Wukuda, March 8
Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.—Mat. 6:11.
Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsrɛ ‘yɛn aduane,’ na ɛnyɛ ‘m’aduane.’ Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Afrika a wɔfrɛ no Victor ka sɛ: “Metaa da Yehowa ase paa sɛ me ne me yere nhaw yɛn ho nnwene aduane a yɛbɛdi ho, na saa ara nso na yɛnnwene nea ɛbɛyɛ a yɛbɛtua yɛn dan ka ho. Yɛn nuanom hwɛ yɛn daa. Nanso mebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn a wɔhwɛ yɛn no ma wɔn sikasɛm nkɔ yie.” Yɛn deɛ ebia yɛwɔ aduane pii a yɛbɛdi nanso yɛn nuanom pii di hia. Afei nso, atoyerɛnkyɛm ato ebinom. Yɛbɛtumi abɔ mpae ama wɔn na yɛasan nso ayɛ biribi aboa wɔn. Ebi ne sɛ, yɛbɛtumi ne wɔn akyɛ nea yɛwɔ. Yɛbɛtumi nso ayi ntoboa daa de aboa adwuma a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ no. Yɛnim sɛ ntoboa a yɛyi no boa yɛn nuanom a wɔhia mmoa no.—1 Yoh. 3:17. w15 6/15 5:4-6
March 6-12
YEREMIA 1-4
Dwom 23 ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Midi W’akyi, na Megye Wo”: (Simma 10)
[Yi video a yɛato din Yeremia Nhoma no Nnianim Nsɛm.]
Yer 1:6—Bere a Yehowa de adwuma foforo maa Yeremia no, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ (w11 3/15 29 ¶4)
Yer 1:7-10, 17-19—Yehowa maa Yeremia awerɛhyem sɛ ɔbɛhyɛ no den na waboa no (w05 12/15 23 ¶18; jr 88 ¶14-15)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Yer 2:13, 18—Bɔne mmienu bɛn na Israelfo a wɔanni nokware no yɛe? (w07 3/15 10 ¶1)
Yer 4:10—Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘daadaa’ ne nkurɔfo no? (w07 3/15 9 ¶4)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ma mihu fa Yehowa ho?
Nnawɔtwe yi Bible akenkan mu asɛm bɛn na metumi de akɔ asɛnka?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Yer 4:1-10
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Siesie Nsɛm a Wode Bɛyɛ Adwuma Bosome Yi: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Egyina “Nsɛm a Yebetumi Aka” de nhoma ama video no so. Wuyi ebiara wie a, munsusuw nsɛntitiriw no ho.
KRISTOFO ABRABƆ
Nneɛma a Asafo no Atumi Ayɛ: (Simma 7) Video a yɛato din Nneɛma a Asafo no Atumi Ayɛ no, munyi March de no.
Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa no March 18: (Simma 8) Ɔkasa. Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛma. Egyina February 2016 Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Nhoma no kratafa 8 so. Ma obiara Nkaedi nsato krataa no bi, na munsusuw emu nsɛm no ho. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛkyekyɛ nsato krataa no wɔ mo asasesin mu.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) kr ti 9 ¶10-15, nsɛm a wɔahyehyɛ, “Bible Adesua Ahorow Nkɔanim,” ne nnaka “Yehowa na Ɔma Ɛyɛɛ Yiye” ne “Sɛnea ‘Nea Osua’ no Adan ‘Ɔman Kɛse’”
Ntĩmu ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 74 ne Mpaebɔ