 Sɔhwɛ a edi kan a wɔhyiae no, anhwɛ a obi bɛka sɛ wei deɛ sɛ ɛnyɛ sɔhwɛ biara. Ɔhene no kaa sɛ, nnuane a odi no, ɛsɛ sɛ Daniel ne mmerante a aka no nso di bi. Ná nnuane no bi yɛ nnuane a Mose Mmara no abara. (Dan. 1:5, 8) Ná mmerante no pɛ a, anka wɔbɛka sɛ wɔyɛ nkoa, enti wɔrentumi nyɛ nea wɔpɛ biara, na wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn mmara no so adi nnuane no. Ebi nso a, anka wɔbetumi anya adwene sɛ, wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi ama ɔhene no adwa anaa ne bo afu. Dɛn na na wɔbɛyɛ?
11. Sɛn na Daniel ne ne nnamfo no boaa wɔn ho wɔn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Hebrifo mmerante a ɔhene no paw wɔn sɛ wɔntete wɔn no, wɔn mu nnan pɛ na ɛdii nokware maa Yehowa. Wɔn ne Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abednego. Nnamfo nnan yi boaa wɔn ho wɔn ho ma wɔtumi ko tiaa sɔhwɛ na wɔdii Yehowa nokware. Wɔsii wɔn bo poo ɔhene nnuane no de kyerɛe sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo. Nea wɔyɛe no nti, Yehowa nso hyiraa wɔn.—Dan. 1:6- 12, 17.
Daniel ne ne nnamfo no boaa wɔn ho wɔn ho ma wɔko tiaa sɔhwɛ, na wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware (Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Dɛn na ɛbɛboa mmerante ne mmabaa ama wɔatumi ako atia sɔhwɛ?
12 Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, ɛyɛ a nkurɔfo hyɛ wo sɛ yɛ biribi a wo ara wunim sɛ ɛnyɛ anaa? Daniel ne ne nnamfo no boaa wɔn ho wɔn ho, enti wɔtumi sii gyinae pa. Enti wo nso, wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbedi Yehowa nokware, na wɔatwe wɔn ho afi wiase no ho no, wɔn na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo. (1 Yoh. 2:15-17) Nnamfo pa betumi aboa wo ma woadi Yehowa nokware wɔ nneɛma nketenkete mu mpo, na ama Yehowa ahwie ne nhyira agu wo so. (Luka 16:10) Sɛ wudi nokware ma Yehowa wɔ nneɛma nketenkete mu a, sɛ daakye sɔhwɛ akɛse ba a, ɛbɛboa wo ma woadi nokware.
YEHYIA ƆHAW A ANI SÕSÕ A, NNAMFO PA BOA YƐN MA YETUMI DI SO
13. Sɔhwɛ a emu yɛ den bɛn na Daniel ne ne nnamfo no hyiae?
13 Yehyia ɔhaw a ani sõsõ anaa sɔhwɛ a emu yɛ den a, nnamfo pa boa yɛn ma yetumi di so. Yɛnhwɛ ɔhaw bi a Daniel ne ne nnamfo no hyiae bere a Ɔhene Nebukadnesar soo daeɛ bi a ɛmaa ne ho yeraa no no. Ná ɔpɛ sɛ ohu nea daeɛ no kyerɛ. Enti ɔkɔfrɛɛ akɔmfo ne nkonyaayifo ne asumanfo a ɛwɔ Babilon nyinaa bae. Sɛ́ anka ɔhene no bɛka daeɛ no akyerɛ wɔn, na wɔakyerɛ no ase no, wanyɛ saa oo. Mmom, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka daeɛ no nkyerɛ no, na wɔnsan nkyerɛ no ase. Wei deɛ, ɔdasani bɛn na na obetumi ayɛ? (Dan. 2:3, 9-11) Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔantumi anka daeɛ no na wɔankyerɛ ase a, ɛnneɛ na ɛnyɛ obi na ekum Antwi; obekunkum wɔn nyinaa. Ɛba saa a, na Daniel ne ne nnamfo no nso bewu, efisɛ na wɔka Babilon anyansafo no ho. Sɔhwɛ yi nyinaa mu no, dɛn na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no yɛe?
14. Dɛn na Daniel ne ne nnamfo no yɛ de boaa wɔn ho wɔn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Daniel kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, n’adaworoma, ɔmma no bere kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ no daeɛ no ase. Afei Daniel de nea asi no ho amanneɛ kɔbɔɔ ne nnamfo no. Bible ka sɛ: “Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum Daniel ne ne nnamfo no nka Babilon anyansafo a aka no ho.” (Dan. 2:18) Yehowa nso huu wɔn mmɔbɔ na otiee wɔn mpae no, enti oyii daeɛ no ne ne nkyerɛase adi kyerɛɛ Daniel. Wei nti, Daniel ne ne nnamfo no nyaa wɔn ti didii mu, na ɔhene no maa wɔn dibea a ɛkorɔn wɔ Babilon de hyɛɛ wɔn anuonyam.—Dan. 2:19, 47-49.
Bere a Daniel hyiaa ɔhaw kɛse bi no, sɛn na ne nnamfo no boaa no ma otumi dii so? (Hwɛ nkyekyɛm 14)
15. Dɛn na yesua fi Daniel ne ne nnamfo no asɛm no mu? (Galatifo 6:2)
15 Asuade pii wɔ saa asɛm no mu. Nea edi kan, sɛ worehyia sɔhwɛ bi a, wubetumi ahwehwɛ mmoa. Mma ahomaso anaa fɛreɛ nnsi wo kwan da. Nea ɛtɔ so mmienu, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma afoforɔ abɔ mpae ama wo. (2 Kor. 1:11) Afei nso kae sɛ, mpae a wobɔ ne nea afoforɔ bɔ ma wo no, Yehowa betumi abua ama ayɛ wo nwanwa. Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo,” enti sɛ yehyia ɔhaw na ani sõsõ sɛ dɛn mpo a, ɔbɛboa yɛn ma yɛatumi adi so. (Dw. 65:2; Efe. 3:20) Sɛ yɛfa nnamfo a wɔsom Yehowa, na sɛ yehyia ɔhaw anaa sɔhwɛ bi wɔ abrabɔ mu a, wɔbetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano.—Kenkan Galatifo 6:2.
ADAMFO A ƆSEN BIARA A OBETUMI ABOA YƐN WƆ TEBEA BIARA MU
16. Bere a Daniel bɔɔ akwakora no, sɔhwɛ bɛn na ohyiae?
16 Sɛ yɛkɔ sɔhwɛ bi mu, na ɛka yɛn nko, na yɛto yɛn ani na ɛntɔ obiara anim a, Yehowa ne adamfo a ɔsen biara a obetumi aboa yɛn. Bere a Daniel bɔɔ akwakora a na wadi bɛyɛ mfeɛ 90 no, Mediafo ne Persiafo bɛko faa Babilon, na ɛmaa Ɔhene Dario bedii Babilon so. Ná ebinom a wɔwɔ ahemfie hɔ no ani bere dibea a na Daniel wɔ no, enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbekum no. Wɔdaadaa ɔhene no ma ɔhyɛɛ mmara sɛ, sɛ obi sian ɔhene no ho kobisa nyame foforɔ biara hɔ mmoa a, wato mmara. Daniel amma mmara a wɔhyɛe no ansi no kwan sɛ ɔbɛkɔ so abɔ Yehowa mpae, enti wɔkɔtoo no too gyata amena mu. Ɛhɔ deɛ, na n’adamfo biara nni hɔ a ɔbɛboa no, enti na aka ɔno nko ara. Nanso wohwɛ a, na ɛyɛ ampa sɛ aka ɔno nko ara?—Dan. 6:4-16.
17. Sɛnea Daniel 6:19-23 kyerɛ no, ayɔnkofa a emu yɛ den a na ɛda Yehowa ne Daniel ntam no, sɛn na ɛboaa Daniel?
17 Daniel ti 6 nkyekyɛm 19-23 ma yehu anwanwakwan a Yehowa faa so twitwa gyee Daniel. (Kenkan.) Bere a atamfo de no kɔtoo gyata amena no mu no, Yehowa somaa ne bɔfo ma ɔkɔbɔɔ ne ho ban. Adeɛ kyee a ɔhene no kɔɔ gyata amena no ho no, Daniel ka kyerɛɛ no sɛ: “Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ama wabemuamua agyata no ano, . . . efisɛ wahu sɛ midi bem wɔ n’anim.” Ampa, Yehowa kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi paa, na ɔno ne Adamfo a ɔsen biara! (Dan. 6:22) Ná Daniel wɔ Yehowa mu gyidi paa, enti bere a na ne nkwa da asiane mu no, Yehowa nso twitwaa gyee no.
18. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛfa Yehowa adamfo, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? (Hwɛ mfoni no ne adaka yɛato din “Yehowa Yɛ Yɛn Agya, Yɛn Nyankopɔn, Ne Yɛn Adamfo” no nso.)
18 Yɛn nso, biribi betumi asi ama aka yɛn nko ara wɔ baabi anaa yɛne yɛn nnamfo ntam atete. Ebia asafo dwumadi bi bɛma yɛakɔdi baabi, anaa ɛho behia sɛ yetu kɔ baabi foforɔ. Ebi nso a yare bi na abɛsoɛ yɛn so, anaa yɛn gyidi nti wɔakyere yɛn akɔto afiase. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, ɛho hia sɛ yɛkae paa sɛ, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa nnamfo nti, ɔrentwe ne ho mfi yɛn ho da. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, baabi a yɛakodi biara, ɔbɛbɔ yɛn ho ban na wahwɛ yɛn so. (Dw. 139:7-10) Enti nya gyidi sɛ, tokuro biara a wohyɛ mu no, Yehowa hu wo, na ɔbɛboa wo.
Wohwɛ a, ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn nnamfo yɛ ankonam? (Hwɛ nkyekyɛm 18)
NNAMFO A YƐNE WƆN NTAM RENTETE DA
19. Adɛn nti na saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yenya nnamfo pa? (1 Tesalonikafo 5:2, 11)
19 Nnamfo pa deɛ, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho nya bi. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ma yehu sɛ, awieɛ mmere yi mu deɛ, wɔnka yɛn ho a ɛrenyɛ yie. Wɔboa yɛn ma yesisi gyinae pa, na wɔhyɛ yɛn nkuran nso. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:2, 11.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ, yɛnnodɔ yɛn ho denneennen efisɛ, “ade nyinaa awiei abɛn.”—1 Pet. 4:7, 8.
20. Sɛ yɛrepɛ nnamfo pa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ, na sɛ yenya bi a mfaso bɛn na yebenya?
20 Nnamfo pa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, na saa bere yi paa na yehia wɔn. Enti suasua Daniel na fa nnamfo. Wɔn a wɔwɔ w’asafo mu a wɔte sɛ Yeremia a wɔbetumi ahyɛ wo nkuran, na wɔama wo akwankyerɛ no, wɔn na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo. Ɛsɛ sɛ wo nnamfo yɛ wɔn a wɔbɛboa wo ma woakɔ so adi Yehowa nokware. Sɛ ɔhaw bi na worehyia a, mfɛre sɛ wobɛma afoforɔ abɔ mpae ama wo. Nanso kae sɛ, Yehowa paa ne adamfo a ɔsen biara; ɔrennane n’akyi nkyerɛ wo da. (Heb. 13:5) Yehowa bɛboa yɛn ama yɛako atia sɔhwɛ biara a yebehyia, na waboa yɛn ama yɛanya nnamfo a yɛne wɔn ntam rentete da.
DWOM 161 Mede Anigye Na Ɛyɛ W’apɛde
a Ɛwom sɛ yɛtaa de tworɔnsɛm yi ka aware ho asɛm, nanso nea ɛfa ho paa yɛ mfaso a ɛwɔ adamfofa so.