Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr26 May kr. 1-13
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • MAY 4-10
  • MAY 11-17
  • MAY 18-24
  • MAY 25-31
  • JUNE 1-7
  • JUNE 8-14
  • JUNE 15-21
  • JUNE 22-28
  • JUNE 29–JULY 5
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
mwbr26 May kr. 1-13

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

MAY 4-10

BIBLE MU AKORADE YESAIA 58-59

Nea Woyɛ a Ɛbɛma Woanya Yehowa Nhyira Pii

w06 6/15 22 ¶9

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

9 Wɔnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn nkurɔfo beyi da mũ nyinaa asi hɔ de adi homeda, nanso ɛnsɛ sɛ yebu Homedadi nhyehyɛe no sɛ abakɔsɛm mu adeyɛ bi ara kɛkɛ. (Kolosefo 2:16) So ɛmma yɛnkae hia a ehia sɛ yɛn nso yɛde nneɛma a ebetumi ahyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den no di kan? Ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma anaa ahomegye ho hia yɛn sen Onyankopɔn som. (Hebrifo 4:9, 10) Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: “Dɛn na ehia me paa wɔ asetra mu? So mema m’ani kũ adesua, mpaebɔ, Kristofo nhyiam ahorow kɔ, ne Ahenni ho asɛmpa a mɛka no ho? Anaasɛ nneɛma afoforo a m’ani gye ho ama minnya bere mma saa nneɛma yi?” Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde ne som di kan wɔ yɛn asetram a, ɔremma yɛn asetrade mmɔ yɛn.—Mateo 6:24-33.

w13 1/15 13 ¶5-6

Mma Biribiara Ntwe Wo Mfi Yehowa Ho

5 Fa no sɛ worehwehwɛ adwuma. Ebia adwuma ho yɛ na wɔ wo man mu. Sɛ woanhwɛ yiye a, adwuma biara a ebedi kan ayi ne ti no wubeso mu. Nanso fa no sɛ adwuma no ne nea woasua afi Bible mu nhyia. Dɛn na wobɛyɛ? Anaa fa no sɛ adwuma no begye wo bere pii anaa ɛbɛma woatutu akwan na worennya bere nyɛ wo som adwuma anaa worennya bere mma w’abusua. Dɛn na wobɛyɛ? Wubeso adwuma no mu saa ara na waka sɛ ‘adwuma bɔne ye sen sɛ wobɛtena hɔ kwa’? Kae sɛ, sɛ woansi gyinae pa a, adwuma betumi atwe wo afi Yehowa ho. (Heb. 2:1) Sɛ worehwehwɛ adwuma anaa wopɛ sɛ wosesa adwuma a woyɛ a, wobɛyɛ dɛn asi gyinae pa?

6 Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛyɛ papa sɛ woma wo botae tena w’adwenem. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti koraa na mepɛ sɛ meyɛ adwuma no?’ Sɛ botae a wode yɛ adwuma ne sɛ wubenya biribi kakra de ahwɛ wo ho ne w’abusua ma moatumi asom Yehowa a, ɛnde Yehowa behyira wo. (Mat. 6:33) Sɛ w’adwuma fi wo nsa prɛko pɛ anaa sikasɛm gye gu a, Yehowa rennyaw wo. (Yes. 59:1) Yehowa “nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.”—2 Pet. 2:9.

ip-2 279-280 ¶6, ¶8

Wɔpa Nyaatwom Ho Ntama!

6 Bere a nkurɔfo no dii mmuada, yɛɛ wɔn ho sɛ atreneefo, na wɔhwehwɛɛ Yehowa atɛntrenee mpo no, wodii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya anigye ne wɔn mfaso akyi. Wɔde wɔn ho hyɛɛ ntɔkwaw, nhyɛso, ne basabasayɛ mu. Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata wɔn nneyɛe so no, wɔyeyɛɛ wɔn anim te sɛ nea wɔredi awerɛhow—sisii wɔn ti ase te sɛ mmɛw, furaa atweaatam traa nsõ mu—de kyerɛɛ sɛnea wɔanu wɔn ho afi wɔn bɔne ho no. Sɛ wɔkɔ so tew atua a, mfaso bɛn na na ɛbɛba eyinom nyinaa so? Wɔanna awerɛhow ne ahonu pa a ɛsɛ sɛ wɔde di mmuada ankasa adi. Wɔante wɔn benabɔ—a ɛwom sɛ na ano yɛ den—no wɔ soro.

8 Na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo no yɛ pii sen wɔn bɔne ho mmuada a wobedi; ná ɔpɛ sɛ wonu wɔn ho. Sɛ wɔyɛ saa a na na wobenya n’anim dom. (Hesekiel 18:23, 32) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ mmuadadi bɛyɛ nea mfaso wɔ so a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ bɔne a wɔayɛ dedaw no ho. Susuw nsɛm a ɛma obi hwehwɛ ne komam a Yehowa bisae no ho hwɛ: “Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? sɛ mobɛsansãn abɔnefo apɔw, ahotiri kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhom wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?”—Yesaia 58:6.

Tweetwee Bible Mu

it “Osisi” ¶6

Osisi

Sɛ ɔkɔm de asisi, na wɔte mmoa a wɔkyere wɔn we pampan a, wɔpow denneennen. Enti odiyifo Yesaia kaa Israelfo no ho asɛm sɛ, ‘na wɔpow te sɛ asisi’ de hwɛ atɛntrenee ne nkwagye kwan, nanso wɔn nsa sii fam mpɛn pii. (Yes 59:11) Sɛnea osisi a ɔde anibere rekɔ aboa bi so akɔkyere no awe te no, Bible ka sɛ, saa ara na sodifo bɔne a ɔhyɛ ne manfo a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ so na ɔteetee wɔn no nso te.—Mme 28:15.

MAY 11-17

BIBLE MU AKORADE YESAIA 60-61

“O Ɔbea, Sɔre Na Hyerɛn”

w24.07 30 ¶1-2

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesaia 60:1 kenkan sɛ: “O ɔbea, sɔre na hyerɛn, efisɛ wo hann apue. Yehowa anuonyam ahyerɛn wo so.” Efi nkyekyɛm 2 rekɔ no, wohwɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ no a, ɛma yehu sɛ “ɔbea” no ne Sion, anaa Yerusalem a saa bere no na ɛyɛ Yuda ahenkurow. (Yes. 60:14; 62:1, 2) Yerusalem gyina hɔ ma Israel man no nyinaa. Nsɛm a Yesaia kyerɛwee no kɔfa nsɛmmisa mmienu bi ba: Nea edi kan, bere bɛn na Yerusalem ‘sɔree’ na ‘ɔhyerɛnee,’ na ɔyɛɛ no sɛn? Nea ɛtɔ so mmienu, Yesaia asɛm yi reba mu kɛse wɔ yɛn bere yi so anaa?

Bere bɛn na Yerusalem ‘sɔree’ na ɔhyerɛnee, na ɔyɛɛ no sɛn? Mfe 70 a na Yudafo no wɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, na Yerusalem ne asɔrefie no adan amamfo. Nanso bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no, na Israelfo a ɛwɔ Babilon ahemman no mu nyinaa betumi asan akɔ wɔn kurom, na wɔakɔpagyaw nokwaresom bio. (Esra 1:1-4) Afe 537 ansa na Yesu reba no, mmusuakuw 12 no mu anokwafo kakra dii kan kɔɔ Yerusalem. (Yes. 60:4) Wɔkɔe no, wɔfii ase bɔɔ afɔre maa Yehowa, wɔdii afahyɛ ahorow no, na wɔfii ase sii asɔrefie no. (Esra 3:1-4, 7-11; 6:16-22) Ɛbaa saa no, Yehowa anuonyam san fii ase hyerɛn wɔ Yerusalem so, kyerɛ sɛ, ne nkurɔfo a na wɔafi nkoasom mu aba no so. Enti wɔn nso bɛyɛɛ hann maa amanaman a wɔte sum mu a na wɔnnim Yehowa no.

w24.07 30 ¶3-4

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nanso nkɔm a Yesaia hyɛe sɛ nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛbaa mu tete no. Israelfo dodow no ara ankɔ so antie Yehowa. (Neh. 13:27; Mal. 1:6-8; 2:13, 14; Mat. 15:7-9) Akyiri yi, wɔpoo Yesu Kristo a na ɔyɛ Mesia no mpo. (Mat. 27:1, 2) Afe 70 no, atamfo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie no ne mprenu so.

Ná Yehowa aka ato hɔ sɛ awerɛhosɛm a ɛte saa besi. (Dan. 9:24-27) Ɛda adi pefee sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 60 a ɛkyerɛ sɛnea nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu no, na ɛnyɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ, ne nyinaa bɛba mu wɔ Yerusalem so.

w24.07 30 ¶5–31 ¶2

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesaia asɛm yi reba mu kɛse wɔ yɛn bere yi so anaa? Yiw, nanso ɛfa ɔbea foforo bi ho—“Yerusalem a ɛwɔ soro no.” Ɔsomafo Paul kaa ne ho asɛm sɛ: “Ɛno ne yɛn maame.” (Gal. 4:26) Yerusalem a ɛwɔ soro no, ɛno ne Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo anokwafo wom no. Ne mma ne Yesu ne Kristofo anokwafo 144,000 a wɔasra wɔn no. Kristofo a wɔasra wɔn no, wɔn nso wɔ ɔsoro anidaso a na Paul wɔ no bi. Wɔyɛ “ɔman kronkron”; wɔn ara na Bible frɛ wɔn “Onyankopɔn Israel no.”—1 Pet. 2:9; Gal. 6:16.

Sɛn na Yerusalem a ɛwɔ soro no ‘sɔree’ na ‘ɔhyerɛnee?’ Ɔnam ne mma a ɛwɔ asaase so a wɔasra wɔn no so na ɛyɛɛ saa. Nea wɔn nso faa mu no, yɛmfa ntoto nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 60 no ho.

Asomafo no wu akyi no, awaefo a wɔayɛ sɛ nwura bɔne no bunkam Kristofo a wɔasra wɔn no so. Wei ma wɔdedae wɔ sum mu, enti na ɛsɛ sɛ ‘wɔsɔre.’ (Mat. 13:37-43) Ɛmaa Babilon Kɛse, a ɛno ne atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no de wɔn yɛɛ nkoa. Kristofo a wɔasra wɔn no kɔɔ so ara yɛɛ nkoa kosii “wiase yi awiei bere” no; saa bere no fii ase afe 1914. (Mat. 13:39, 40) Ɛno akyi bere tiaa bi wɔ afe 1919 no, wɔdee wɔn ho, na ntɛm ara wɔtuu wɔn ho guu asɛnka adwuma no mu maa hann no fii ase hyerɛnee. Nkakrankakra, nnipa fi aman nyinaa mu aba hann no ho; Onyankopɔn Israel no mufo a wɔaka no nso ka ho. Wɔn ne “ahemfo” a Yesaia 60:3 ka wɔn ho asɛm no.—Adi. 5:9, 10.

Daakye, Kristofo a wɔasra wɔn no bɛma hann a efi Yehowa hɔ no ahyerɛn kɛse paa. Ɔkwan bɛn so? Wɔwie wɔn som adwuma wɔ asaase so a, wɔbɛkɔ akɔka “Yerusalem Foforo” no anaa Kristo ayeforo a wɔn dodow si 144,000 no ho. Wɔne Kristo bɛbom adi hene na wɔayɛ asɔfo.—Adi. 14:1; 21:1, 2, 24; 22:3-5.

Yerusalem Foforo no bɛboa paa ma asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:1 no aba mu. (Fa Yesaia 60:1, 3, 5, 11, 19, 20 toto Adiyisɛm 21:2, 9-11, 22-26 ho.) Tete no, Yerusalem na na ɔhene no tena bu Israel man no. Wiase foforo no mu nso, Yerusalem Foforo no ne Kristo bɛka abom adi tumi. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem Foforo no ‘befi Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro asian’? Ɛne sɛ, ɛbɛtoto nneɛma yiye wɔ asaase so. Nnipa a wɔsuro Onyankopɔn a wɔfi aman nyinaa mu “bɛnantew ne hann mu.” Wɔbenya wɔn ho atetew afi bɔne ne owu ho. (Adi. 21:3, 4, 24) Nea ebefi mu aba ne sɛ, sɛnea Yesaia ne adiyifo afoforo kae no, “wobesiesie nneɛma nyinaa” ma ayɛ foforo. (Aso. 3:21) Bere a Kristo bɛyɛɛ Ɔhene no, saa bere no na wɔfii ase siesiee nneɛma nyinaa, na ɛbɛkɔ ara akosi sɛ Mfirihyia Apem Nniso no bɛba awiei.

Tweetwee Bible Mu

w19.12 11 ¶10-11

Yehowa Pɛ Sɛ Wunya Ahofadi

10 Onyankopɔn Ba no bɛboaa nkurɔfo ma wɔdee wɔn ho fii nneɛma mmienu ho. Nea edi kan, Yesu maa nkurɔfo dee wɔn ho fii atoro nkyerɛkyerɛ a na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ no ho. Ná atetesɛm ne gyidihunu de Yudafo a na wɔwɔ Yesu bere so no pii ayɛ nkoa. (Mat. 5:31-37; 15:1-11) Wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔreboa nkurɔfo ama wɔasom Onyankopɔn no, na wɔte sɛ anifuraefo. Wɔpoo Mesia no ne nokware a ɔkyerɛkyerɛe no, enti yɛbɛka a, na wɔda so te sum ne bɔne mu. (Yoh. 9:1, 14-16, 35-41) Esiane sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ nokware no na ɔyɛɛ nhwɛso pa nti, ɔmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase huu sɛnea wɔbɛde wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho.—Mar. 1:22; 2:23–3:5.

11 Ade a ɛto so mmienu a Yesu yɛe a ɛbɛma adasamma anya ahofadi no, ɛbɛma yɛade yɛn ho afi bɔne a ɛde yɛn ayɛ nkoa no ho. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, wɔn a wonya n’afɔrebɔ no mu gyidi na wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ saa no, Onyankopɔn betumi de wɔn bɔne akyɛ wɔn. (Heb. 10:12-18) Yesu kaa sɛ: “Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.” (Yoh. 8:36) Yebetumi asi no pi sɛ, na saa ahofadi no yɛ papa kyɛn ahofadi a na Israelfo no nya no Ahofadi afe no koraa! Ɛho nhwɛso ni. Sɛ ɔbarima bi de ne ho fi nkoasom mu Ahofadi afe no a, na obetumi asan abɛyɛ akoa bio; na sɛ wammɛyɛ akoa bio mpo a, ɛnyɛ dɛn araa na obewu.

MAY 18-24

BIBLE MU AKORADE YESAIA 62-64

Ɔnwemfo a Ɔwɔ Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu

cl 251-254 ¶7-9

“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”

7 Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii nsɛm no, ɛma yehu paa sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Bere a Yosef wui akyi no, Israelfo mpempem pii a na wɔwɔ Egypt no bɛyɛɛ nkoa, na Egyptfo no dii wɔn ani paa. Egyptfo no ‘maa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi na wɔmaa wɔyɛɛ nnwuma nyinaa bi.’ (Exodus 1:11, 14) Bere a Israelfo no ho hiahiaa wɔn no, wɔsu frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Bere a Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye no tee wɔn sufrɛ no, ɔtee nka sɛn, na dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn?

8 Nea Yehowa nkurɔfo refa mu no maa ne werɛ howee paa. Ɔkaa sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.” (Exodus 3:7) Ateetee a na ne nkurɔfo no nam mu ne nisu a na wɔretew no, na Yehowa rentumi ntena hɔ a ɔrente nka mma wɔn. Bere a yɛresua nhoma yi Ti 24 no, yebehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tema. Obi wɔ tema ma obi a, ɛkyerɛ sɛ onii no su yɛ ne su na n’amane yɛ n’amane. Enti tema wɔ hɔ yi, ɛne ayamhyehye na ɛnam; baako nkɔ nnyaw ne yɔnko. Nanso, ɛnyɛ sɛ Yehowa tee nka maa ne nkurɔfo no kɛkɛ, ɛnna ɔbobɔɔ ne nsa guu ne bo. Mmom saa atenka no maa otuu anammɔn yɛɛ biribi de boaa wɔn. Yesaia 63:9 ka sɛ: “Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti, ogyee wɔn.” Yehowa de ne “nsa a ɛyɛ den” gyee Israelfo no fii Egypt. (Deuteronomium 4:34) Ɔfaa anwanwakwan so maa wɔn nsa kaa aduan, na ɔsan de wɔn baa asaase a na ɔde ahyɛ wɔn bɔ no so.

9 Yehowa ayamhyehye no anso hɔ ara. Akyiri yi a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn bebree, na ɛno nti wɔhuu amane. Nanso wɔyɛ bɔne no a na wɔasan adan wɔn ho abɛpa Yehowa kyɛw sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmfa nkyɛ wɔn. Bere biara a wɔbɛba no, na Yehowa de akyɛ wɔn, na wagye wɔn. Adɛn ntia? “Efisɛ na ne man . . . no yɛ no mmɔbɔ.”—2 Beresosɛm 36:15; Atemmufo 2:11-16.

w23.08 28-29 ¶8-9

Soa Nea Ehia Sɛ Wosoa, Na Tow Nea Aka No Gu

8 Gyinae biara a yebesi no, ɛho asodi da yɛn so. Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, na ɔpɛ sɛ yesisi gyinae pa ma yɛn ani gye. Nanso sɛ yesisi gyinae bɔne a, ɔbɛma yɛatwa so aba. (Gal. 6:7, 8) Ɛno nti, sɛ yesisi gyinae bɔne, yɛankasa yiye, anaa yɛpere yɛn ho yɛ biribi a, ɛso nsunsuanso no, ɛsɛ sɛ yegye tom. Ebia nea yɛayɛ no nti, yɛn ahonim bɛhaw yɛn. Nanso esiane sɛ yenim sɛ gyinae a yebesi biara ho asodi da yɛn so nti, ebetumi aka yɛn ma yɛaka yɛn bɔne, yɛasiesie mfomso a yɛadi no, na yɛayere yɛn ho sɛ yɛrenni saa mfomso no bio. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atu nkwa ho mmirika no.

9 Wobɛyɛ dɛn asoa adesoa no? Sɛ woasi gyinae bɔne bi na worentumi nyɛ ho hwee a, gye tom, efisɛ nea asi no, worentumi nsesa no. Nhaw wo ho sɛ wobɛsɛe bere akyerɛ nea enti a wusii saa gyinae bɔne no anaa wode ɛho asodi bɛto afoforo so. Mmom, gye wo mfomso tom, na yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea a woaba mu no mu. Sɛ bɔne bi a woayɛ nti, w’ahonim haw wo a, bɔ Yehowa mpae, gye wo mfomso tom, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Dw. 25:11; 51:3, 4) Wɔn a ebia woafom wɔn no, pa wɔn kyɛw, na sɛ ɛho hia a, hwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ. (Yak. 5:14, 15) Sua biribi fi mfomso a woadi no mu, na bɔ mmɔden sɛ worenyɛ bio. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ, na mmoa biara a wuhia no, ɔde bɛma wo.—Dw. 103:8-13.

w13 9/15 20 ¶15-17

Woayɛ Wo Ho Foforo?

15 Monkenkan Yesaia 64:8. Mfatoho a Yesaia yɛe no ma yenya asuade titiriw bi. Yehowa ne Ɔnwemfo na yɛte sɛ dɔte wɔ ne nsam. Sɛ ɔnwene yɛn a ɔnsesa sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so. Ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛsesa yɛn ma yɛn ho ayɛ fɛ, na mmom sɛnea yɛte wɔ komam na ɔsesa. Enti yɛma kwan ma ɔnwene yɛn a, na ɔreyɛ yɛn foforo, kyerɛ sɛ, ɔresesa yɛn adwene anaa yɛn nsusuwii. Nsakrae saa na yehia na wiase honhom ammunkam amfa yɛn so. Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so nwene yɛn?

16 Sɛ ɔnwemfo pɛ sɛ ɔnwene biribi ma ɛyɛ fɛ a, ɔhwehwɛ dɔte pa. Nanso nneɛma abien bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wafi ase anwene ade no. Nea edi kan, obeyiyi efi biara a ɛwɔ dɔte no mu. Nea edi hɔ, ɔde nsu bɛfra dɔte no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awɔw ma asɔ. Eyi bɛma ayɛ mmerɛw sɛ ɔde bɛnwene ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no.

17 Hyɛ no nsow sɛ ɔnwemfo yiyi dɔte no mu fĩ, na ɔde nsu fra ma ɛsɔ na watumi de anwene biribiara a ɔpɛ. Sɛnea nsu tumi sesa dɔte no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm tumi sesa yɛn. Ɛboa yɛn ma yeyi adwene a kan na yekura tow gu, na yefi ase susuw nsɛm ho te sɛ Onyankopɔn. Afei nkakrankakra Onyankopɔn yɛ yɛn foforo ma yɛn ho ba nyam wɔ n’ani so. (Efe. 5:26) Wubetumi akan mpɛn dodow a wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkan Bible da biara na yɛnkɔ asafo nhyiam biara? Adɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ saa? Yɛyɛ saa a, na yɛrema kwan ma Yehowa de N’Asɛm no anwene yɛn.—Dw. 1:2; Aso. 17:11; Heb. 10:24, 25.

Tweetwee Bible Mu

it “Mmɔborɔhunu” ¶11

Mmɔborɔhunu

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ nea yɛbɛyɛ biara Yehowa behu yɛn mmɔbɔ. Nnipa a wɔde nokwaredi twe bɛn Yehowa no, ɔda mmɔborɔhunu kɛse adi kyerɛ wɔn. Nanso, wɔn a wɔyɛ bɔne a wɔnnu wɔn ho na wɔfata asotwe no de, ɔremma wɔmfa wɔn ho nni da. (Ex 34:6, 7) Ɛnsɛ sɛ obi nya adwene sɛ, nea ɔbɛyɛ biara, Onyankopɔn behu no mmɔbɔ; ɛnsɛ sɛ ɔde anidaho yɛ bɔne, na ɔhwɛ kwan sɛ bɔne a ɔreyɛ no remfa nsunsuanso bɔne biara mma no so, anaa biribi bɔne biara remfi nea ɔreyɛ no mu mma no so. (Ga 6:7, 8; fa toto Nu 12:1-3, 9-15; 2Sa 12:9-14 ho.) Sɛ nnipa bi reyɛ bɔne a, Yehowa betumi anya wɔn ho abotare na wahu wɔn mmɔbɔ na wama wɔn akwannya sɛ wɔnsesa mfi wɔn bɔne ho; ɛwom sɛ Yehowa ani nnye nea wɔreyɛ no ho, nanso ɔrenyi wɔn towkyene koraa, na mmom ebia ɔbɛkɔ so ahu wɔn mmɔbɔ aboa wɔn na wama wɔn akwankyerɛ mpo. (Fa toto Ne 9:18, 19, 27-31 ho.) Wei nyinaa akyi, sɛ wɔantie no a, n’abotare no wɔ baabi a ekosi. Nea ɛbɛyɛ na ne din ho rengu fĩ no, ɔrenna mmɔborɔhunu adi nkyerɛ wɔn bio, na ɔbɛko atia wɔn.—Yes 9:17; 63:7-10; Yer 16:5-13, 21; fa toto Lu 13:6-9 ho.

MAY 25-31

BIBLE MU AKORADE YESAIA 65-66

Yɛn Ani Gye Yɛn Honhom Fam Paradise No Ho!

cl 275 ¶12, 14

“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”

12 Yesu kaa sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.’” (Mateo 4:4) Yehowa nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛso wɔ mfaso koraa sen aduan a yedi. Efisɛ ebetumi ama yɛanya daa nkwa. Ti 8 no mu no, yehui sɛ awiei mmere yi mu no, Yehowa de ne tumi reboa nkurɔfo ama wɔasom no, na wama nokware som so bio. Afei nso, ɔde ne nkurɔfo nyinaa aba honhom fam paradise no mu. Ade titiriw a ɛwɔ honhom fam paradise no mu ne sɛ, Yehowa ama yɛn honhom fam aduan bebree ama no abu yɛn so.

14 Asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛma nokware som so bio, na nkurɔfo bɛsan asom Yehowa sɛnea ɔpɛ. Hesekiel hui sɛ, asubɔnten no retene nyinaa, na emu retrɛw na na emu dɔ ara na ɛredɔ. Saa ara nso na nneɛma a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena ase daa no, ɛbɛdɔɔso ayɛ bebree. Efi bere a Yehowa maa nokware som so bio wɔ afe 1919 mu no, ɔde nneɛma pa bebree ahyira ne nkurɔfo. Ebi ne Bible ahorow, nhoma ahorow a yɛde sua Bible, asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam ahorow. Weinom aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔabehu nokware no. Yehowa afa saa nneɛma yi so akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo ama wɔahu nneɛma bi a ɔde agu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa. Nneɛma a wakyerɛkyerɛ yɛn no, nea ɛyɛ titiriw paa ne nea ɛfa Kristo agyede afɔre ho no. Yesu agyede afɔre no nti, obiara a ɔdɔ Onyankopɔn na osuro no no betumi anya ahonim pa ne anidaso sɛ obetumi atena ase daa. Ɛwom, awiei mmere yi mu no, nkurɔfo bebree ani nnye, efisɛ wɔntie Yehowa asɛm. Nanso Yehowa nkurɔfo de, wɔn ani gye paa, efisɛ biribiara a wɔhia na ama wɔn gyidi ayɛ den na wɔabɛn Yehowa no, Yehowa de ma wɔn.—Yesaia 65:13.

w24.04 22 ¶9-10

Mfi Honhom Fam Paradise No Mu Da

9 Yɛn ho dwo yɛn, na yɛn koma ntu. Yesaia 65:14 ka sɛ, wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔtena honhom fam paradise no mu no, ‘koma mu yaw nti, wobesu, na honhom a abubu nti, wobesu ateɛteɛ mu.’ Ɛnde, nneɛma a ɛma Onyankopɔn asomfo hu amane na wɔdi yaw no nso ɛ? Saa nneɛma no, bere bi bɛba a, ‘wɔrenkae, na Onyankopɔn ani renhu bio.’ (Kenkan Yesaia 65:16, 17.) Yehowa beyi yɛn amanehunu nyinaa afi hɔ, na nkakrankakra yɛn werɛ befi yaw a ɛkɔfa bae no nyinaa.

10 Ɛnnɛ mpo, sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a, ɛma yɛn ho dwo yɛn, efisɛ ɔhaw a yɛrefa mu wɔ wiase bɔne yi mu no, ɛboa yɛn ma yeyi yɛn adwene fi so. Honhom no aba a ebi ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abotare, ayamye, ne odwo no, sɛ yɛda no adi a, ɛma yɛn nuanom nso ho dwo wɔn. (Gal. 5:22, 23) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Onyankopɔn ahyehyɛde no ho! Wɔn a ɛkɔ so tena honhom fam paradise no mu no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asaase foforo” no ho no, sɛ ne nyinaa bam a, wɔbehu.

w24.04 23 ¶13

Mfi Honhom Fam Paradise No Mu Da

13 Asomdwoe ne ahobammɔ. Onyankopɔn honhom no mmoa so nti, nnipa bebree a kan no na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nkekaboa no, wɔayɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn asetena mu. (Kenkan Yesaia 65:25.) Wɔayere wɔn ho paa agyae subammɔne no. (Rom. 12:2; Efe. 4:22-24) Ɛwom, bɔne da so ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho, enti yɛbɛkɔ so adi mfomso. Nanso Yehowa atwe “nnipa ahorow nyinaa” bi aba ne nkyɛn, na wɔaka wɔn abom ma wɔayɛ baako, enti wɔwɔ ɔdɔ ne asomdwoe a edi mu. (Tito 2:11) Saa anwanwade yi de, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no nko ara na obetumi ayɛ!

Tweetwee Bible Mu

w08 6/15 27 ¶4-5

So na Yesu Reka Hellgya Ho Asɛm?

Nanso, fa Yesu asɛm no toto Yesaia nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ho hwɛ.a So ɛnyɛ nokware sɛ kyerɛwsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 66 no na Yesu fa kaa asɛm? Ɛda adi sɛ, ɛhɔ no, na odiyifo no retwe adwene asi so sɛ wobefi adi “akɔhwɛ Hinom Bon (Gehenna) a ɛwɔ Yerusalem, baabi a na wɔde nnipa bɔ afɔre wɔ hɔ bere bi, (Yer. 7:31) a akyiri yi, wɔde hɔ bɛyɛɛ baabi a kurom hɔfo tow wura gu no.” (The Jerome Biblical Commentary) Ntease wom koraa sɛ, asɛm a wɔka no sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Yesaia 66:24 no nkyerɛ ankasa sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade; ɛkyerɛ nnipa afunu a na wɔtow gu hɔ. Mmoaa no a wɔka ho asɛm sɛ wonwu no mfa nnipa a wonwui anaa akra a enwu da ho. Ɛnde, na asɛm a Yesu kae no kyerɛ dɛn ankasa?

Hyɛ asɛm bi a Katolekfo nhoma a wɔfrɛ no El evangelio de Marcos. Análisis lingüístico y comentario exegético Po II ka faa Marko 9:48 ho no nsow: “Wɔfaa asɛm [no] fii Yesaia (66,24). Odiyifo no kyerɛ akwan abien a na nnipa afunu no fa so sɛe wɔ hɔ: ná wɔma ebi porɔw, ɛnna wɔhyew ebi nso . . . Saa akwan abien yi a wɔde dii dwuma a ɛno ne mmoaa ne ogya no kyerɛ ɔsɛe. . . . Wɔkyerɛ sɛ, tumi abien a wɔde sɛe ade no wɔ hɔ daa (‘wonnum no, na wonwu’): biribiara nni hɔ a wɔde begu hɔ a ɛrensɛe. Saa nkyerɛkyerɛmu yi kyerɛ sɛ, mmoaa ne ogya no nkutoo na ɛnsɛe, ɛnyɛ onipa. Mmoaa no ne ogya no sɛe biribiara a wɔtow gu hɔ no. Enti, saa nkyerɛkyerɛmu yi nkyerɛ sɛ wɔyɛ obi ayayade afebɔɔ wɔ hɔ, na mmom ɛyɛ ɔsɛe koraa, owu a owusɔre ho anidaso nnim. Enti, [ogya] no yɛ ɔsɛe pasaa ho sɛnkyerɛnne.”

JUNE 1-7

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 1-3

“Mma Wɔnnhunahuna Wo, . . . Efisɛ ‘Midi W’akyi’”

w10 1/15 9 ¶7-8

Ɛyɛ Adom Sɛ Yɛyɛ Yehowa Dea

7 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmma yɛn ahoɔden nkutoo a, ɛnde ɔbɛhyɛ yɛn nkuran bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ na Yeremia nyɛ obi a otumi kasa akokoduru so. Enti, bere a Yehowa paw Yeremia sɛ ɔnyɛ Ne diyifo no, Yeremia kae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Akyiri yi, ɔkae mpo sɛ: “Merenkasa ne din mu bio.” (Yer. 1:6; 20:9) Nanso, Yehowa hyɛɛ Yeremia nkuran ma otumi de mfe 40 kaa asɛm a na nnipa pii ani nnye ho no. Yehowa maa no awerɛhyem mpɛn pii sɛ: “Midi w’akyi, na megye wo.”—Yer. 1:8, 19; 15:20.

8 Sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose ne Yeremia den no, saa ara na obetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nea ɔhwehwɛ fi Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hɔ. Nea ɛho hia paa ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn so. Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ yegye mmoa a Yehowa nam n’Asɛm ne n’asafo no so de ma no tom a, yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to no so. Sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu a, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw yɛn kwan a ɛremma yenni no nokware.

Tweetwee Bible Mu

jr 44 ¶3

Hwɛ Yiye Wɔ Koma a Ɛyɛ Okontomponi Ho

3 Ná Yudafo dodow no ara ada no adi sɛ wɔn koma nni mũ wɔ Onyankopɔn ho. Wogyaw nokware Nyankopɔn koro no hɔ kɔsom Kanaanfo anyame, na wɔn ahonim ammu wɔn fɔ. Yehowa ka kyerɛɛ saa asomfo no sɛ: “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he? Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a, momma wɔnsɔre. Sɛnea mo nkurow dodow te no, saa ara na mo anyame nso dodow te.” (Yer. 2:28) Ɛwom, yɛn de yɛn adwene nyɛ yɛn sɛ yɛsom ahoni sɛ yɛn anyame. Nanso, nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “nyame” ase sɛ: “Obi anaa biribi a ɛsom bo ma yɛn paa.” Wɔ wiase no mu no, nneɛma a ɛho hia nnipa pii paa wɔ wɔn asetena mu ne wɔn adwuma, wɔn akwahosan, wɔn abusua, ne mpo wɔn nyɛmmoa. Nea afoforo nso ani gye ho paa ne agodie, nnipa a wɔagye din, mfiridwuma, akwantu, anaa wɔn amammerɛ ahorow. Nnipa pii di nneɛma a ɛtete saa akyi ma ɛsɛe wɔne wɔn Bɔfo no ntam. So eyi betumi ato nokware Kristofo sɛnea ɛtoo Yudafo a na wɔwɔ Yeremia bere so no?

JUNE 8-14

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 4-6

Hwɛ Yiye Na Woansuasua Yudafo No Subammɔne No

w13 3/15 9-10 ¶8-9

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

8 Onyankopɔn maa Yudafo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na eyi ma yehu nea ‘komam momonoto’ kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Muntwa mo koma twetia, mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo, na mo nneyɛe bɔne nti m’abufuw amfi adi.” Ɛhe na wɔn nneyɛe bɔne no fi? Efi wɔn mu, wɔn komam tɔnn. (Monkenkan Marko 7:20-23.) Onyankopɔn maa Yeremia huu Yudafo nneyɛe bɔne no farebae. Asɛm no ara ne sɛ na wɔasen wɔn koma. Na wɔn nsusuwii ne wɔn suban yɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. (Monkenkan Yeremia 5:23, 24; 7:24-26.) Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma wontwa mo twetia mma Yehowa na muntwa mo koma twetia.”—Yer. 4:4; 18:11, 12.

9 Enti sɛ yɛbɛka a, na ehia sɛ Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no yɛ wɔn koma “oprehyɛn,” kyerɛ sɛ ‘wotwa wɔn koma twetia.’ Saa na Mose beresofo no yɛe. (Deut. 10:16; 30:6) Ɛnde, na Yudafo no bɛyɛ dɛn ‘atwa wɔn koma twetia’? Biribiara a na ama wɔn koma asi kyekye a ɛmma wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no, na ɛsɛ sɛ woyi no akwa. Ebi ne wɔn nsusuwii ne wɔn suban.—Aso. 7:51.

jr 114 ¶2

So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”

2 Nanso, Yudafo no amfa nea Yehowa ka faa wɔn abrabɔ ho no aniberesɛm koraa, na mmom nea na wɔrepɛ ate afi wɔn nyamesom akannifo no hɔ ara ne sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ ‘biribiara rekɔ yiye.’ (Yer. 5:31; 6:14) Ná wɔte sɛ ayarefo a wɔrehwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛka nea ɛyɛ wɔn asom dɛ akyerɛ wɔn na wabu n’ani agu sɛnea wɔn yare no yɛ hu no so. Sɛ woyare denneennen paa a, so w’ani rennye ho sɛ wɔbɛyɛ wo yare no ho nhwehwɛmu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ayaresa ntɛm? Saa ara na na anka ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no hwehwɛ obi a ɔbɛka sɛnea wɔne Onyankopɔn ntam asɛe no ho asɛm akyerɛ wɔn pefee. Ná anka ɛsɛ sɛ wobisa sɛ: “Yehowa wɔ he?”—Yer. 2:6, 8.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 9 ¶4

Yeremia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

4:10; 15:18—Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii ne nkurɔfo atuatewfo no huammɔ? Wɔ Yeremia nna no mu no, na adiyifo a ‘wɔhyɛ nkɔntoro’ wɔ hɔ. (Yeremia 5:31; 20:6; 23:16, 17, 25-28, 32) Yehowa ansiw wɔn kwan wɔ nnaadaasɛm a na wɔreka no ho.

JUNE 15-21

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 7-8

Wɔbuu Yehowa Asɔrefie No Animtiaa

jr 21 ¶12

Odiyifo a Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”

12 Wɔ Yehoiakim nniso no mfiase no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkɔ asɔrefie hɔ nkɔkasa ntia Yudafo no pefee wɔ bɔne a na wɔreyɛ no ho. Ná wobu Yehowa asɔrefie no sɛ sɛbɛ bi a ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Nanso, sɛ wɔannyae ‘korɔn a wɔbɔ, awu a wodi, aware a wɔsɛe, ntanhunu a wɔkeka, afɔrebɔde a wɔhyew ma Baal, ne anyame foforo a wonnim wɔn akyi a wodi’ no a, na Yehowa begyaw asɔrefie no. Saa ara na na obegyaw nyaatwomfo a na wɔsom wɔ asɔrefie no mu no, sɛnea ogyaw ntamadan no wɔ Silo wɔ Ɔsɔfo Panyin Eli bere so no. Ná Yuda asase no “bɛdan amamfõ ara nko.” (Yer. 7:1-15, 34; 26:1-6) Wo de susuw akokoduru a na ɛsɛ sɛ Yeremia de ka saa asɛm no ho hwɛ! Ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa asɛm no wɔ baguam wɔ nnipa atitiriw anaa atumfoɔ anim. Saa ara na ɛnnɛ, anuanom mmarima ne mmea binom te nka sɛ wohia akokoduru a wɔde bedi adanse wɔ mmɔnten so anaa wɔde bɛkasa akyerɛ nnipa a wɔyɛ adefo anaa atitiriw. Nanso, yebetumi anya asɛm a edi hɔ yi mu awerɛhyem: Onyankopɔn gyina yɛn akyi pintinn, sɛnea ogyinaa Yeremia akyi no.—Heb. 10:39; 13:6.

it “Yehowa” ¶78

Yehowa

Israelfo abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa kɔɔ so kaee wɔn sɛ ne din kronkron no ho hia no paa. Israel ahenkurow Yerusalem mu na na Sion Bepɔw no si. Ɛhɔ na Yehowa ‘pawee de ne din toe na ɔde hɔ yɛɛ ne tenabea.’ (De 12:5, 11; 14:24, 25; Yes 18:7; Yer 3:17) Asɔrefie a wɔsii wɔ saa kurow no mu no yɛ ‘ofie a na wɔde Yehowa din ato so.’ (1Be 29:13-16; 1Ah 8:15-21, 41-43) Biribiara a na ɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ ne Yerusalem kurow no mu no, na Yehowa ani di akyi paa, efisɛ sɛ ɛyɛ papa oo, sɛ ɛyɛ bɔne oo, sɛnea ɛte biara, na ɛbɛka ne din. (1Ah 8:29; 9:3; 2Ah 21:4-7) Sɛ Israelfo no gu Yehowa din ho fĩ wɔ kurow no mu a, na Yehowa bɛsɛe kurow no, na watow asɔrefie no ankasa nso afi n’anim akyene. (1Ah 9:6-8; Yer 25:29; 7:8-15; fa toto nea Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ Mt 21:12, 13; 23:38 no ho.) Wei nti, bere a Yeremia ne Daniel resrɛ ama wɔn man ne wɔn kurow no, wɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ, ‘ne din nti,’ onhu wɔn mmɔbɔ na ɔmmoa wɔn.—Yer 14:9; Da 9:15-19.

w15 9/15 32 ¶17

Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?

17 Samuel bere so no, Israelfo dii nkogu wɔ wɔne Filistifo ko bi mu. Sɛ́ anka wɔbɛbisa Yehowa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, wɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.” Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ: “Wɔkum wɔn okunkɛseɛ paa, na Israel mmarima mpem aduasa a wɔnam fam totɔeɛ. Onyankopɔn adaka no nso, wɔfaeɛ.” (1 Samuel 4:2-4, 10, 11) Ná Israelfo no susu sɛ sɛ wɔde Apam adaka no kɔ ɔko a, Yehowa bɛboa wɔn na wabɔ wɔn ho ban. Nanso, wɔansrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn, anaa wɔammisa n’adwene. Mmom no, wɔyɛɛ nea wɔsusu sɛ ɛtene, na wɔhuu amane papaapa.—Kenkan Mmebusɛm 14:12.

Tweetwee Bible Mu

jr 135 ¶14

‘Nguanhwɛfo a Me Koma Pɛ’

14 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nkyerɛkyerɛ a Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo de ma yɛn no! Wɔ Yeremia bere so no, ohui sɛ na ne nkurɔfo no hia honhom fam ayaresa. Obisae sɛ: “Balsam ngo nni Gilead anaa? Na ɔyaresafo biara nni hɔ anaa?” (Yer. 8:22) Ná balsam ankasa wɔ Gilead, Israel fã a na ɛwɔ Yordan apuei fam no. Ná wɔtaa de ngo a ɛyɛ huam a wonya fi afifide mu yi yɛ nnuru a wɔde to nkurɔfo akuru so ma edwo wɔn na ekum akuru no. Nanso, na honhom fam ayaresa biara nni hɔ. Dɛn ntia? Yeremia kae sɛ: “Adiyifo no hyɛ nkɔntoro; asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so. Me man nso pɛ no saa.” (Yer. 5:31) Na ɛnnɛ nso ɛ? So wunnye ntom sɛ “balsam” ankasa “wɔ Gilead,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, honhom fam ayaresa wɔ w’asafo mu? Yebetumi de awerɛkyekye a Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo nam ɔdɔ so de ma wɔn nuanom denam wɔn adwene a wɔtwe si Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm so, hyɛ wɔn den, bɔ mpae ma wɔn, na wɔne wɔn bom bɔ mpae no atoto sɛnea balsam ma nkurɔfo ho dwo wɔn fɔmm no ho.—Yak. 5:14, 15.

JUNE 22-28

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 9-10

Ɛdɛn Na Wode Bɛhoahoa Wo Ho?

w20.07 6 ¶13-15

Mmu Wo Ho Ntra So

13 Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔde bere pii kyinkyin sohyial media so no, ebewie ase no na wɔayɛ ankonam anaa wɔanya adwenemhaw. Adɛn ntia? Ade baako a ɛma ɛba saa ne sɛ, ɛyɛ a nkurɔfo taa de nneɛma a ɛkɔ yiye wɔ wɔn asetenam ho mfoni gu sohyial media so. Ebi yɛ wɔn ankasa mfoni, mfoni a wɔne wɔn nnamfo atwa, ne mmeae a ɛyɛ fɛ a wɔakɔsrasra. Sɛ obi hwɛ saa mfoni yi a, anhwɛ a obenya adwene sɛ ne mfɛfo rekɔ gyaw no, na n’ani nnye. Onuawa bi a wadi mfe 19 ka sɛ: “Bere a mihui sɛ afoforo regye wɔn ani Memeneda ne Kwasida, na me de mete fie a menyɛ hwee no, ɛma metee nka sɛ m’ani nnye.”

14 Ɛwom, sohyial media tumi boa yɛn ma yɛne yɛn mmusua ne yɛn nnamfo di nkitaho. Nanso sɛ woahyɛ no nsow a, nneɛma a nkurɔfo de gu sohyial media so no, ɛma obiara adwene ba wɔn so. Asɛm a wɔrepɛ aka ara ne sɛ, “Obiara nhwɛ me.” Sɛ obi de ne mfoni anaa afoforo mfoni gu sohyial media so, na ɔrekyerɛw ho asɛm a, ɛyɛ a nsɛm no bi yɛ asefem. Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛyɛ saa, efisɛ wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase na yennya tema mma afoforo.—Kenkan 1 Petro 3:8.

15 Sɛ wokɔ sohyial media so a, bisa wo ho sɛ: ‘Nsɛm a mekyerɛw wɔ sohyial media so, ne mfoni ne video a me de gu so no, ebetumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ merehoahoa me ho anaa? Nea mereyɛ no betumi ama nkurɔfo ani abere me anaa?’ Bible ka sɛ: “Nea ɛwɔ wiase biara—ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yoh. 2:16) Bible nkyerɛase foforo bi kyerɛ asɛm “asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” ase sɛ “obi bɛyɛ ne ho sɛ ne ho hia ara ma.” Kristofo de, wohu sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛma wɔn ho so. Wɔde afotu a ɛwɔ Bible mu yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi akan, mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.” (Gal. 5:26) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremma yɛn ho so na yɛrenhoahoa yɛn ho te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu no.

w25.05 30 ¶14

Yehowa Din—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛsom Bo Ma Yɛn

14 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa din da yɛn so. (Kenkan Dwom 105:3.) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde ne din no rehoahoa yɛn ho a, ɛma n’ani gye paa. (Yer. 9:23, 24; 1 Kor. 1:31; 2 Kor. 10:17) Sɛ ‘yɛhoahoa yɛn ho Yehowa mu’ a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ Yehowa ne yɛn Nyankopɔn. Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛbɛtew ne din ho na yɛama nkurɔfo ahu sɛ nea ɔyɛ biara tene. Ɛnsɛ sɛ yɛfɛre da sɛ yɛbɛma yɛn adwumamfo, yɛn sukuufo, yɛn afipamfo ne afoforo ahu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo! Yehowa din a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo no, Ɔbonsam pɛ sɛ yegyae. (Yer. 11:21; Adi. 12:17) Nokwasɛm ne sɛ, Satan ne atoro adiyifo no pɛ sɛ nkurɔfo werɛ fi Yehowa din. (Yer. 23:26, 27) Nanso esiane sɛ Yehowa din da yɛn koma so nti, ɛma yedi ahurusi, na yeyi no ayɛ “daa nyinaa.”—Dw. 5:11; 89:16.

w25.09 23-24 ¶12

“Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie

12 Sɛ wo ne obi fi Bible adesua ase a, fa si w’ani so sɛ wobɛboa onii no ama wahu Yehowa ne Yesu yiye na wadɔ wɔn. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wode Bible mmom boa onipa no, na ɛnyɛ w’adwene anaa wo nimdeɛ bi. (Aso. 10:25, 26) Ɔsomafo Paul sei, sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a na ɔtwe adwene si Yesu Kristo so; ɔno na Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛboa yɛn ma yenhu Yehowa na yɛnnɔ no. (1 Kor. 2:1, 2) Afei nso, Paul maa anuanom no hui sɛ, ɛho hia paa sɛ wɔboa wɔn a wɔaba asafo no mu foforo ma wɔnya suban pa; suban pa a ɛte saa te sɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ ne aboɔden abo. (1 Kor. 3:11-15) Saa suban pa no bi ne gyidi, nyansa, nhumu ne Yehowa ho suro. (Dw. 19:9, 10; Mmeb. 3:13-15; 1 Pet. 1:7) Suasua sɛnea Paul kyerɛkyerɛe no, na boa wo Bible asuafo ma wɔn gyidi nyɛ den na wɔne wɔn soro Agya Yehowa mfa adamfo.—2 Kor. 1:24.

Tweetwee Bible Mu

jr 133-134 ¶11-12

‘Nguanhwɛfo a Me Koma Pɛ’

11 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de nsɛm a wɔka kyerɛ asafo no gyina Bible so; sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛma nsɛm a wɔka no ayɛ honhom fam aduan a ahoɔden wom. Ɛnde, wubetumi ahu sɛ, ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu no yɛ nkurɔfo a wɔde nsi sua Onyankopɔn Asɛm no na ama wɔayɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ nea Yeremia kae de kyerɛɛ nea enti a na wɔn a wodi ne nkurɔfo anim no nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn no ho. Ɔkae sɛ: “Nguanhwɛfo adan agyimfo, na wɔnhwehwɛɛ Yehowa mpo. Ɛno nti na wɔanni nyansasɛm no, na wɔn mmoa a wɔkɔ adidi nyinaa ahwete.” (Yer. 10:21) Wɔn a na anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo no amfa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm anyɛ adwuma, na na wɔnhwehwɛ Onyankopɔn. Enti, wɔantumi anyɛ wɔn ade nyansam ankasa. Yeremia kaa atemmusɛm bi a emu yɛ den paa tiaa wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ adiyifo no.—Monkenkan Yeremia 14:14, 15.

12 Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo sua ade, na wosuasua nea Yesu yɛe no, wɔnte sɛ saa nguanhwɛfo atorofo no. Enti, wobetumi asom sɛ nguankuw no so ahwɛfo a wonim nyansa. Esiane sɛ nneɛma ahorow pii gye asafo mu mpanyimfo bere nti, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe asua ade daa. Nanso, sɛ wosom sɛ asafo mu panyin a, so wugye di paa sɛ, sɛ wugyina Onyankopɔn Asɛm no ne akwankyerɛ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma so kyerɛkyerɛ nkutoo a, ɛnna nimdeɛ ne nhumu bɛda adi wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ma ayɛ nokware na atumi ayɛ nea mfaso wɔ so? Sɛ wuhu sɛ wunni nhyehyɛe papa biara a w’ankasa wode sua ade sɛnea bere bi na woyɛ no a, dɛn na wobɛyɛ na amma woanyɛ sɛ nguanhwɛfo atorofo a na wɔwɔ Yeremia bere so no?

JUNE 29–JULY 5

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 11-12

Sɛnea Wubetumi Ne “Apɔnkɔ Atu Mmirika”

w04 11/1 16 ¶12

Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye

12 Ɛnnɛ nso, esiane nsi a yɛn Yehowa Adansefo de ka Ahenni no ho asɛmpa nti, wɔtaa yɛn. Yɛn atamfo no bɔ yɛn sobo sɛ yɛnam “anuɔden so na ɛsakra nkurɔfo.” Nanso yenim sɛ wɔbɔɔ Yehowa nokware asomfo a wɔtraa ase tete mmere mu no sobo a ɛte saa ara. (Yeremia 11:21; 20:8, 11) Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ ade a ɛmaa adiyifo anokwafo no huu amane no ara bi nti na yɛn nso yɛrehu amane. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa, NW] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo [anigyefo, NW].”—Yakobo 5:10, 11.

w11 3/15 32 ¶19

Ma W’ani Nna Hɔ Sɛnea Yeremia Yɛe No

19 Now Ɛnyɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn ho wɔ Ahenni no ho adwuma a yɛreyɛ no mu, na mmom ɛsɛ sɛ yesusuw nea asɛm a ɛwɔ Yeremia 12:5 kyerɛ no ho. (Monkenkan.) Yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow a ɛsɛ sɛ yegyina ano. Yebetumi de nneɛma a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ yi atoto “anammɔnfo” a ɛsɛ sɛ yɛne wɔn tu mmirika ho. Nanso, bere a “ahohiahia kɛse” no rebɛn no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ nneɛma mu bɛkɔ so ayɛ den paa. (Mat. 24:21) Yebetumi de sɛnea yebegyina nneɛma a emu bɛyɛ den paa ano daakye no atoto ‘apɔnkɔ a yɛne wɔn retu mmirika’ ho. Onipa behia ahoɔden kɛse na ama watumi ne apɔnkɔ atu mmirika. Enti, mfaso wɔ so sɛ yegyina sɔhwɛ a yehyia no seesei no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asiesie yɛn ama nea yebehyia daakye no.

w23.07 6-7 ¶15-16

Woasiesie Wo Ho Ama Ahohiahia Kɛse No Anaa?

15 Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, nsafo a yɛwɔ mu no, ɛsono sɛnea obiara te ne sɛnea obiara yɛ n’ade. Sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn mu biara suban pa so a, ɛbɛboa ama ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den. Onuawa bi a ne din de Vanessa a ɔsom wɔ New Zealand no, kan no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne anuanom bi a ɛwɔ n’asafo mu bɛbɔ. Nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ, sɛ anka ɔbɛtwe ne ho afi anuanom a wɔn ho yɛ no ahi ho no, ɔbɛfa wɔn nnamfo mmom. Ɔyɛɛ saa no, ɛboaa no ma ohuu nea Yehowa pɛ wɔ saa anuanom no ho. Ɔka sɛ: “Efi bere a me kunu bɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo no, daa yehyia anuanom bebree a ɛsono sɛnea obiara te, na ɛnyɛ den sɛ me ne wɔn bɛbɔ. Sɛnea obiara te no, seesei ɛyɛ me fɛ paa. Ɛda adi sɛ Yehowa nso pɛ no saa, efisɛ ɔno na watwe anuanom a ɛsono sɛnea obiara te yi nyinaa aba ne nkyɛn.” Sɛ yɛbɔ mmɔden hu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—2 Kor. 8:24.

16 Ahohiahia kɛse no ba a, ebehia paa sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ɛhe na yebenya ahobammɔ? Bere a atamfo tow hyɛɛ Babilon so no, momma yɛnhwɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ. Ɔkaa sɛ: “Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu na monto mo apon mu wɔ mo akyi. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yes. 26:20) Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yɛn nso ebia ebehia sɛ yetie saa akwankyerɛ no. Ebia “mpia” no begyina hɔ ama yɛn nsafo a yɛwɔ mu no. Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛfa yɛn nuanom saa ara kɛkɛ, na mmom saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho dɔ wɔn. Ebia ɛno na ebegye yɛn nkwa!

Tweetwee Bible Mu

jr 118 ¶11

So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”

11 Bere a Yeremia hui sɛ asi abɔnefo yiye no, ɛhaw no paa. (Monkenkan Yeremia 12:1, 3.) Ɛnyɛ sɛ na odiyifo no rekasa atia Yehowa trenee, na mmom na ‘n’asɛm’ ho mmuae na na ɔrehwehwɛ. Ne koma mu asɛm a ɔkae no da no adi pefee sɛ na ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa, sɛnea abofra ne n’agya a ɔdɔ no kasa no. Nea na Yeremia nte ase ara ne nea enti a na Yudafo pii redi yiye ɛmfa ho sɛ na wɔyɛ abɔnefo no. So Yeremia nyaa mmuae a ɛmaa ne bo tɔɔ ne yam? Yehowa maa no awerɛhyem sɛ, obetu abɔnefo ase. (Yer. 12:14) Bere a Yeremia huu nea ebefi asɛm a ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae wɔ ho no mu aba no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ahotoso a na ɔwɔ sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee no mu yɛɛ den. Ɛno nti, ɛbɛyɛ sɛ Yeremia kɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn a ɔyɛ n’Agya no mpae mpɛn pii kaa n’asɛm kyerɛɛ no.

[Ase hɔ asɛm]

a “Wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔatõ me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔn ho bepurow ɔhonam nyinaa.”—Yes. 66:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena