Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 October kr. 2-5
  • 1926—Mfe Ɔha a Atwam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1926—Mfe Ɔha a Atwam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆYII NWOMA FOFORƆ ADI, NA SƐNEA WƆYƐ ASAFO NHYIAM NSO WƆYƐƐ MU NSAKRAE
  • WƆYƐƐ NHYIAM AHOROƆ, NA WƆHYƐƐ ANUANOM NKURAN SƐ WƆNYERE WƆN HO NYƐ ASƐNKA ADWUMA NO
  • WƆKƆKAA ASƐMPA NO WƆ INDIA
  • AHWƐFO AKWANTUFO DII ASƐNKA ADWUMA NO ANIM
  • NHYIAM BI A YƐYƐE WƆ NEW YORK CITY
  • WƆSII DAN BI WƆ 117 ADAMS STREET
  • ‘Ɔkoo Ɔko pa No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • 1922—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • 1919—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • 1920—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 October kr. 2-5
Alexandra Palace mfoni bi a wɔtwaa no tete.

Alexandra Palace a ɛwɔ London

1926​—Mfe Ɔha a Atwam

ƆWƐN-ABAN a ɛbaa January 1, 1926 kaa sɛ, “ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn bɛma obiara ahu sɛ ɔno ne Otumfoɔ no.” Ɛsan kaa sɛ, “Onyankopɔn beyi nnipa bi ama wɔadi ne ho adanse.”

Afe 1926 mu no, Yehowa nam Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no ti so maa Kristofo no huu pefee sɛ, asɛnka adwuma no na ɛsɛ sɛ wɔde di kan wɔ wɔn asetena mu. Ɛno nti, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛɛ nwoma afoforɔ, na ɔkwan a na wɔfa so yɛ asafo nhyiam nso, wɔyɛɛ mu nsakrae. Afei nso, wɔmaa anuanom huu nea wɔyɛ a ɛbɛkyerɛ paa sɛ wɔyɛ Kristofo. (Mat. 24:45) Adan a na wɔbɛyɛ mu adwuma, ne mfidie a wɔde betintim nwoma ahoroɔ na ama wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no nso, Kristo boaa wɔn maa wɔn nsa kae.

WƆYII NWOMA FOFORƆ ADI, NA SƐNEA WƆYƐ ASAFO NHYIAM NSO WƆYƐƐ MU NSAKRAE

April mu no, The Golden Age a seesei yɛfrɛ no Nyan! no de too dwa sɛ, wɔayi nwoma foforɔ a yɛfrɛ no Deliverance adi. Ná ɛno na ɛbɛba abesi Studies in the Scriptures nwoma no ananmu wɔ asɛnka adwuma no mu. Nea ɛbɛyɛ na anuanom anya nwoma no dodoɔ a wɔhia de akɔ asɛnka no, anuanom a wɔwɔ Betel no tɔɔ afidie a wɔde tintim nwoma foforɔ, na na etumi tintim nwoma 22 wɔ simma baako ntam. Obiara a na Bible Asuafo no bedi no adanse no, sɛ ɛbɛyɛ yie a, na wɔma no nwoma no bi.

Nwoma bluu bi a yɛato din “Deliverance.” Sɛ wohwɛ akyire a, wuhu sɛ asaase mfoni bi da hɔ, na nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a emu ate sensɛn ho.

Deliverance nwoma no

Mfe pii a abɛsen kɔ no, na Bible Asuafo no sua Studies in the Scriptures nwoma no wɔ adesua ase, nanso efi May 1926 no, wɔfii ase suaa Ɔwɛn-Aban no. Ɛboaa wɔn sɛn?

Little Bunker Hill asafo a ɛwɔ Illinois no tworɔɔ krataa bi kɔmaa Onua Rutherford. Wɔkaa sɛ: “Little Bunker Hill asafo no kyia wo. Sɛ edu Kwasiada a, nsɛm a Yehowa asafo no akyerɛ sɛ yensua no, ɛno na yesua. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ, sɛ hann foforɔ biara ba a, yɛn nyinaa hu no ntɛm wɔ Ɔwɛn-Aban no mu.”

“Hann foforɔ,” anaa nsakrae foforɔ a na ɛba no boaa Bible Asuafo no ma wɔde wɔn adwene sii asɛnka adwuma no so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Ɔwɛn-Aban adesua baako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛwom sɛ ɛfata sɛ yɛda suban pa adi, yɛne nkurɔfo di no yie, na yɛda obuo adi kyerɛ wɔn, nanso ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu adwuma a ɛho hia paa no so. Saa adesua asɛm no kaa sɛ: ‘Sɛ obi dɔ Awurade a, ɛsɛ sɛ odi ne mmara nsɛm so. Yehowa ka sɛ: Moyɛ m’adansefo, na mene mo Nyankopɔn. Sɛ obi yɛ Kristoni a, ɛsɛ sɛ ne ho pere no sɛ obedi Onyankopɔn ho adanse.’

Ɔwɛn-Aban adesua foforɔ nso sii so dua sɛ, nea nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa paa ne sɛ, wɔbefi wɔn koma nyinaa mu asom no. Saa adesua asɛm no hyɛɛ Bible Asuafo no nkuran sɛ, nsuo mu oo, awia mu oo, wɔnyere wɔn ho nka asɛmpa no nkyerɛ obiara.—Yes. 43:​10, 12; Mat. 24:14.

Nsakrae a wɔn a wɔdi nneɛma anim no de bae no, ankyɛ koraa na efii ase soo aba. Nnawɔtwe kakraa bi akyi no, wɔde krataa bi a asafo bi tworɔe baa Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 1926 no mu. Ɛkaa sɛ: “Ɔwɛn-Aban adesua mmienu a ɛbaa nnansa yi no, ahyɛ yɛn nkuran akyekye yɛn werɛ paa. Seesei yɛnkenkan Ɔwɛn-Aban no kɛkɛ, na mmom yesua.” Krataa no san kaa sɛ: “Seesei, sɛ yɛreyɛ adesua a, obiara pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mu, na ɛreboa yɛn asafo no paa.”

WƆYƐƐ NHYIAM AHOROƆ, NA WƆHYƐƐ ANUANOM NKURAN SƐ WƆNYERE WƆN HO NYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

May bosome no awieɛ no, Bible Asuafo bebree kɔɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ wɔ London a ɛwɔ England no bi. Saa bere no, na adwumayɛfo a wɔwɔ Britain nyinaa ate atua sɛ wɔrenkɔ adwuma, enti na ɛyɛ den sɛ wɔbenya adwumakuo bi ma wɔatintim nwoma ama wɔn. Ɛbaa saa no, anuanom a wɔwɔ Brooklyn Betel no de nnɔnhwere pii tintim nwomawa a wɔato din, The Standard for the People no 117,000 kaa nea na wɔatintim no ho. Wɔkyekyɛɛ nwomawa yi maa anuanom a wɔbaa London nhyiam no.

Memeneda May 29 no, wɔfii ase de nwomawa no kɔɔ asɛnka. Saa da no, asɛm a na wɔatworɔ wɔ nhyiam program no so no hyɛɛ anuanom nkuran sɛ: “Obiara a wabɔ asu a ɔwɔ nhyiam yi ase no, ɛsɛ sɛ ɔka Yesu ne n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Ɔkyena anɔpa, obiara mmɔ mmɔden nnu Alexandra Palace ntɛm, na anuanom a wɔwɔ hɔ no bɛkyerɛ mo nea monyɛ.”

Anuanom kyekyɛɛ nwomawa bɛboro 100,000. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 1926 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Anuanom ani gyee paa. Wɔtee nka sɛ wɔatie Yehowa aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo de akyerɛ sɛ wɔyɛ n’Adansefo.”

Ɛda a edi hɔ no, Onua Rutherford maa ɔkasa bi wɔ Royal Albert Hall. Ná n’asɛmti ne “Nea Enti a Wiase Atumfo No De Wɔn Ti Repempem—Nea Ebeyi Ɔhaw No Afi Hɔ.” Anni gyina, bere a wɔbuee pono no ara pɛ, nnipa 13,000 bɛhyɛɛ hɔ ma. Wɔn a wɔannya kwan wɔ asa no so no, wɔde speakers akɛse sisii abɔnten ma wɔtiee bi.

Royal Albert Hall mfoni bi a wɔtwaa no tete; wuhu sɛ nnipa pii rewura dan no mu.

Royal Albert Hall a ɛwɔ London

Onua Rutherford kasa no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, nea enti a wiase atumfoɔ no de wɔn ti repempem ne sɛ wɔapo Yehowa ne n’Ahenni no. Afei ɔkasa tiaa Amanaman Apam no, na ɔkaa sɛ ɛnkyɛ koraa n’akyi bɛyera.

WƆKƆKAA ASƐMPA NO WƆ INDIA

Bere a Onua Rutherford reyɛ nhyiam wɔ London no, ohyiaa ɔkwampaefo bi a ne din de Edwin Skinner. Ná ofi Sheffield a ɛwɔ England. Wɔwiee nhyiam no a ɔsan kɔɔ Sheffield no, Onua Rutherford ka kyerɛɛ no sɛ, ɔmmehu no wɔ London.

Onua Skinner kaa sɛ: “Ná esisi me so sɛ, ɔbɛka sɛ menkɔsom wɔ ɔman foforɔ so.” Onua Skinner toaa so sɛ: “Ade kyee no, mekɔɔ London. Merekɔ nyinaa na mayɛ m’adwene sɛ, sɛ ɔka sɛ menkɔsom wɔ ɔman foforɔ so a, merempopo me ti.” Ampa-ne-ampa ara okodui no, Onua Rutherford bisaa no sɛ: “ Sɛ yɛka sɛ kɔ India a, wobɛkɔ?” Edwin nso yii ano sɛ: “Da bɛn na mopɛ sɛ mekɔ?”

Edwin Skinner ne George Wright mmeranteberem.

George Wright (benkum) ne Edwin Skinner bere a na wɔresom wɔ India no

Nnawɔtwe mmiɛnsa akyi, wɔ July mu no, Edwin Skinner ne George Wright faa po so hyɛn kɔɔ India. Ná Onua Wright yɛ ɔsɛmpakafo a ɔno nso bɔ ne ho mmɔden. Onua Skinner kɔsom wɔ Betel, na ɔsom adwuma a na wɔyɛ wɔ ɔman no mu nyinaa, ɔno na na ɔhwɛ so. Adwuma na wɔyɛ wɔ Afghanistan, Burma (Myanmar), Ceylon (Sri Lanka), ne Persia (Iran) nyinaa nso, ɔno na na ɔhwɛ so. Onua Skinner tenaa India mfe 64 kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asaase so wɔ afe 1990 mu.

AHWƐFO AKWANTUFO DII ASƐNKA ADWUMA NO ANIM

Efi bɛyɛ afe 1894 reba no, na Yehowa asafo no soma n’ananmusifo ma wɔkɔsrasra Bible Asuafo no, te sɛ nea ɛnnɛ amansin so ahwɛfo yɛ no. Wɔ July 1926 mu no, sɛnea wɔyɛ wɔn adwuma no sesae. Kane no, na wɔde da koro na ɛyɛ, nanso afei deɛ na wɔde nnanu na ɛbɛkɔ akɔsra ekuo biara. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwere 100 kɔ asɛnka bosome biara.

George Draper

Onua George Draper a na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo no tworɔɔ krataa kɔmaa asafo no. Ɔkaa sɛ: “Yehowa asomfo te sɛ nkraman a wɔwɛn fie, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ ma wɔhu asiane a ɛreba. [Yes. 56:10] Ɔwɛn-Aban a yebesua no na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ saa, na ɛno na esi m’ani so.” Onua Draper wiee ne som adwuma wɔ asaase so wɔ afe 1938 mu.

NHYIAM BI A YƐYƐE WƆ NEW YORK CITY

Nhyiam kɛse a etwa to a yɛyɛe wɔ afe no mu no, yɛyɛɛ no October 14-18, 1926, wɔ New York City. Ná Onua Rutherford bɛma ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Ɔko Kɛse Bi a Ɛreba Wiase Nyinaa Abɛn.” Nwumakuo a ɛtworɔ atesɛm nkrataa gye toom sɛ wɔbɛbɔ Onua Rutherford kasa no ho dawuro. Nanso, aka kakra ama bere no aso no, wɔn mu pii a wɔagye din twee wɔn ho.

Atesɛm krataa bi; ɛrebɔ Onua Rutherford kasa a na ɔbɛma wɔ Madison Square Garden no ho dawuro. Onua Rutherford mfoni, ne baabi a na wɔbɛyɛ nhyiam no da atesɛm krataa no akyi.

Atesɛm krataa bi; ɛrebɔ Onua Rutherford kasa a n’asɛmti ne “Ɔko Kɛse Bi a Ɛreba Wiase Nyinaa Abɛn” no ho dawuro

Nea nwumakuo a ɛtworɔ atesɛm nkrataa no yɛe no, anuanom yɛɛ sɛ wɔbɛma amanfo ate ho asɛm. Fiada, October 15 no, Onua R. J. Martin yii kratawa foforɔ a yɛato din Against the People adi. Ná ne botae ne sɛ, ɛbɛpa nea nwumakuo no ayɛ no ho ntama, na abɔ Onua Rutherford kasa no ho dawuro. Onua Martin kaa sɛ: “Yɛafi ase de yɛn ara yɛn mfidie retintim yɛn nwoma. Yɛn nuanom a ɛwɔ Betel no bɛyɛ adwumaden awia ne anadwo akosi sɛ wɔbetintim kratawa no 1,250,000, na yɛbɛma anuanom a ɛwɔ nhyiam yi ase no akɔkyekyɛ ama nkurɔfo.” Bere a wɔwiee nhyiam no Fiada no, anuanom fii ase kyekyɛɛ nkratawa no. Eduu anwummere no, na wɔakyekyɛ nkratawa no 300,000.

Memeneda ne Kwasiada nso, wɔkyekyɛɛ pii kaa ho, na dodoɔ a wɔkyekyɛe no koduu 1,000,000. Ɛno da nkyɛn a, anuanom yeree wɔn ho kyekyɛɛ Deliverance nwoma no 3,783, na wɔkyekyɛɛ nwomawa nso 35,140.

Nhyiam kɛse bi rekɔ so, na onua bi gyina nnipadɔm no mfinimfini rema ɔkasa.

Nhyiam a wɔyɛɛ no October 1926 wɔ Madison Square Garden a ɛwɔ New York

Kwasiada, October 17, bere a ɛbɔɔ awia nnɔn mmiɛnsa no, nnipa bɛyɛ 12,000 betiee Onua Rutherford kasa no bi. Bere a ɔmaa kasa no wiei no, wɔn a wɔn ani gyee ho no bisabisaa nsɛm pii. Saa nhyiam a wɔyɛe no, wɔkyekyɛɛ nwoma bɛboro 9,000; ebesi saa bere no, na wɔnyɛɛ nhyiam bi nkyekyɛɛ nwoma bebree saa da.

WƆSII DAN BI WƆ 117 ADAMS STREET

Aborosan kɛse bi a ɛtoa so nwɔtwe a mpomma akɛse wowɔ ho nyinaa.

Baabi a na wɔtintim nwoma a wɔsii wɔ 117 Adams Street a ɛwɔ Brooklyn, New York

Esiane sɛ na nnipa pii pɛ yɛn nwoma no bi nti, anuanom a wɔwɔ Brooklyn a wɔdi nneɛma anim no hui sɛ, baabi a yetintim nwoma no, ɛsɛ sɛ yɛtrɛ mu. Mfeɛ pii a abɛsen kɔ no, na wɔahan dan bi wɔ 18 Concord Street; ɛhɔ na na wɔtintim nwoma. Nanso, esiane sɛ na adwuma no mu retrɛ nti, na ɛhɔ abɛyɛ ketewa. Enti anuanom kɔtɔɔ asaase bi wɔ Adams Street; ná ɛbɛn baabi a wɔwɔ dada no, na wɔfii ase sii aborosan kɛse bi a ɛtoa so nwɔtwe wɔ so. Afei deɛ, na wɔbenya baabi a ɛso a wɔbetumi de atintim nwoma.

Ɛdan a na wɔresi wɔ 117 Adams Street no, na wɔbefi ase ayɛ adwuma wɔ mu afe 1927. Ná ɛbɛboa anuanom ama wɔasiesie wɔn ho ama nkɔanim a na ɛreba no. Afe 1927 mu no, nnipa pii baa asafo no mu, na Yehowa kɔɔ so siesiee wɔn tee wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a afe 1931 mu no, wɔbetumi afrɛ wɔn Yehowa Adansefo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena