-
Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase NyinaaƆwɛn-Aban—1983 | June 1
-
-
“[Yehowa], woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.”—YESAIA 26:15.
-
-
Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase NyinaaƆwɛn-Aban—1983 | June 1
-
-
2. Dɛn nti na “ɔman” yi di ahurusi?
2 Nea ɛne nkɔmhyɛ dwom a ɛwɔ Yesaia 26:1-6 hyia no, ɔman a wɔawo no foforo no mufo ahyɛn apon akɛse a wɔabue mu na wɔrebɛn “Bepɔw Sion ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem.” (Hebrifo 12:22) Saa Ahenni adedifo yi de anigye tie nsɛm a ɛwɔ dwom no mu no, sɛ: “Momfa mo ho nto [Yehowa] so daa daa, efisɛ Yah [Yehowa] ne daa botan.” Yehowa ‘ama ɔman no adɔ,’ ma adu ne mayɛ, na saa ɔman kronkron yi mufo yi Yehowa ayɛ sɛ wɔn “Botan” ne wɔn “Hene,” a na wɔwɔ ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na wama n’atirimpɔw ahorow a ɛso nni no nyinaa abam.—Yesaia 26:15; 25:8.
3. Ɔkwan foforo bɛn so nso na wɔahyɛ Yehowa anuonyam?
3 Mfe kakraa yi mu no Yehowa ‘atrɛw’ ne teokrase asase no ‘ahye mu’ bio. Wayɛ eyi na ama ‘nneɛma pa’ a ɛwɔ wiase aman horow no nyinaa mu—“nnipakuw kɛse” a wɔba bɛyɛ ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no mufo—no anya baabi atra. Eyinom ‘de anuonyam hyɛ ofi no ma,’ bere a wɔn nso wodi ne din ne Ahenni no ho adanse no.—Hagai 2:7; Adiyisɛm 7:9, 15.
-