Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Henok Wansuro Tebea Bɔne Biara a Ohyiae
    Ɔwɛn-Aban—1997 | January 15
    • Onyankopɔn Faa Henok Kɔe—Ɔkwan Bɛn So?

      Yehowa amma Satan anaa n’asase so asomfo kwan amma wɔankum Henok. Mmom no, kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Onyankopɔn faa no kɔe.” (Genesis 5:24) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ nsɛm mu saa kwan yi so sɛ: “Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu; na wɔanhu no, sɛ Onyankopɔn abɛfa no kɔ ntia; na ansa na wɔfaa no kɔe no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.”—Hebrifo 11:5.

      Ɔkwan bɛn so na ‘wɔfaa Henok kɔe a wanhu owu’? Anaa sɛnea nkyerɛase a R. A. Knox yɛe de ba no, ɔkwan bɛn so na “wɔfaa” Henok “kɔe a wanwu”? Onyankopɔn twaa Henok nkwa so asomdwoe mu, na ogyee no fii owu nwowɔe a efi ɔyare anaasɛ nsɛmmɔnedi a efi n’atamfo hɔ no mu. Yiw, Yehowa twaa Henok nkwa so bere a na wadi mfirihyia 365 no—sɛ wɔde no toto ne bere sofo ho a, na onnyinii koraa.

      Ɔkwan bɛn so na Henok ‘nyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani’? Adanse bɛn na onyae? Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn hwim Henok te sɛ nea ‘wohwim’ ɔsomafo Paulo anaasɛ wɔfaa no kɔɔ baabi foforo, a ɛda adi sɛ onyaa Kristofo asafo no daakye honhom mu paradise ho anisoadehu no ara pɛ. (2 Korintofo 12:3, 4) Adanse anaa nea ɛkyerɛ sɛ na Henok sɔ Onyankopɔn ani no betumi akyerɛ daakye asase so Paradise a wɔn a wɔte mu nyinaa begyina Onyankopɔn tumidi akyi no ho anisoadehu. Gyama bere a na Henok wɔ ohwim tebea mu no na Onyankopɔn maa no wui a wante yaw sɛ ɔnna nkosi bere a obenya owusɔre. Sɛnea na ɛte wɔ Mose fam no, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa de Henok amu siei, efisɛ “wɔanhu no.”—Hebrifo 11:5; Deuteronomium 34:5, 6; Yuda 9.

  • Henok Wansuro Tebea Bɔne Biara a Ohyiae
    Ɔwɛn-Aban—1997 | January 15
    • So Henok Kɔɔ Soro?

      “Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu.” Sɛ Bible nkyerɛase ahorow bi rekyerɛ Hebrifo 11:5 no fã yi ase a, wɔkyerɛ sɛ Henok anwu ankasa. Sɛ nhwɛso no, A New Translation of the Bible a James Moffatt yɛe no ka sɛ: Gyidi nti na wɔfaa Henok kɔɔ soro a wanwu da.”

      Nanso, Henok wu akyi bɛyɛ mfe 3,000 no, Yesu Kristo kae sɛ: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba a ɔwɔ soro no.” (Yohane 3:13) The New English Bible no kenkan sɛ: “Obiara nkɔɔ soro pɛn, gye nea ofi ɔsoro bae no, Onipa Ba no.” Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na ɔno mpo mforo nkɔɔ soro.—Fa toto Luka 7:28 ho.

      Ɔsomafo Paulo ka sɛ, Henok ne afoforo a wɔbom yɛ adansofo mununkum a wɔtraa ase ansa na Kristofo bere reba nyinaa ‘wuwui’ a “wɔn nsa anka bɔhyɛ no.” (Hebrifo 11:13, 39) Dɛn ntia? Efisɛ adesamma nyinaa a Henok ka ho, anya bɔne afi Adam mu. (Dwom 51:5; Romafo 5:12) Nkwagye nam Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no nkutoo so. (Asomafo no Nnwuma 4:12; 1 Yohane 2:1, 2) Henok bere so no, na wonnya ntuaa saa agyede no. Enti, Henok ankɔ soro, na mmom, wada wɔ owu mu retwɛn owusɔre wɔ asase so.—Yohane 5:28, 29.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena