16 ɛnde me nso mɛyɛ nea edi so yi: Nea mede bɛtwe mo aso ne ahoyeraw, nsamanwaw, ne atiridii, na mo aniwa asɛe na moahodwow.* Mubedua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, efisɛ mo atamfo na wobedi.+
15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
17 “Nanso sɛ wo koma dan+ na woantie, na sɛ w’ani kogye anyame foforo ho na wokotow wɔn som wɔn a,+18 ɛnde ɛnnɛ mereka akyerɛ mo sɛ, sɛnea ɛte biara wɔbɛsɛe mo,+ na morenkyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so.
11 Israelfo nyinaa abu wo Mmara so; wɔaman, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ efisɛ yɛayɛ wo bɔne.