DECEMBER 28, 2026–JANUARY 3, 2027
DWOM 162 N’Asɛm No Bɛyɛ M’aduane
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa
‘Wɔgyee asɛm no, na na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye da biara.’—ASO. 17:11.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ daa asɛm da biara, ne akwan a yɛbɛfa so ayɛ no.
1-2. (a) Nwoma bɛn na Yehowa asafo no yɛe a ɛmaa anuanom nyaa tworɔnsɛm bi a na wɔtumi susu ho da biara? (b) Ɛnnɛ, ɛhe na yebetumi anya daa asɛm no?
AFE 1905 mu no, Yehowa asafo no tintim nwoma bi a yɛato din Ɔsoro Mana a Wɔde Ma Gyidi Fiefo Da Biara. Wɔtintim no wɔ kasa pii mu. Wɔde tworɔnsɛm ahoroɔ ne Zion’s Watch Tower no mu nsɛm na ɛyɛɛ nwoma yi. Wei maa anuanom nyaa tworɔnsɛm bi, ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a wɔbɛkenkan no da biara. Yehowa nkurɔfo de saa nwoma koro yi ara dii dwuma kosii afe 1927 mu a wɔansesa emu nsɛm. Efi saa bere no rekɔ no, wɔde daa asɛm no mu nsɛm baa Year Book no mu.a Ɛno boaa anuanom ma wɔnyaa tworɔnsɛm pii ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ tworɔnsɛm no mu susuu ho.
2 Afe 1986 mu no, tworɔnsɛm a anuanom besusu ho ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no, asafo no fii ase tintim no wɔ nwomawa bi mu. Wɔtoo din Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa. Seesei, yetintim saa nwomawa yi wɔ kasa bɛboro 300 mu. Afei nso, ɛwɔ JW Library® app, Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA™ (wol.jw.org), ne Watchtower Library so.
3. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ daa asɛm no da biara, na nsɛmmisa bɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?
3 Esiane sɛ yenni adaagye nti, yɛn mu bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ daa asɛm da biara. Ɛno nti, momma yensusu nsɛmmisa mmiɛnsa bi ho. Nea edi kan, Bible mu nhwɛso bɛn na ebetumi akanyan yɛn ama yɛayɛ daa asɛm da biara? Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ yɛyɛ daa asɛm a, ɛboa yɛn sɛn? Nea etwa toɔ, nyansahyɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn daa asɛm a yɛyɛ no atu mpɔn?
BIBLE MU NHWƐSO A ƐHYƐ NKURAN
4. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ Beroiafo no, dɛn na wɔyɛe? (Asomafo Nnwuma 17:10, 11)
4 Tworɔnsɛm a adesua yi gyina so no, ɛma yehu nea Yudafo bi a na wɔte Makedonia kuro Beroia mu yɛe bere a ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ wɔn no. (Kenkan Asomafo Nnwuma 17:10, 11.) Beroiafo a na wɔretie ɔsomafo Paul no, na wɔayɛ krado sɛ nea ɔbɛka biara wɔbetie. Ɛno nti, Bible kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ “adwempa” na “wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no.” Nea Paul kyerɛkyerɛɛ wɔn no, wɔde totoo nea Tworɔnsɛm no ka ho, na wɔhui sɛ ɛyɛ nokware. Sɛ yɛretie ɔkasa wɔ adesua anaa nhyiam ase a, biribi saa na yɛyɛ. Sɛ ɔkasafo no rekenkan Bible no a, yɛhwɛ yɛn deɛ mu di akyire. Ɛno ma yehu sɛ nea ɔkasafo no reka no yɛ nokware.
5. Tworɔnsɛm no a na Beroiafo no hwehwɛ mu da biara no, ɛboaa wɔn sɛn?
5 Beroiafo no mu “pii bɛyɛɛ gyidifo.” (Aso. 17:12) Nanso na ɔhaw bi rebobɔ ba. Yudafo bi fi Tesalonika baa Beroia bɛkekaa ɔsomafo Paul ho nsɛmmɔne, na ɛmaa ɔmanfo no sɔre tiaa Beroiafo a afei na wɔabɛyɛ Kristofo no. (Aso. 17:13) Nanso ɛno ammɔ wɔn hu koraa. Tworɔnsɛm no a na wɔhwehwɛ mu daa nti, na wɔgye di paa sɛ wɔahu nokware no. Wei amma wɔn gyidi anhinhim. Yɛn nso, sɛ yɛhwehwɛ Tworɔnsɛm no mu daa a, ɛbɛboa yɛn ma sɔhwɛ a yebehyia biara no, yɛatumi agyina ano.
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ DAA ASƐM DA BIARA?
6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ daa asɛm da biara? (Hwɛ adaka a yɛato din, “Bible Mu Nhwɛso a Ɛma Yehu Nea Na Ebinom Yɛ De Som Yehowa Da Biara” no.)
6 Yɛyɛ daa asɛm da biara de kyerɛ Yehowa sɛ yɛdɔ no, na ne som ho hia yɛn. Yehowa ne yɛn Nyankopɔn, enti ɛho hia paa sɛ yɛsom no. Ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yenya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Nhwɛso ahoroɔ a ɛwɔ Bible mu ma yehu sɛ, sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma ne koma tɔ ne yam. Anuanom pii ahu sɛ, sɛ wɔyɛ daa asɛm ansa na wɔakɔ wɔn nnwuma so a, ɛma wɔnya kwan bɔ mpae, kenkan Bible no na wɔnya bere dwendwen ho.
7-8. Ade foforɔ bɛn nti na da biara ɛsɛ sɛ yɛyɛ daa asɛm? (Efesofo 5:15, 16)
7 Yɛyɛ daa asɛm da biara de kyerɛ sɛ, yɛde yɛn bere di dwuma yie. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Ɛyɛ sɛ da biara yɛbɛpɛ bere kakra de asua Yehowa ho adeɛ, na yɛahwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ.
8 Yɛyɛ daa asɛm da biara a, ɔhaw a yehyia no da no mu no, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ano. Yesu kaa sɛ, ɛda biara wɔ ‘ne haw.’ (Mat. 6:34) N’asɛm no yɛ nokware; da biara yehyia ɔhaw pii. Nanso baabi a saa asɛm no wɔ no ara, Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ, nea yɛrefa mu biara Yehowa ani tua, na onim nea yehia nyinaa. (Mat. 6:25-32) Yɛyɛ daa asɛm no da biara a, ɛma yeyi yɛn adwene fi ɔhaw a yɛrehyia no so, na yɛde yɛn adwene si mmoa a Yehowa de ma yɛn no so. (Dw. 68:19; 1 Pet. 5:6, 7) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ɛyɛ onuawa ababaa bi sɛ mfomso bi a odii no, Yehowa mfa nkyɛɛ no. Ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ, ɔmma onhu sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. Afei ɔnkɔhwɛ saa da no daa asɛm no a, ɛyɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 86:5. Ɛhɔ ka sɛ: “O Yehowa, wuye, na woayɛ krado sɛ wode bɔne bɛkyɛ; wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” Ɔkaa sɛ: “Ɛhɔ ara na me koma tɔɔ me yam na ɛyɛɛ me dɛ sɛ Yehowa akyekye me werɛ. Nea esii no hyɛɛ me nkuran paa; ama mahu sɛ, da biara ɛsɛ sɛ meyɛ daa asɛm no.”
9. Sɛn na daa asɛm no boaa anuanom a wɔwɔ Ukraine?
9 Mpɛn pii no, daa asɛm no mu nsɛm kae yɛn sɛ, sɛ yɛrehyia ɔhaw a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Mmeb. 3:5, 6) Yɛnhwɛ nea esii wɔ Ukraine. Ɛda a Russia ne Ukraine ntɔkwa no fii ase no, na daa asɛm no wɔ Yesaia 30:15. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.” Saa asɛm no kyekyee anuanom a ɛwɔ Ukraine no werɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, onua bi a ne din de Eduard kaa sɛ: “Ná saa daa asɛm no te sɛ mframa pa bi a ɛrefa yɛn ho. Saa da no, me ne me yere sɔree anɔpatutuutu yɛɛ daa asɛm no, na yɛbɔɔ mpae. Bere a yɛbɔɔ mpae wieɛ no, yehuu sɛ yɛanya ahoɔden soronko bi a yɛde begyina ɔhaw a na yɛrefa mu no ano.” Onuawa bi a ne din de Svitlana nso kaa sɛ: “Yesaia 30:15 no mu nsɛm deɛ, ɛno ara na na yehia. Ɔko no rekɔ so nyinaa, tworɔnsɛm wei ara na na yɛredwendwen ho.”
10. Adɛn nti na yehia akokoduro, na yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn akokoduro ayɛ kɛse? (Yosua 1:6-9) (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Yɛyɛ daa asɛm da biara a, ɛboa yɛn ma yesi yɛn bo sɛ yebedi Yehowa nokware. Yehia akokoduro na yɛatumi ada nsõ wɔ yɛn asukuufo ne wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma ho. Afei nso, sɛ yebetumi aka Bible mu nokwasɛm akyerɛ afoforɔ na yɛadi Yehowa nokware bere a yɛrehyia sɔhwɛ a, gye sɛ yenya akokoduro. Bere a Yehowa yii Yosua sɛ ommedi ne man Israel anim no, ɔka kyerɛɛ no mprɛnsa sɛ onnya akokoduro na ɔmma ne ho nyɛ den. Yehowa san ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkenkan Mmara nwoma no da biara; ɛno na na ɛbɛma wanya akokoduro. (Kenkan Yosua 1:6-9.) Sɛ yɛyɛ daa asɛm na yɛkenkan Bible da biara a, ɛbɛma yɛanya akokoduro, na yɛn gyidi nso bɛkɔ so ayɛ den.
Sɛ yɛkenkan Bible da biara a, ɛma yenya akokoduro (Hwɛ nkyekyɛm 10)
11. Sɛ yɛyɛ daa asɛm da biara a, sɛn na ɛboa yɛn wɔ Yehowa som mu?
11 Yɛyɛ daa asɛm da biara a, ɛboa ma yenya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Paul tuu aberante Timoteo fo sɛ ɔnyere ne ho nnya nkɔso wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahoteɛ mu. (1 Tim. 4:12, 15) Sɛ yɛyɛ daa asɛm da biara a, sɛnea yebetumi anya nkɔso wɔ Yehowa som mu no, ɛma yenya hokwan dwendwen ho. Obi a Yehowa som ho hia no no, ɔbɔ mmɔden sɛ obesuasua sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho, na ɔyɛ nea obetumi biara de Yehowa mmara bɔ ne bra.—Rom. 8:5, 6.
12. Hokwan bɛn na abue ama anuanom a wɔdɔ Yehowa, na dɛn na wɔyɛ a ebesiesie wɔn ama saa hokwan no?
12 Yɛyɛ daa asɛm da biara a, esiesie yɛn ma dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu. Kɔ ara na Yehowa asafo no rekɔ n’anim, enti yehia anuanom a wɔdɔ Yehowa a wɔbɛba abɛsɔ adwuma no mu. Yehia anuanom a wɔbetumi asom sɛ akwampaefo, ne asɛmpatrɛfo, ne wɔn a wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Betel, mmeae a yesisi asafo adan, ne mmeae a yɛkyerɛ kasa ase. Yehia mmerante a wɔbɔ wɔn ho mmɔden na wɔbrɛ wɔn ho ase ama wɔasom sɛ asafo mu asomfo, mpanyimfo, ne amansin so ahwɛfo. Mmarima a Yehowa repɛ wɔn ama wɔadi nneɛma anim wɔ asafo no mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmarima anokwafo a yetumi de yɛn ho to wɔn so. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔtumi de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma. (Deut. 1:13-15) Sɛ woyɛ daa asɛm no da biara a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma, na ebesiesie wo ama adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ asafo no mu.
AKWAN A YEBETUMI AFA SO AYƐ NO
13. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ayɛ daa asɛm no?
13 Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ayɛ no? Dwoada kosi Fiada anɔpa biara, Betel abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no mu biara hyiam bɔ mpae tiawa, wɔwie a na wɔde daa asɛm no atoa so. Wo nso, ansa na wobɛyɛ daa asɛm no, wubetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ, ɔmmoa wo mma wonte nea worebɛkenkan no ase, na wunhu sɛnea wode bɛyɛ adwuma. (Yak. 1:5) Wuwie a na woakan tworɔnsɛm a daa asɛm no gyina so no, ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no. Sɛ wokan wie a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na daa asɛm yi bɛboa me ama me gyidi ayɛ den? Nea makenkan yi, sɛn na ɛbɛboa me ama mabɛn Yehowa? Sɛ mihyia ɔhaw bi wɔ da no mu a, sɛn na daa asɛm yi bɛboa me ama madi so?’ Sɛ wo ne w’abusua anaa wo nnamfo na abom reyɛ daa asɛm no a, mobetumi de emu nsɛm no abɔ nkɔmmɔ ahyehyɛ mo ho nkuran. (Rom. 1:12) Nea ebinom yɛ ne sɛ, sɛ wɔyɛ daa asɛm no wie a, wɔde nsɛmfua mmiɛnsa anaa nnan bi bɔ no mua, sɛnea ɛbɛyɛ a da no nyinaa wɔbɛkae.
14-15. Akwan afoforɔ bɛn na wubetumi afa so ayɛ daa asɛm no, na dɛn na ɛbɛboa wo ma woakae?
14 Sɛ worepɛ akwan afoforɔ a wubetumi afa so ayɛ daa asɛm no a, sɔ nea edidi so yi mu bi hwɛ. (1) Nsɛntitiriw a ɛwɔ daa asɛm no mu no, wubetumi asensan ase na woadwendwen ho. (2) Kenkan tworɔnsɛm ahoroɔ a wɔde aba daa asɛm no mu no. (3) Baabi a wɔyii tworɔnsɛm a daa asɛm no gyina so no fii no, kenkan saa ti no nyinaa. (4) Nea daa asɛm no reka ho asɛm no, fa Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no sua ho adeɛ pii ka ho. (5) Ɔwɛn-Aban adesua a wɔyii daa asɛm no fii mu no, wubetumi akenkan ne nkyekyɛm ahoroɔ bi aka ho. Sɛ wode wo fon anaa tablɛt na ɛreyɛ daa asɛm no a, wubehu Ɔwɛn-Aban a wɔyii daa asɛm no fii mu no link wɔ daa asɛm no awieɛ. Sɛ wobɔ so a ebebue Ɔwɛn-Aban no ama wo.b
15 Onuawa ababaa bi a yɛfrɛ no Mackenzie kaa biribi a ɛboa no ma ɔkae daa asɛm no da biara. Ɔkaa sɛ: “Sɛ ɛyɛ simma 5 mpo na mede bɛka bere a mede yɛ daa asɛm no ho a, ɛboa me na mamfa antu mmirika. Migye bere kenkan tworɔsɛm a daa asɛm no gyina so no ne nkyerɛkyerɛmu no, na medwendwen ho; ɛno ma mekae daa asɛm no.”
16. Bere bɛn na wubetumi ayɛ daa asɛm no?
16 Bere bɛn na wubetumi ayɛ daa asɛm no? Wubetumi de ahyɛ bere a ɛbɛboa w’abusua. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, mmusua bi yɛ daa asɛm no bere a wɔredidi anɔpa, anaa wɔyɛ ansa na wɔde wɔn mma akɔ sukuu. Nea ɛbɛboa wɔn ama wɔakae no, wɔde Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nwomawa no bi to wɔn pono so, baabi a daa wɔbehu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ remfi. Nanso biribiara tumi si, enti sɛ ɛho behia a, wubetumi de ahyɛ bere foforɔ a ɛbɛboa wo.
17-18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya bere pɔtee a wode bɛyɛ daa asɛm no, na dɛn na ɛbɛboa wo na woantoto mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya bere pɔtee a wode bɛyɛ daa asɛm no? Efisɛ sɛ woampɛ bere pɔtee a wode bɛyɛ a, wubehu ara na ɛda no akɔ n’awieɛ a woanyɛ. John yɛ onua aberante a wadi mfeɛ 16, na ɔka sɛ: “Mereyɛ na mayɛ, ɛne mannya anyɛ na ɛnam. Enti sɛ woanni kan anyɛ daa asɛm no ansa na woayɛ biribi foforɔ biara wɔ da no mu a, w’ani mmra wo ho so no, na ade asan akye a woanyɛ.” Sierra nso yɛ onuawa ababaa a wadi mfeɛ 25. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a mebɔ mmɔden sɛ medi kan ayɛ daa asɛm no anɔpa biara ansa na nneɛma a mɛyɛ no wɔ da no mu agye me bere.” Onua bi a wadi mfeɛ 21 a ne din de Rogelio nso kaa sɛ: “Ɛyɛ a mesɛɛte alaam wɔ me fon so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkae me ama mayɛ daa asɛm no da biara.”
18 Nhyehyɛe a woayɛ sɛ wode bɛkenkan daa asɛm no da biara no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wubedi so; mma biribiara nntwetwe woadwen. Isabelle yɛ onuawa abaabaa bi a wadi mfeɛ 19, na nea ɔka nie: “Ka kyerɛ wo ho sɛ, sɛ wonyɛɛ daa asɛm no nwiei a, woremfa wo fon mmiamia so, anaa worenyɛ biribiara wɔ so. Sɛ wohwɛ na wode wo fon yɛ daa asɛm no na sɛ ɛbɛgyegye wo a, fa nea wɔatintim no bi mmom yɛ.” Olivia nso yɛ onuawa a wadi mfeɛ 19. Ɔka sɛ: “Ade baako a ɛboa paa ne sɛ wubenya obi ne no ayɛ daa asɛm no abom; ebetumi ayɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo. Sɛ obi wɔ hɔ a bere biara ɔbɛkae wo ama woayɛ daa asɛm no a, ɛremma wontoto mu.”
Sɛ woreyɛ daa asɛm no a, dɛn na ɛbɛboa wo na biribiara antwetwe w’adwene? (Hwɛ nkyekyɛm 18)
BOA MMERANTE NE MMABAA MA WƆNYƐ DAA ASƐM DA BIARA
19. Sɛ awofo ne wɔn mma yɛ daa asɛm da biara a, ɛboa mmofra no sɛn? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Filipifo 1:9, 10)
19 Awofo, sɛ mode yɛ mo su sɛ da biara mo ne mo mma bɛyɛ daa asɛm no a, ne yɛ bɛka wɔn hɔ, na sɛ wɔnyin mpo a, wɔbɛtoa so ayɛ no da biara. Sɛ wɔsusua sɛ wɔbɛte biribiara ase mpo a, esiane sɛ moyɛ no da biara nti, wɔbesua sɛ wɔn nso wɔbɛyɛ no daa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛte sɛ nea wode aba ketewa bi ahyɛ fam. Sɛ da biara wugugu so nsuo a, ebetumi anyin abɛyɛ dua a ɛyɛ den. Saa ara nso na sɛ mmofra sua Yehowa ho ade kakra da biara a, wɔbenyin abɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ Yehowa mu gyidi paa.—Kenkan Filipifo 1:9, 10.
20. Adɛn nti na ehia sɛ yesua Onyankopɔn asɛm no da biara?
20 Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:4) Aduane ho hia yɛn paa, enti yɛn mu biara nni hɔ a n’ani bɛgye ho sɛ ɔbɛkyere ne yam kɔm da koro koraa. Sɛ saa a, ɛnneɛ honhom fam aduane a ɛbɛma yɛanya daa nkwa no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛma da koro koraa twam a yenni bi. Enti momma yɛnyere yɛn ho nyɛ daa asɛm no da biara!
DWOM 94 Yɛn Ani Sɔ Onyankopɔn Asɛm No
a Kasa ahoroɔ a na wɔnkyerɛɛ Year Book no ase nkɔɔ mu no, na wɔde tworɔnsɛm ahoroɔ a daa asɛm no gyina so no ba Ɔwɛn-Aban a ɛba bosome biara no mu, na na wɔkyerɛ baabi a wubenya tworɔnsɛm no ho nkyerɛkyerɛmu no afi.
b Ɔwɛn-Aban a wɔyii daa asɛm no fii mu no link no, sei na ɛte: Wubehu afe ne bosome ko a Ɔwɛn-Aban no bae, ne kratafa ne nkyekyɛm ko a wɔyii daa asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu no fii.