Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr26 July kr. 1-12
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • JULY 6-12
  • JULY 13-19
  • JULY 20-26
  • JULY 27–AUGUST 2
  • AUGUST 3-9
  • AUGUST 10-16
  • AUGUST 17-23
  • AUGUST 24-30
  • AUGUST 31–SEPTEMBER 6
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
mwbr26 July kr. 1-12

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

JULY 6-12

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 13-15

Ɛfata Sɛ Yetie Yehowa

jr 51-52 ¶17-18

Hwɛ Yiye Wɔ Koma a Ɛyɛ Okontomponi Ho

17 Ná Yeremia adwuma no hwehwɛ sɛ odi Onyankopɔn akwankyerɛ so. Sɛ na wone Yeremia a, so anka wubegye akwankyerɛ biara a wɔde bɛma wo no atom? Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa nwera abɔso mmɔ. Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ontwa kwan nkɔ Eufrate. Fa asase mfonini na hwɛ, na wubehu sɛ otwaa kwan bɛyɛ kilomita 500. Sɛ Yeremia du hɔ a, na ɔde abɔso no bɛhyɛ tokuru bi a ɛda ɔbotan bi ho mu, na afei wasan n’akyi atwa kwan aba Yerusalem. Akyiri yi, Onyankopɔn ma ɔsan kɔfaa abɔso no. (Monkenkan Yeremia 13:1-9.) Ne nyinaa mu no, na Yeremia betwa kwan bɛyɛ kilomita 1,900. Wɔn a wɔkasa tia Bible ka sɛ wonnye nni sɛ Yeremia de asram pii twaa kwantenten saa. (Esra 7:9) Nanso, saa na Onyankopɔn kae, na saa ara na Yeremia nso yɛe.

18 Wo de, twa mfonini wɔ w’adwenem hwɛ, sɛ́ odiyifo no nam Yuda mmepɔw so, na afei ɔkɔfa anhweatam bi so—egyina ɔkwan a ɔfaa so no so—na ɔde n’ani akyerɛ Eufrate. Nea ɛma otwaa kwan yi nyinaa ne sɛ ɔde nwera abɔso bɛkɔ akohintaw baabi! Ɛbɛyɛ sɛ bere tenten a okodii no maa nnipa a wɔne no te mpɔtam no fii ase dwinnwen nea ato no ho. Bere a ɔsan bae no, na abɔso no mmɔ no. Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan ntwa kwantenten no bio nkɔfa abɔso a na saa bere no “wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye” no. Hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ anka obetumi anya adwene sɛ: ‘Afei de ayɛ yiye. Mfaso biara nni nea mereyɛ yi so.’ Nanso, esiane sɛ na Onyankopɔn anwene no nti, wannya saa adwene no. Sɛ́ anka obenwiinwii no, odii akwankyerɛ a wɔde maa no no so!

jr 52 ¶19

Hwɛ Yiye Wɔ Koma a Ɛyɛ Okontomponi Ho

19 Ɛyɛ n’akwantu a ɛto so abien no mu na Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ no nneɛma mu. Nea Yeremia yɛe no ma onyaa nea obegyina so aka asɛm a tumi wom yi. Ɔkae sɛ: “Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm yi, wɔnam wɔn koma atuatew mu akodi anyame foforo akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akotow wɔn. Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔso a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.” (Yer. 13:10) Ɔkwan a etu mpɔn a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo bɛn ara ni! Ɛwom sɛ, sɛnea Yeremia fi ne komam yɛɛ osetie maa Yehowa no betumi ayɛ sɛ ade ketewaa bi de, nanso ɛyɛ ɔkwan a Yehowa faa so bɔɔ mmɔden sɛ obedu ne nkurɔfo no koma mu.—Yer. 13:11.

w22.12 20 ¶16

Ɔhaw Bi Ba a, Wubetumi Anya Asomdwoe

16 Sɛ atumfoɔ no bara yɛn adwuma no, anaa wɔma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsom Yehowa sɛnea yɛpɛ a, ebia Betel anaa asafo mu mpanyimfo bɛma yɛn akwankyerɛ. Akwankyerɛ a ɛte saa botae ne sɛ ɛbɛbɔ yɛn ho ban, ɛbɛboa ama yɛakɔ so anya honhom fam aduan, na aboa yɛn ama yɛakɔ so aka asɛmpa no sɛnea ɛsɛ. Sɛ wɔde akwankyerɛ ma na sɛ wonte ase mpo a, yɛ nea wubetumi biara di so. (Yak. 3:17) Afei nso, hwɛ yiye na nsɛm a ɛfa anuanom ne asafo no dwumadi ho no, woanyi no adi ankyerɛ wɔn a wɔnni hokwan sɛ wɔhu.—Ɔsɛnk. 3:7.

w08 6/15 19 ¶7

Tie Yehowa Asɛm

7 Sɛ yɛnte nea enti a Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a wakyerɛ sɛ yɛnyɛ wɔ n’Asɛm no mu ase yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yetie na yɛde yɛ adwuma. Eyi nyɛ gyidi a enni nnyinaso; ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso. Ɛda adi sɛ, yɛwɔ ahotoso paa sɛ Yehowa nim nea eye ma yɛn. Sɛ yetie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ nso sɛ yɛdɔ no, efisɛ ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yoh. 5:3) Nanso, biribi foforo nso wɔ hɔ a sɛ yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ osetie, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 10 ¶4

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

15:16, 17. Yebetumi ako atia abasamtu te sɛ Yeremia. Yɛnam Bible a yebesua no anibere so, Yehowa din ho a yɛbɛtew wɔ asɛnka mu, ne fekubɔne a yɛbɛkwati so betumi ayɛ saa.

JULY 13-19

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 16-17

Ɛnyɛ Obiara Kɛkɛ Na Ɛsɛ Sɛ Wode Wo Ho To No So

it “Ɔpopaw” No. 2

Ɔpopaw

2. [Hebri kasa mu yɛfrɛ no, ʽaroh·ʽerʹ or ʽar·ʽarʹ]. Arabic asɛmfua ʽarʽar no boa yɛn ma yehu sɛ, saa dua yi bɛyɛ Juniperus Phoenicia. Ɛyɛ dua tiatia bi a ne nhaban yɛ kusuu. Yebetumi ahu bi wɔ Sinai mantam mu, na ebi nso wɔ Edom Sare so. Hebri asɛmfua a wɔnyaa dua yi din fii mu no, ɛkyerɛ adagyaw anaa biribi a abɔ kwaterekwa. Saa dua tiatia a wɔfrɛ no ɔpopaw yi, sɛ esi hɔ na wuhu a, asɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ. Sare so mmeae bi a ɛhɔ yɛ abotan, ne abotan mu ntokuru mu na wubehu sɛ saa nnua yi sisi. Sɛnea wɔde saa dua yi ayɛ adwuma wɔ Yeremia nhoma no mu no fata paa. Wɔde ɔbarima a ne koma aman afi Yehowa ho toto “dua koro [ʽar·ʽarʹ] a esi sare so” ho. Afei nso, Yehowa bɔɔ Moabfo kɔkɔ sɛ, wɔnguan na wɔnyɛ “sɛ sare so ɔpopaw dua [ka·ʽaroh·ʽerʹ].”—Yer 17:5, 6; 48:1, 6.

w22.09 2 ¶2

Wubetumi Agye Anuanom Adi

2 Yɛn Kristofo de, yenim sɛ Yehowa paa na yebetumi agye no adi. (Yer. 17:7, 8) Yegye di sɛ ɔdɔ yɛn, na ‘ɔrennyaw ne nnamfo da.’ (Dw. 9:10) Yebetumi agye Kristo Yesu nso adi, efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (1 Pet. 3:18) Afei nso, Bible mu asɛm a yɛde ayɛ adwuma wɔ yɛn asetenam no ama yɛahu sɛ Bible betumi akyerɛ yɛn kwan yiye. (2 Tim. 3:16, 17) Yegye di paa sɛ, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa, Yesu ne Bible no so. Nanso ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi agye anuanom a ɛwɔ asafo no mu adi. Sɛ saa a, adɛn nti na yebetumi agye anuanom adi?

w18.05 9 ¶3

Asomdwoe—Wobɛyɛ Dɛn Anya?

Sɛ yɛde Yehowa ahyɛde ne ne nnyinasosɛm a ɛteɛ no yɛ adwuma a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso na yɛpɛ sɛ asomdwoe tena yɛne no ntam. (Yer. 17:7, 8; Yak. 2:22, 23) Yɛyɛ saa a, ɔno nso bɛn yɛn na ɔma yenya asomdwoe ankasa. Yesaia 32:17 ka sɛ: “Trenee nnwuma bɛyɛ asomdwoe, na nokware trenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.” Sɛ yefi yɛn komam tie Yehowa a, ɛnna yebenya asomdwoe ankasa.—Yes. 48:18, 19.

Tweetwee Bible Mu

w22.02 4 ¶7-8

Wugye Di Sɛ Nea Yehowa Yɛ Biara Ye Anaa?

7 Yefi yɛn koma nyinaa mu gye di sɛ, Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Nanso nea ebetumi ayɛ den ama yɛn ne sɛ yebenya anuanom a wodi nneɛma anim no mu ahotoso. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wodi nneɛma anim no, Yehowa na ɛkyerɛ wɔn kwan, na ɛnyɛ wɔn ankasa adwene na wodi akyi?’ Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na ebinom kura saa adwene no. Momma yɛnsan nhwɛ nhwɛso mmienu a yɛkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm 3 no. Ebia ɔbarima a obuu Homeda mmara no so no busuani bebisa ne ho sɛ, dɛn koraa na ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma wonkum ne busuani no? Hitini Uria a ne yere ne Dawid sɛee aware no nso, ebia n’adamfo bi bɛka sɛ esiane sɛ Dawid yɛ ɔhene nti, ɔde ne tumi danee atemmu no ani ma ɛno nti wɔamfa asotwe a ɛfata no no amma no. Nokwasɛm a ɛwom paa ne sɛ, wɔn a wodi nneɛma anim a Yehowa wɔ wɔn mu ahotoso no, sɛ yennye wɔn nni a, yɛrentumi nka sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso.

8 Ɛnnɛ, Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛkyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no kwan. (Mat. 24:45) Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no, wɔn na wɔhwɛɛ Onyankopɔn asomfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so, na wɔde akwankyerɛ maa asafo mu mpanyimfo. Ɛnnɛ nso, saa ara na akoa nokwafo no hwɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa so, na wɔma asafo mu mpanyimfo no akwankyerɛ. (Kenkan Asomafo Nnwuma 16:4, 5.) Sɛ mpanyimfo no nsa ka akwankyerɛ no a, wɔhwɛ de yɛ adwuma wɔ asafo ahorow no mu. Akwankyerɛ a yenya fi ahyehyɛde no ne asafo mu mpanyimfo hɔ no, sɛ yedi so a, ɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no, ɛno na ɛyɛ papa paa.

JULY 20-26

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 18-19

Sɛ Yɛayɛ Yehowa Bɔne Mpo a, Yebetumi Ne No Afa Adamfo Bio

it “Baal” No. 4 ¶23

Baal

Ɛwom sɛ Ɔhene Asa yeree ne ho sɛ obeyi Baalsom ne nneɛma a ɛbatabata ho no afi hɔ de, nanso na Baalsom agye ntini wɔ Yudafo no mu. (2Be 14:2-5) Bere a Ahab de ɔne Yesebel babea Atalia maa Yuda hene a ɔto so nson, Yehoram aware no, Atalia nam ne nkɛntɛnso bɔne so maa Tirofo Baalsom bewurawuraa Yudafo adehye abusua no mu. Atalia banana, Ɔhene Yehoas ahenni mfiase no, ɔyeree ne ho sɛ obetu Baalsom ase. Ɛnna akyiri yi, Ɔhene Hesekia nso yɛɛ saa ara, nanso wɔn mu biara antumi antu Baalsom ase korakora. (2Ah 11:18; 18:4) Hesekia ba Manase san sisii sorɔnsorɔmmea a na n’agya abubu agu no. (2Ah 21:3) Ɛwom sɛ na Baalsom afɔrefɔre Yuda ahemfo dodow no ara de, nanso Manase de, na ne de no boro so; na watɔ Baalsom mu ntintan. (2Ah 21:9-11) Akyiri yi, Ɔhene Manase yɛe sɛ obetu Baalsom ase, na Ɔhene Yosia a na ɔyɛ ne banana no nso yeree ne ho paa sɛ ɔbɛyɛ saa. Nanso ne nyinaa akyi no, sɛ wɔma nokwaresom so a, ɛnkyɛ, na asan agye agu. Baalsom a na adonnɔn Yudafo no nti na Yehowa ma wɔsoaa wɔn kɔɔ obi man so maa asaase no daa hɔ kwa a na obiara nte so no.—2Be 33:10-17; 2Ah 23:4-27; Yer 32:29.

w25.08 23 ¶11

Sɛnea Yebetumi Adi Akɔnnɔ Bɔne So Nkonim

11 Sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu na yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee a, yebetumi afa no sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho no na akɔyɛ sɛ “nne” bi a ɛredaadaa yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yetie no. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma bɔne ‘kɔ so di hene’ wɔ yɛn so. (Kenkan Romafo 6:12.) Wei kyerɛ sɛ, sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yɛpɛ a na yɛbɛma adi yɛn so. (Gal. 5:16) Yehowa nim sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ, ɛnyɛ saa a anka ɔrenka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnko ntia. (Deut. 30:11-14; Rom. 6:6; 1 Tes. 4:3) Ɛda adi pefee sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yebetumi ako atia.

Tweetwee Bible Mu

it “Ɔnwemfo” ¶8

Ɔnwemfo

Ɔnwemfo wɔ dɔte so tumi. Wɔde saa asɛm yi yɛ mfatoho de kyerɛ sɛnea Yehowa wɔ ankorankoro ne amanaman so tumi. (Yes 29:15, 16; 64:8) Onyankopɔn ne Ɔnwemfo Kɛse no, na n’ani so no, na Israelfo no te sɛ “sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no.” (Yer 18:1-10) Sɛnea dɔte rentumi ne ne nwemfo nni asi no, saa ara na onipa rentumi ne Onyankopɔn nni asi. (Yes 45:9) Sɛnea yetumi de kuku anaa ahina hwe fam paapae no no, saa ara na sɛ nnipa bi yɛ bɔne a, Yehowa betumi asɛe wɔn pasaa.—Yer 19:1-11.

JULY 27–AUGUST 2

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 20-21

Ná Ɔyɛ Ɔsɛmpakafo a Ɔwɔ Akokoduru

w11 3/15 30 ¶9

Ma W’ani Nna Hɔ Sɛnea Yeremia Yɛe No

9 Bere a edi kan a Yehowa ne Yeremia kasae no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano. Eyi ma yehu sɛ wɔamfa akokoduru kɛse a ɔdaa no adi akyiri yi no anwo no. Nokwasɛm ne sɛ, Yeremia ho a ɔde too Onyankopɔn so koraa no na ɛma onyaa akokoduru soronko a ɔdaa no adi wɔ nkɔm ahorow a ɔhyehyɛe no mu. Nokwarem no, na Yehowa ka odiyifo Yeremia ho “sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔboaa Yeremia, na ɔmaa no ahoɔden a ɔde bɛyɛ adwuma no. (Yer. 20:11) Yeremia gyee din sɛ obi a ɔwɔ akokoduru araa ma bere a Yesu baa asase so no, na nkurɔfo susuw sɛ Yesu yɛ Yeremia a wɔasan awo no!—Mat. 16:13, 14.

w10 2/15 7 ¶8-9

‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’

8 Susuw nea ɛboaa odiyifo Yeremia ma onyaa akokoduru no nso ho hwɛ. Bere a Yehowa paw Yeremia sɛ ɔnyɛ odiyifo mma amanaman no, Yeremia kae sɛ: “Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yer. 1:4-6) Nanso, bere bi akyi no, Yeremia de akokoduru kɔɔ so kaa asɛm no araa ma nnipa pii buu no sɛ mmusu nkutoo ho asɛm na ɔka. (Yer. 38:4) Ɔkaa Yehowa atemmusɛm akokoduru so bɛboro mfe 65. Ná wonim Yeremia yiye wɔ Israel sɛ obi a ɔka asɛm akokoduru so a onsuro ma enti bɛyɛ mfe 600 akyi, bere a Yesu kasae akokoduru so no, na ebinom susuw sɛ ɔyɛ Yeremia a wɔasan awo no. (Mat. 16:13, 14) Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo Yeremia a mfiase no na ɔmpɛ sɛ ɔka asɛm no tumi dii ne fɛre so? Ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn asɛm no yɛɛ] me komam sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; mebrɛe.” (Yer. 20:9) Nokwarem no, Yehowa asɛm nyaa Yeremia so tumi, na ɛkanyan no ma ɔkasae.

9 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Onyankopɔn asɛm betumi akanyan yɛn te sɛ nea ɛkanyan Yeremia no. Kae sɛ ɛwom sɛ nnipa na wɔma wɔkyerɛw Bible no de, nanso ɛnyɛ nnipa nyansa na ɛwom, efisɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn. Yɛkenkan wɔ 2 Petro 1:21 sɛ: “Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.” Sɛ yɛn ankasa gye bere de sua Bible yiye a, asɛm a wɔnam honhom kronkron so kyerɛwee no bɛhyɛ yɛn adwene mu ma. (Monkenkan 1 Korintofo 2:10.) Saa asɛm no betumi ayɛ te sɛ “ogya a ɛredɛw” wɔ yɛn mu ma enti yɛrentumi nka yɛn ano ntom.

Tweetwee Bible Mu

w13 3/15 10 ¶11

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

11 Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea ɛsɔ n’ani daa. Ɔmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne no ntam. Yeremia kaa treneefo ho asɛm sɛ: “O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu; wo na wuhu asaabo ne koma mu.” (Yer. 20:12) Sɛ Yehowa hwehwɛ ɔtreneeni mpo komam a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ yɛn koma mu hu nea ɛwom. (Monkenkan Dwom 11:5.) Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu suban anaa akɔnnɔ bi a asuma yɛn komam a ehia sɛ yɛyɛ ho biribi. Ebia yebehu nneɛma bɔne bi a ama yɛn koma asi kyekye a ebehia sɛ yɛyɛ “oprehyɛn” twitwa gu. Eyi bɛyɛ te sɛ nea yɛretwa yɛn koma twetia. Sɛ worehwehwɛ wo komam a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wogyen w’ani hwɛ? Sɛ wuhu biribi a enye a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae?—Yer. 4:4.

AUGUST 3-9

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 22-23

Nea Enti a Yehia Nguanhwɛfo Pa

w94 3/1 8 ¶4

Yehowa Atemmu a Etia Atoro Akyerɛkyerɛfo

4 Yiw, saa adiyifo, anaa akyerɛkyerɛfo yi ankasa yɛɛ nhwɛso bɔne wɔ abrabɔ fam, na wɔnam saayɛ so hyɛɛ ɔman no nkuran ma wɔyɛɛ saa ara. Hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ! So wɔnte sɛ Yeremia bere so nnipa no ara pɛ? Ɛnnɛ, asɔfokuw ma emufo a wɔyɛ awaresɛefo ne mmarima a wɔne wɔn ho da kɔ so yɛ asɔfo, na wɔma wɔyɛ asɔre mpo. So ɛyɛ nwonwa sɛ asɔre mma pii nso bra asɛe?

it “Ɔwae” ¶4

Ɔwae

Israel ne Yuda ahemfo dodow no ara wae fii nokwaresom ho. Wɔn mu bi ne: Saul (1Sa 15:11; 28:6, 7), Yeroboam (1Ah 12:28-32), Ahab (1Ah 16:30-33), Ahasia (1Ah 22:51-53), Yehoram (2Be 21:6-15), Ahas (2Be 28:1-4), ne Amon (2Be 33:22, 23). Bere bi akyi no, ɔman no nyinaa wae fii nokwaresom ho, efisɛ wɔtiee asɔfo ne adiyifo a na wɔyɛ awaefo (Yer 23:11, 15) ne nnipa foforo a wɔnka mmara. Ná saa nkurɔfo no ano yɛ dɛ, na na wɔnka nokware. Wɔmaa ɔman no de wɔn ho hyɛɛ ɔbra fĩ ne aguamammɔ mu, na Yehowa a “ɔyɛ nkwa nsuti no,” wɔgyaw no hɔ. (Yes 10:6; 32:6, 7; Yer 3:1; 17:13) Yesaia 24:5 ma yehu sɛ, na ‘wɔn a wɔte asaase no so no agu ho fĩ [cha·nephahʹ], efisɛ na wɔakwati mmara no, wɔasesa ahyɛde no, na na wɔabu daa apam no so.’ Enti ɔsɛe a Onyankopɔn ahyɛ ho nkɔm a na ɛreba no, na wɔrenhu wɔn mmɔbɔ.—Yes 9:17; 33:11-14; Sef 1:4-6.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 11 ¶1

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

23:33—Ɛdɛn ne “Yehowa adesoa” no? Yeremia bere so no, atemmusɛm a anibere wom a odiyifo no ka faa Yerusalem a na wɔrebɛsɛe no ho no, na ɛyɛ adesoa ma ne manfo no. Nkurɔfo a na wɔn koma yɛ den no nso, na wɔyɛ adesoa ma Yehowa ma enti na ɔbɛtow wɔn akyene. Saa ara na Bible mu nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔrebɛsɛe Kristoman no nso yɛ adesoa ma Kristoman. Nkurɔfo a wɔntie ɔsɛe a ɛreba no ho asɛm no nso, wɔyɛ adesoa paa ma Onyankopɔn.

AUGUST 10-16

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 24-25

“Borɔdoma” a Eye Ne Nea Enye Ho Mfatoho No, Ɛdɛn Na Yesua Fi Mu?

w94 3/1 14 ¶6

Aba Pa ne Aba Bɔne

6 Ná Yekonia, anaa Yehoiakin, adi Yuda so hene asram abiɛsa ne dadu pɛ na ofii ne pɛ mu de Yerusalem hyɛɛ Ɔhene Nebukadnesar ase. Ná Daniel ne ne nnamfo Hebrifo baasa no, Hanania, Misael, ne Asaria ne afei Hesekiel nso ka wɔn a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no ho. Babilon hene no koraa wɔn nkwa so, ma enti yebetumi aka sɛ Yehowa buu nnommum yi nyinaa sɛ wɔde wɔn kɔɔ Kaldeafo asase so ɔkwampa so. So wohyɛɛ no nsow sɛ Yehowa hyɛɛ bɔ nso sɛ ‘ɔde n’ani besi wɔn so ɔkwampa so’? Ɔkwan bɛn so na eyi baam? Mfe 80 akyi, wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Ɔhene Kores hyɛɛ mmara bi a ɛmaa wɔn asefo nkaefo bi kwan sɛ wɔnsan nkɔ Yuda asase so. Saa Yudafo anokwafo yi san kyekyee Yerusalem kurow no; wosii asɔrefi foforo de som wɔn Nyankopɔn Yehowa; na wɔde wɔn koma nyinaa san baa ne nkyɛn. Enti eyi nyinaa mu no, na saa nnommum yi ne wɔn asefo te sɛ mmorɔdɔma pa a edi kan ma Yehowa.

w94 3/1 15 ¶10

Aba Pa ne Aba Bɔne

10 Enti Sedekia bɛyɛɛ ‘borɔdɔma bɔne’ wɔ Yehowa ani so ampa. Ɛnyɛ atua nko na ɔtew tiaa Ɔhene Nebukadnesar denam nokwaredi ntam a ɔkaa ɔhene no wɔ Yehowa din mu a obuu so no so, na mmom ɔpow Yehowa mmɔborohunu a ɔnam Yeremia so yii no adi kyerɛɛ no no nso koraa. Nokwarem no, ɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri ma ɔmaa wɔde Yeremia too afiase mpo! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Esra kaa ɔhene no suban ho asɛm tiawa sɛnea ɛwɔ 2 Beresosɛm 36:12 no: “Ɔyɛɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn ani so bɔne; wammrɛ ne ho ase.” Yehowa ani so no, na Sedekia ne wɔn a wɔaka wɔ Yerusalem no nyinaa te sɛ mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ bɔne a aporɔw!

w13 3/15 8 ¶3

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

3 Momma yenni kan nhwɛ asɛm bi a Onyankopɔn ka faa borɔdɔma ho wɔ Yeremia bere so. Afe 617 A.Y.B. no, na Yudafo no reyɛ nneɛma bi a Yehowa ani nnye ho. Enti ɔmaa Yeremia nyaa anisoadehu bi; ohuu nea ɛbɛba Yudafo so daakye. Onyankopɔn de wɔn totoo borɔdɔma akuw abien ho; kuw biako “ye paa” na biako ‘nye koraa.’ (Monkenkan Yeremia 24:1-3.) Ná borɔdɔma a enye no gyina hɔ ma Ɔhene Sedekia ne afoforo a Ɔhene Nebukadnesar de n’asraafo reba wɔn so no. Nanso na ebinom wɔ hɔ a yebetumi aka sɛ wɔyɛ borɔdɔma a eye paa. Wɔn mu bi ne Hesekiel, Daniel ne ne nnamfo baasa a na wɔwɔ Babilon ne Yudafo a na wɔde wɔn bɛkɔ hɔ no. Nkɔmhyɛ no daa no adi sɛ ebinom bɛsan akɔkyekye Yerusalem ne n’asɔrefie no, na ɛbaa mu saa ara.—Yer. 24:8-10; 25:11, 12; 29:10.

w13 3/15 10 ¶10-11

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

10 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ wama yɛahu nea sɛnkyerɛnne kwan so koma no kyerɛ! Nanso ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Eyi fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho dɛn?’ Asafo no mufo dodow no ara de nokwaredi resom Yehowa na wɔbɔ bra pa; wɔnyɛ wɔn ade sɛ Yudafo pii a na wɔte sɛ ‘borɔdɔma a enye’ no. Nanso kae adesrɛ a ɔtreneeni Dawid de too Yehowa anim yi: “O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu. Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen, na hwɛ sɛ mmusu kwan bi wɔ me mu anaa.”—Dw. 17:3; 139:23, 24.

11 Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea ɛsɔ n’ani daa. Ɔmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne no ntam. Yeremia kaa treneefo ho asɛm sɛ: “O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu; wo na wuhu asaabo ne koma mu.” (Yer. 20:12) Sɛ Yehowa hwehwɛ ɔtreneeni mpo komam a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ yɛn koma mu hu nea ɛwom. (Monkenkan Dwom 11:5.) Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu suban anaa akɔnnɔ bi a asuma yɛn komam a ehia sɛ yɛyɛ ho biribi. Ebia yebehu nneɛma bɔne bi a ama yɛn koma asi kyekye a ebehia sɛ yɛyɛ “oprehyɛn” twitwa gu. Eyi bɛyɛ te sɛ nea yɛretwa yɛn koma twetia. Sɛ worehwehwɛ wo komam a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wogyen w’ani hwɛ? Sɛ wuhu biribi a enye a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae?—Yer. 4:4.

Tweetwee Bible Mu

it “Onyankopɔn Ahenni” ¶36

Onyankopɔn Ahenni

Israel ahemman ne Yuda ahemman a na wɔawae afi nokwaresom ho no, aman te sɛ Asiria ne Babilon sɛee wɔn pasaa. Ɛwom, Onyankopɔn ankasa na ɔkaa sɛ ‘ɔbɛma’ Asiria ne Babilon abɛtow ahyɛ Israel ahemman ne Yuda ahemman a na Onyankopɔn abu wɔn fɔ no so. (De 28:49; Yer 5:15; 25:8, 9; Hes 7:24; Am 6:14) Nanso wei a Onyankopɔn kae no, na ɛte sɛ bere a Onyankopɔn kaa sɛ ɔbɛma Farao ‘apirim’ ne koma no pɛpɛɛpɛ. (Hwɛ OTUMI KYERƐ NEA EBESI DAAKYE, OTUMI DI KAN HYƐ BIRIBI TO HƆ MA ƐBA MU [Nea ɛfa ankorankoro bi ho].) Ná Asiria ne Babilon abɔ Israel ahemman no ne Yuda ahemman no ato hɔ dedaw, anaa na ɛwɔ wɔn komam sɛ, sɛ wɔnya wɔn a wɔbɛtɔre wɔn ase. Enti ka a Bible kaa sɛ Onyankopɔn de Asiria ne Babilon ‘bɛba’ Israel ne Yuda so no, nea na ɛkyerɛ ara ne sɛ, na Onyankopɔn bɛma kwan ama Asiria ne Babilon atow ahyɛ Israel ne Yuda so. (Yes 10:7; Kwa 2:16; Mik 4:11) Onyankopɔn yii ne ‘nsa’ fii Israel ne Yuda so maa Asiria ne Babilon tirim a na wɔabɔ sɛ wɔbɛsɛe Israel ne Yuda no baa mu. (De 31:17, 18; fa Esr 8:31 toto Esr 5:12 ho; Ne 9:28-31; Yer 34:2.) Israelfo a na wɔawae afi nokwaresom ho no sen wɔn kɔn sɛ wɔrenni Yehowa mmara so, na n’apɛde nso, wɔrenyɛ. Ná Yehowa aka akyerɛ Israelfo no sɛ, wɔnnyaa wɔn nkoa ne wɔn nuanom ne wɔn yɔnkonom mma wɔmfa wɔn ho nni, nanso wɔantie. Wɔn asoɔden no nti, Yehowa de wɔn maa ‘sekan ne nsanyare a edi awu ne ɔkɔm.’ (Yer 34:17) Nanso wei nkyerɛ sɛ, tow a saa aman a wɔsom abosom yi tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no nti, afei de na Onyankopɔn pene aman a wɔsom abosom no so. Saa ara nso na Onyankopɔn amfa no sɛ, nea saa aman a wɔsom abosom no yɛe no, asɛm biara nni ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔsɛee Israel ahemman ne Yuda ahemman no, Yerusalem a na ɛyɛ ahenkurow, ne asɔrefie kronkron a na esi Yerusalem no pasaa, na wɔyɛɛ emu nnipa no nso ayayade. Ɛno nti, na ɛfata sɛ Yehowa a ɔno ne asaase nyinaa Temmufo no buu Asiria ne Babilon fɔ sɛ ‘wɔfom n’agyapade.’ Ná Onyankopɔn betumi abu wɔn atɛn na wasɛe wɔn pasaa sɛnea wɔn nso sɛee ne nkurɔfo a na ɔne wɔn ayɛ apam no.—Yes 10:12-14; 13:1, 17-22; 14:4-6, 12-14, 26, 27; 47:5-11; Yer 50:11, 14, 17-19, 23-29.

AUGUST 17-23

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 26-28

Mma Atoro Adiyifo Nnnaadaa Wo

w24.07 12 ¶13-15

Wutumi Hu Nokware No?

13 ‘Kɔ so kura nsɛmpa ho nhwɛso no mu.’ (2 Tim. 1:13) “Nsɛmpa ho nhwɛso” no, ɛno ne Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no. (Yoh. 17:17) Biribiara a yegye di no, ɛno na saa nkyerɛkyerɛ no gyina so. Yehowa ahyehyɛde no ama yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yekura saa nkyerɛkyerɛ no mu denneennen. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn.

14 Sɛ yɛankɔ so ankura “nsɛmpa ho nhwɛso” no mu a, dɛn na ebetumi ato yɛn? Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Asomafo no bere so no, ɛbɛdaa adi sɛ na Kristofo no bi rekeka sɛ Yehowa da no aba. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn nsa kaa krataa bi a ɛkaa biribi saa, na wɔfaa no sɛ Ɔsomafo Paul na ɔkyerɛwee. Kristofo a na ɛwɔ Tesalonika no, wɔn mu bi gyee saa asɛm no dii a wɔanhwehwɛ mu nokware, na wɔkeka kyerɛɛ afoforo mpo. Sɛ wɔkaee nsɛm a Paul ka kyerɛɛ wɔn bere a na ɔwɔ wɔn nkyɛn no a, anka wɔremma saa asɛm no nnaadaa wɔn. (2 Tes. 2:1-5) Paul tuu ne nuanom fo sɛ, ɛnyɛ asɛm biara a wɔbɛte na ɛsɛ sɛ wɔgye di. Afei nso sɛnea ɛbɛyɛ a daakye wɔn ani bɛda hɔ no, bere a Paul kyerɛw ne krataa a ɛtɔ so mmienu kɔmaa Tesalonikafo no, owiee n’asɛm no sɛ: “Me nkyia a mede m’ankasa me nsa kyerɛwee ni. Ɛyɛ ahyɛnsode wɔ me krataa biara mu; sɛɛ na mekyerɛw.”—2 Tes. 3:17.

15 Asɛm a Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛte asɛm bi a ɛne nea yɛasua wɔ Bible mu no nhyia, anaa nkurɔfo haahaa wɔn ani keka nsɛm bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye. Bere bi, yɛn atamfo a wɔwɔ kan Soviet Union de krataa bi kɔmaa anuanom, na wɔma ɛyɛɛ te sɛ nea efi asafo ti no hɔ. Krataa no mu no, wɔka kyerɛɛ anuanom no bi sɛ wɔntew wɔn ho mfi asafo no ho na wɔnkɔtew wɔn kuw. Wohwɛ krataa a wɔkyerɛwee no a, na asɛ asɛm biara nni ho. Nanso anuanom anokwafo amma wei annaadaa wɔn. Wɔhui sɛ nsɛm a ɛwɔ krataa no mu ne nea wɔasua no nhyia. Ɛnnɛ, ɛtɔ da a yɛn atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa abɛɛfo mfiri so ama yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa, na wɔde mpaapaemu aba yɛn mu. Sɛ yɛte anaa yɛkenkan asɛm bi a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛma ɛsɛe yɛn adwene ntɛm,’ na mmom ɛsɛ sɛ yɛde toto nea yɛasua dedaw no ho hwɛ sɛ ɛyɛ nokware a. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.—2 Tes. 2:2; 1 Yoh. 4:1.

Tweetwee Bible Mu

jr 122 ¶18

So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”

18 Bere a na Yeremia reyɛ ne nkɔmhyɛ adwuma no, akyinnye biara nni ho sɛ, osuaa biribi fii sɛnea ne beresofo no yɛɛ wɔn ade wɔ tebea ahorow bi mu no mu. Wɔn mu biako ne odiyifo Uriya a ɔhyɛɛ nkɔm tiaa Yerusalem ne Yuda wɔ bere a na Yehoiakim redi tumi no. Nanso, esiane sɛ na Uriya suro Ɔhene Yehoiakim nti, oguan kɔɔ Egypt. Ɛno akyi no, ɔhene no somaa mmarima bi ma wɔkɔfaa Uriya fii Egypt bae, na ɔma wokum no. (Yer. 26:20-23) Wususuw sɛ Yeremia suaa biribi fii nea ɛtoo Uriya no mu? Ɔsɛe a na ɛreba Yudafo so ho kɔkɔbɔ a Yeremia kɔɔ so de maa wɔn, ná mpo ɔyɛɛ saa wɔ asɔrefie hɔ no, da no adi sɛ osuaa biribi fii mu. Yeremia kɔɔ so daa akokoduru adi, na Yehowa annyaw no. Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn kaa Safan ba Ahikam koma ma ɔbɔɔ Yeremia a na ɔyɛ ɔkokodurufo no ho ban.—Yer. 26:24.

AUGUST 24-30

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 29-30

Yehowa Teɛ N’asomfo So Sɛnea Ɛfata

jr 115 ¶3

So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”

3 Sɛ Yudafo no bisae sɛ “Yehowa wɔ he?” a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ na wɔhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ansa na wɔasisi gyinae akɛse ne nketewa. Yudafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no anyɛ saa. Nanso, sɛ na wɔsɛe Yerusalem na wɔsan fi Babilon ba a, na ‘wɔbɛhwehwɛ Yehowa.’ Sɛ na wɔyɛ saa a, na wobetumi ahu Yehowa ne n’akwan. (Monkenkan Yeremia 29:13, 14.) Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɔkwan biako a na wobetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobefi wɔn komam abɔ Onyankopɔn mpae de ahwehwɛ n’akwankyerɛ. Saa na Ɔhene Dawid yɛe. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O Yehowa, ma minhu w’akwan; kyerɛkyerɛ me w’atempɔn.” (Dw. 25:4) Hyɛ asɛm a mpaebɔ Tiefo no nam Yeremia so ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia wɔ n’ahenni afe a ɛto so du mu no nsow. Ɔkae sɛ: “Frɛ me, na megye wo so, na mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.” (Yer. 33:3) Sɛ na ɔhene no ne ɔman a wɔabɔ ko no frɛ Onyankopɔn a, na Onyankopɔn betumi aka nneɛma a ‘wɔnte ase,’ kyerɛ sɛ, Yerusalem a na wɔbɛsɛe no na wɔasan akyekye wɔ mfe 70 akyi no ho asɛm akyerɛ wɔn.

jr 168 ¶2

Wubetumi Anya Apam Foforo No So Mfaso

2 Ka a Yeremia kae sɛ na wɔbɛsan de Yudafo no aba wɔn asase so no nkyerɛ sɛ afei de na Onyankopɔn bɛkorɔkorɔ ne nkurɔfo no anaasɛ ɔremmu atɛntrenee. Ná ɔde atemmu bɛba Yudafo a na wɔn aso yɛ den no so ɔkwan biara so. (Monkenkan Yeremia 16:17, 18.) Wɔ Yeremia bere so no, na nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mu kakraa bi na na ‘wɔredi asɛntrenee’ anaa ‘wɔrehwehwɛ nokware,’ na na Yehowa renkɔ so nnya wɔn ho abotare bio. Yehowa kae sɛ: “Afei de, mabrɛ ne mmɔborɔhunu.” (Yer. 5:1; 15:6, 7) Ná saa Yudafo no ‘asan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu, tetefo a wɔanni’ Yehowa asɛm so no. Bio nso, wɔkɔɔ so som atoro anyame de hyɛɛ Onyankopɔn abufuw. (Yer. 11:10; 34:18) Ná Yehowa bɛteɛ ne nkurɔfo no so, na mpo watwe wɔn aso “sɛnea ɛfata.” Ɛno nti, na ankorankoro bi ani betumi aba wɔn ho so na wɔasan aba ne nkyɛn.—Yer. 30:11; 46:28.

w22.11 21 ¶6

Sɛ Wuhyia Wo Nokwaredi Ho Sɔhwɛ a, Ma W’ani Nna Hɔ

6 Sɛ Yehowa teɛ yɛn so a, ebetumi ama yɛn werɛ ahow paa. Nanso sɛ yedwen sɛnea ɛyɛ yɛn yaw no nko ara ho a, anhwɛ a yɛbɛte nka sɛ nteɛso no mfata yɛn anaa ano yɛ den dodo. Ɛba saa a, yɛrenhu mfaso a ɛwɔ nteɛso no so, kyerɛ sɛ, yɛrenhu sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Kenkan Hebrifo 12:5, 6, 11.) Sɛ yɛma kwan ma sɛnea yɛte nka no hyɛ yɛn so a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ Satan benya yɛn. Satan pɛ sɛ yɛpo nteɛso. Nea enye koraa ne sɛ, ɔpɛ sɛ nkakrankakra yɛtwe yɛn ho fi Yehowa ne asafo no ho. Sɛ wɔde nteɛso bi ama wo a, wobɛyɛ dɛn ama w’ani ada hɔ?

Tweetwee Bible Mu

w14 7/1 11 ¶7-12 ¶3

Woreteɛ Wo Ba So a, Sɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ No?

Bere biara a Yehowa bɛteɛ obi so no, ɔyɛ no “sɛnea ɛfata.” (Yeremia 30:11; 46:28) Omfiti prɛko pɛ nteɛ obi so. Ɔhwehwɛ mu yiye ansa. Awofo bɛyɛ dɛn asuasua no? Yɛadi kan aka Stephen ho asɛm. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Ná yɛnte ase sɛ yɛaka yɛn anom nsɛm nyinaa nso Natalie redi atoro sɛ wanwia kawa no, na ɛyɛɛ yɛn yaw paa, nanso yehui sɛ mmofraasɛm ka ho bi.”

Nicole kunu Robert nso, ɛyɛ a osusuw nneɛma ho kɔ akyiri. Sɛ mmofra no bi yɛ biribi a enye a, ɔtaa bisa ne ho sɛ: ‘Ɛnnɛ nko ara na ɔreyɛ saa anaasɛ ɛreyɛ ayɛ ne su? Te na ɔnte apɔw anaa brɛ na wabrɛ? Biribi foforo na ɛma ɔyɛɛ saa anaa?’

Ɛsɛ sɛ awofo te ase sɛ abofra de, ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ abofra. Asɛm bi a ɔsomafo Paulo kyerɛwee foa saa asɛm no so. Ɔkaa sɛ: “Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa.” (1 Korintofo 13:11) Robert a yɛaka n’asɛm no kaa sɛ: “Ade biako a ɛboa me ne sɛ, mekae nneɛma bi a meyɛɛ no me mmofraberem, na ɛno ma mete mmofra no ase, na minya wɔn ho abotare.”

Mɛnyɛ wo ba kai-kai! Ɛno nso nkyerɛ sɛ ɔyɛ bɔne a mɛnka. Ansa na wobɛteɛ wo ba so no, susuw nneɛma ho kɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wo nteɛso no bɛyɛ nea ɛfata. Eyi ho hia efisɛ ɛsono abofra biara ne sɛnea ɔte, nneɛma a otumi yɛ ne nea ɛboro n’ahoɔden so.

AUGUST 31–SEPTEMBER 6

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 31

‘Mɛyɛ Apam Foforo’

jr 169 ¶4

Wubetumi Anya Apam Foforo No So Mfaso

4 Sɛ yɛbɛte apam foforo no ase a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu atirimpɔw nti a wɔyɛɛ nea edi kan a ɛno ne Mmara apam no. Ná Mmara apam no bedi nneɛma atitiriw pii ho dwuma ama ɔman a na ɛretwɛn Aseni a wɔahyɛ no ho bɔ a na wɔnam no so behyira nnipa pii no. (Gen. 22:17, 18) Bere a Israelfo no gyee Mmara apam no toom no, wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn ‘agyapade titiriw.’ Wɔ saa apam no ase no, na Lewi abusuakuw no mu na na wɔbɛpaw asɔfo ama ɔman no. Bere a na Yehowa ne Israelfo no reyɛ saa ɔman apam no wɔ Bepɔw Sinai ho no, ɔkaa “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron” bi ho asɛm, nanso wankyerɛ bere ne ɔkwan a na wɔbɛfa so ayɛ apam no. (Ex. 19:5-8) Ansa na wɔbɛhyehyɛ saa ahemman ne ɔman kronkron no, saa apam no ma ɛbɛdaa adi sɛ na Israelfo no ntumi nni Mose Mmara no mu nsɛm nyinaa so. Ɛno nti, ɛmaa wɔn bɔne daa adi. Enti, wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ afɔre daa de pata wɔn bɔne. Nanso, na ehia sɛ wonya biribi a ɛsen saa, afɔre a ɛyɛ pɛ a ɛno akyi no ɛho renhia sɛ wɔbɔ bio. Nokwarem no, na ɛho hia paa sɛ wonya wɔn bɔne ho fafiri daa.—Gal. 3:19-22.

jr 171 ¶9

Wubetumi Anya Apam Foforo No So Mfaso

9 Ebia woahu awofo bi a wɔn mma asɛe esiane sɛ wɔnteɛ wɔn so nti no pɛn. So wohwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ saa? Dabida! Eyi da adi wɔ sɛnea apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma no mu. Sɛ́ anka Onyankopɔn de bɔne befiri kɛkɛ no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi n’ankasa atɛntrenee ho gyinapɛn so pɛpɛɛpɛ ma enti ɔde biribi a obegyina so de bɔne afiri wɔ mmara kwan so mae, na saa a ɔyɛe no ma ɔbɔɔ afɔre kɛse. Asɛm a Paulo kyerɛwee bere a na ɔreka apam foforo no ho asɛm no betumi ama woate saa asɛm yi ase. (Monkenkan Hebrifo 9:15, 22, 28.) Paulo kaa ‘agyede a wɔde agye’ nnipa ho asɛm, na ɔdaa no adi sɛ, “sɛ mogya angu a, fafiri ntumi mma.” Wɔ apam foforo no mu de, na ɛnyɛ anantwinini ne mpapo mogya na wɔde bɛbɔ afɔre sɛnea na wɔyɛ wɔ Mose Mmara no mu no. Yesu mogya na ɛmaa apam foforo no yɛɛ adwuma. Ná Yehowa betumi agyina saa afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no so de ‘mfomso ne bɔne afiri’ daa. (Aso. 2:38; 3:19) Nanso, henanom na na wɔbɛba abɛyɛ apam foforo no mufo na wɔanya saa bɔne fafiri no? Ná ɛnyɛ Yuda man no. Yesu kae sɛ Onyankopɔn bɛpo Yudafo a na wɔde mmoa bɔ afɔre wɔ Mose Mmara no ase no, na ɔde n’adwene asi ɔman foforo so. (Mat. 21:43; Aso. 3:13-15) Saa ɔman foforo no ne “Onyankopɔn Israel” a Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn na wɔwom no. Sɛ yɛbɛka paa a, Onyankopɔn ne honam fam Israel na ɛyɛɛ Mmara apam no, na apam foforo no de, Yehowa Nyankopɔn ne honhom fam Israel na ɛyɛe, na Yesu na ɔyɛ Ntamgyinafo.—Gal. 6:16; Rom. 9:6.

w10 3/15 27 ¶14

Kuw Biako, Ɔhwɛfo Biako

14 Na wɔn a wɔbɛtena asase so ma n’Ahenni no adi wɔn so no nso ɛ? Wobenya apam foforo no so mfaso. (Gal. 3:8, 9) Ɛwom sɛ wɔnka apam foforo no ho de, nanso sɛnea odiyifo Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no, “wokura” apam yi “mu” denam ɛho ahwehwɛde a wodi so no so. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no na wɔadɔ Yehowa din, na wɔayɛ n’asomfo, wɔn a wodi homeda a wongu ho fĩ na wokura m’apam mu nyinaa no, me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron so na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fie.” Afei Yehowa toaa so sɛ: “Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”—Yes. 56:6, 7.

jr 177 ¶18

Wubetumi Anya Apam Foforo No So Mfaso

18 Enti, asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ apam foforo no mu a ɛfa sɛnea Yehowa ne nnipa abɔnefo di, wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no ho. Wubetumi anya ahotoso sɛ sɛ Yehowa nya de wo bɔne firi wo a, ɔrensan nkɔfa ho asɛm mma bio. Enti, yɛn mu biara betumi asua biribi afi Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa apam foforo no ho mu. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ afoforo yɛ me bɔne na meka sɛ mede akyɛ wɔn a, so misuasua Yehowa ma enti menka ho asɛm bio?’ (Mat. 6:14, 15) Eyi fa mfomso nketenkete ne bɔne a emu yɛ duru te sɛ bere a Kristoni bi hokafo asɛe aware ho. Sɛ nea ne ho nni asɛm no pene so sɛ ɔde ne hokafo a wasɛe aware no bɔne akyɛ no a, so ɛnyɛ papa sɛ ‘ɔrenkae bɔne no bio’? Nokwarem no, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛtow mfomso agu yɛn akyi, nanso ɛyɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so asuasua Yehowa.

Tweetwee Bible Mu

w14 12/15 27 ¶5-6

Berɛ a Yeremia kaa sɛ Rahel resu ne mma no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

Berɛ a Yeremia twerɛɛ ne nwoma no, na Asiriafo atow ahyɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no so adi wɔn so nkonim dada, na wɔfaa nnipa pii kɔyɛɛ nkoa. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na Efraim asefoɔ no bi adwane kɔ Yuda. Afe 607 A.Y.B. no, Babilonfoɔ dii Yuda ahemman a ɛwɔ anafoɔ fam no so, na wɔfaa ebinom kɔyɛɛ nkoa. Wɔde wɔn mu pii kɔɔ Rama wɔ Yerusalem atifi fam. Sɛ wofi hɔ rekɔ Yerusalem atifi fam a, ɛyɛ bɛyɛ kilomita nwɔtwe. (Yeremia 40:1) Ebia wɔkum wɔn mu bi wɔ Rama wɔ Benyamin asase so, asase korɔ no ara a wɔsiee Rahel wɔ so no. (1 Samuel 10:2) Enti sɛ Yeremia ka sɛ Rahel resu ne mma a, ɛbɛtumi aba sɛ ɛkyerɛ Benyaminfoɔ a wɔawuwu anaa wɔn a wɔkum wɔn wɔ Rama no ho awerɛhodie. Ɛbɛtumi aba nso sɛ ɛkyerɛ ɛnanom a wɔwɔ Israel nyinaa a wɔresu Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔawuwu anaa wɔde wɔn kɔ nkoasom mu.

Sɛ ɛte saa oo, sɛ ɛnte saa oo, asɛm a Yeremia kaa sɛ Rahel resu ne mma no yɛ nkɔmhyɛ. Ɛkyerɛ nea ɛsii mfie pii akyi bere a Yesu yɛ akokoaa no. Ɔhene Herode hyɛɛ mmara sɛ wɔnkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem nyinaa, ɛfi wɔn a wɔawo wɔn foforɔ so kɔsi wɔn a wɔadi mfie mmienu so. Na Betlehem wɔ Yerusalem anafoɔ. Wo deɛ hwɛ sɛnea ɛnanom a wɔn mma awuo anaa “wɔnni hɔ bio” bɛsu afa! Na ɛte sɛ nea saa su no kɔ ara kɔdu Rama tɔnn wɔ Yerusalem atifi.—Mateo 2:16-18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena