Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mesia No Ba A Waba Ne Ne Nniso
    Ɔwɛn-Aban—1992 | October 1
    • Sɛnea Kristo San Ba

      3. Dɛn na nnipa pii gye di wɔ Kristo sanba no ho?

      3 Sɛnea nhoma An Evangelical Christology kyerɛ no, “Kristo mmae a ɛto so abien anaa ne sanba (parousia) no ma awiei koraa no, wɔde Onyankopɔn Ahenni no si hɔ, da no adi pefee, afebɔɔ.” Nnipa pii gye di sɛ Kristo sanba no bɛyɛ nea wohu pefee, nea obiara a ɔwɔ okyinsoroma no so behu ankasa. Nnipa pii twe adwene kɔ Adiyisɛm 1:7 so de gyina saa adwene yi akyi, nea ɛkenkan sɛ: “Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no no.” Nanso so ɛsɛ sɛ yɛte nkyekyem yi ase sɛnea ɛte no ara?

      4, 5. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛfa asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 1:7 no paara? (b) Ɔkwan bɛn so Yesu ankasa nsɛm a ɔkae kyerɛ sɛ ntease yi yɛ nokware?

      4 Kae sɛ, wɔde Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm mae “wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.” (Adiyisɛm 1:1, New World Translation) Ɛnde, ɛsɛ sɛ asɛm yi kyerɛ biribi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so; efisɛ ɛbɛyɛ dɛn na “wɔn a wɔwɔɔ no no” ahu Kristo sɛ ɔresan aba? Wɔawu bɛyɛ nea ɛreyɛ adu mfehaha 20 ni! Bio nso, abɔfo no kae sɛ sɛnea Kristo kɔe no, “ɔbɛba saa ara.” Wiɛ, ɔkwan bɛn so na ɔkɔe? So ɔrekɔ no na nnipa ɔpepem pii rehwɛ? Dabi, anokwafo kakraa bi pɛ na wohui. Na bere a abɔfo no ne wɔn kasae no, so na asomafo no rehwɛ sɛnea Kristo rekɔ no ankasa kosii sɛ okoduu ɔsoro? Dabi, na omununkum bi akata Yesu ho ma enti wonhu no. Ɛno akyi bere bi no, ɛbɛyɛ sɛ ɔhyɛn ɔsoro atrae hɔ sɛ honhom abɔde, a onipa aniwa ntumi nhu no. (1 Korintofo 15:50) Enti, asomafo no anhu nea ɛtra Yesu sorokɔ no mfiase; wɔantumi anhwɛ sɛnea ekowiei, sɛnea ɔsan kɔɔ n’Agya Yehowa anim wɔ soro no. Ná wɔde wɔn gyidi ani nkutoo na ebetumi ahu eyi.​—Yohane 20:17.

      5 Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu san ba wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Yesu ankasa kae bere tiaa bi ansa na ɔrewu sɛ: “Aka kakraa na wiase nhu me bio.” (Yohane 14:19) Ɔkae nso sɛ “Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae.” (Luka 17:20) Ɛnde, ntease bɛn mu na ‘aniwa nyinaa behu no’? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua ɛno no, ehia sɛ yedi kan nya asɛmfua a Yesu ne n’akyidifo no de dii dwuma de kaa ne sanba ho asɛm no ho ntease a emu da hɔ.

      6. (a) Dɛn nti na nsɛm te sɛ “sanba,” “du a wabedu,” “ne ba,” ne “ba a ɔreba” no nyɛ ɔkwan pa a wɔfa so kyerɛ Hela asɛmfua pa·rou·siʹa ase? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ pa·rou·siʹa anaa “ba a waba” no kyɛ sen biribi a esi wɔ bere tiaa bi mu ara kwa no?

      6 Nokwasɛm no ne sɛ, Kristo yɛ nea ɛsen “ba a ɔsan ba” ara kwa koraa. Saa asɛm no, te sɛ “sanba,” “du a wabedu,” anaa “ne ba” no, kyerɛ biribi a esi wɔ bere tiaa bi mu. Nanso Hela asɛmfua a Yesu ne n’akyidifo no de dii dwuma no kyerɛ pii sen saa. Asɛmfua no ne pa·rou·siʹa, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɛ ɔwɔ hɔ” anaa “ba a waba.” Nhomanimfo pii gye tom sɛ saa asɛm yi mfa du a obi abedu ho nko na mmom ɛfa ne ba a waba nso ho​—te sɛ nea ɔdehye bi kɔ Ɔman bi mu nsrahwɛ no. Saa wɔ a ɔwɔ hɔ no nyɛ bere tiaa mu adeyɛ; ɛyɛ bere titiriw bi, bere bi a wɔahyɛ no agyirae. Yesu kae wɔ Mateo 24:37-39, NW, sɛ “onipa Ba no ba a waba [pa·rou·siʹa]” no bɛyɛ sɛ “Noa nna no” a ekowiee Nsuyiri no mu no. Noa pam adaka na ɔbɔɔ abɔnefo kɔkɔ mfe dudu pii ansa na Nsuyiri no ba bɛsɛee saa wiase nhyehyɛe a na aporɔw no fii hɔ. Ɛnde, saa ara na Kristo ba a waba a aniwa nhu no bɛkɔ so mfe dudu bi ansa na ɛno nso akowie ɔsɛe kɛse bi mu.

      7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ pa·rou·siʹa no nyɛ nea nnipa de wɔn ani hu? (b) Ɔkwan bɛn so na bere bɛn na kyerɛwnsɛm a ɛka Kristo sanba ho asɛm sɛ “aniwa nyinaa” behu no no bɛbam?

      7 Akyinnye biara nni ho sɛ, pa·rou·siʹa no nyɛ nea nnipa de wɔn ani ankasa hu. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na anka Yesu begye bere pii, sɛnea yebehu no, de ama n’akyidifo no sɛnkyerɛnne a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu saa ba a waba no?”a Nanso, sɛ Kristo ba bɛsɛe Satan wiase nhyehyɛe no a, nokwasɛm a ɛne ne ba a waba no bɛda adi koraa ma obiara ahu. Ɛno na afei “aniwa nyinaa behu no.” Yesu atamfo mpo betumi ahu ma ayɛ wɔn ahodwiriw sɛ Kristo redi tumi ampa.​—Hwɛ Mateo 24:30; 2 Tesalonikafo 2:8; Adiyisɛm 1:5, 6.

  • Mesia No Ba A Waba Ne Ne Nniso
    Ɔwɛn-Aban—1992 | October 1
    • a Wɔ 1864 mu no, nyamekyerɛfo R. Govett kaa ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea akyinnye biara nni eyi ho ma me. Ba a waba ho sɛnkyerɛnne a ɔde ma no kyerɛ sɛ ɛyɛ kokoam ade. Yenhia sɛnkyerɛnne a ɛbɛma yɛahu sɛ biribi a yɛn ani tua aba.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena