Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr26 November kr. 1-12
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • NOVEMBER 2-8
  • NOVEMBER 9-15
  • NOVEMBER 16-22
  • NOVEMBER 23-29
  • NOVEMBER 30–DECEMBER 6
  • DECEMBER 7-13
  • DECEMBER 14-20
  • DECEMBER 21-27
  • DECEMBER 28–JANUARY 3
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
mwbr26 November kr. 1-12

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

NOVEMBER 2-8

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 49-50

Boa Nkurɔfo Ma Wɔnnya Yehowa Mmɔborɔhunu

it “Ahantan” ¶10

Ahantan

Ahantan Befi Hɔ Korakora. Sɛ yɛreka aman a na emufo yɛ ahantan na wɔmmu Onyankopɔn koraa a, na tete Babilon di mu akoten. Enti Babilon bɛyɛɛ Onyankopɔn tamfo, na Onyankopɔn kaa sɛ obeyi no afi hɔ korakora. Odiyifo Yeremia kaa Babilon ho asɛm sɛ: “‘O wo a wummu hwee, hwɛ! me ne wo anya,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. . . . ‘O wo a wummu hwee, wubehintiw na woahwe ase.’” (Yer 50:29, 31, 32) Tete Babilon sɛso a ɛwɔ asaase so nnɛ ne Babilon Kɛse no. Babilon Kɛse no nso ayɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ okyi Onyankopɔn kɔkɔɔkɔ, na ommu no koraa. Babilon Kɛse no ama asaase sofo anom “n’aguamammɔ nsã” abobow. Afei “adiyifo ne akronkronfo ne wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa mogya” nso, Babilon Kɛse no di ho fɔ. Ɛno nti, Onyankopɔn bɛsɛe no korakora. (Adi 17:2, 5; 18:7, 8, 20, 24) Sɛ Onyankopɔn sɛe Babilon Kɛse no korakora a, ɛbɛma ɛbɔ a ɔhyɛe sɛ obeyi Babilon ahantan nyinaa afi hɔ no aba mu. Ɔnam odiyifo Yesaia so kaa sɛ: “Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae, na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.”—Yes 13:11.

w08 6/15 8-9 ¶8-11

Nneɛma a Ɛsɛ Sɛ Yeguan Fi Ho

8 Odiyifo Yeremia kaa Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu ho asɛm siei. Ɔkae sɛ, wɔde Onyankopɔn nkurɔfo bɛkɔ nkoasom mu, nanso na wɔbɛsan aba wɔn asase so wɔ “mfirihyia aduɔson” akyi. (Yer. 29:4, 10) Ná Yeremia wɔ asɛm bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no; ná ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma a na wɔyɛ wɔ atoro som mu wɔ Babilon no gu wɔn ho fĩ. Sɛ na wobetumi asan akɔ Yerusalem de nokware som akosi hɔ wɔ bere a na Yehowa ahyɛ no mu a, na ɛnsɛ sɛ wɔde atoro som gu wɔn ho fĩ. Saa asɛm yi baa mu bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilonfo so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu no. Ɔhene Kores II a ofi Persia no de ahyɛde mae sɛ Yudafo no nsan nkɔ nkosi Yehowa asɔrefie no wɔ Yerusalem.—Esra 1:1-4.

9 Yudafo mpempem pii de hokwan yi san kɔɔ wɔn kurom. (Esra 2:64-67) Wɔnam saa a wɔyɛe no so maa Yeremia nkɔmhyɛ a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wonguan mfi beae bi nkɔ baabi foforo no baa mu wɔ ɔkwan bi so. (Monkenkan Yeremia 51:6, 45, 50.) Yudafo no bi wɔ hɔ a, wɔn tebea amma wɔantumi antwa kwantenten no ankɔ wɔn nkyi wɔ Yerusalem ne Yuda. Sɛ nnipa a wɔkaa Babilon te sɛ odiyifo Daniel a na wabɔ akwakoraa no betumi anya Onyankopɔn nhyira a, na ɛsɛ sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu gyina nokware som a na ɛwɔ Yerusalem no akyi, na wɔkɔ so twe wɔn ho fi Babilonfo atoro som ho.

10 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepepem pii na wɔwɔ atoro som ahorow a efii ase wɔ tete Babilon no mu. (Gen. 11:6-9) Wɔfrɛ ɔsom a ɛte saa no nyinaa “Babilon Kɛse, nguaman ne asase so akyide nã.” (Adi. 17:5) Atoro som agyina wiase yi mu atumfo akyi fi teteete. “Akyide” a atoro som di ho fɔ no bi ne ɔko ahorow a “wɔakunkum” nnipa ɔpepehaha pii wom wɔ “asase so” no. (Adi. 18:24) “Akyide” afoforo a asɔfo no di ho fɔ ne mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, ne nna mu ɔbrasɛe afoforo a wɔde wɔn ho hyem a asɔre mu mpanyimfo no pene so no. So ɛnyɛ ne kwan so sɛ Yehowa Nyankopɔn beyi atoro som afi asase yi so nnansa yi ara?—Adi. 18:8.

11 Nokware Kristofo a wonim saa asɛm yi no wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɔ Babilon Kɛse no mufo kɔkɔ. Ɔkwan biako a wɔfa so yɛ eyi ne sɛ, wɔkyekyɛ Bible ne Bible ho nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu apaw no sɛ ɔmfa honhom fam aduan mma wɔ “bere a ɛsɛ mu no” yɛ no ma nkurɔfo. (Mat. 24:45) Sɛ nnipa binom kyerɛ Bible mu asɛm no ho anigye a, yɛyɛ nhyehyɛe ne wɔn sua Bible no de boa wɔn. Nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ, nkurɔfo a wɔne wɔn sua Bible no behu sɛ ehia sɛ woguan fi “Babilon Kɛse no” mu ansa na aka akyi dodo.—Adi. 18:4.

Tweetwee Bible Mu

it “Afiri” ¶3

Afiri

Ade foforɔ nso a ɛwɔ afiri ho a ɛma Bible de ka asɛm ne sɛnea ɛyɛ adwuma ahoɔhare so na eyi obi bere a onii no ani nna ne ho so no. Wei ho nhwɛso baako ne sɛnea Mediafo ne Persiafo sɛee tete Babilon no. Sɛnea Yehowa ma wɔsɛee Babilon no, ɛyɛɛ te sɛ nea wɔsum Babilonfo no afiri ma eyii wɔn mpofirim a na wɔn ani nna wɔn ho so.—Yer 50:24; fa toto Lu 21:34, 35 ho.

NOVEMBER 9-15

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 51-52

Nsuasua Sedekia

jr 29

Odiyifo a Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”

SEDEKIA—YUDA HENE A OTWA TO WƆ ASASE SO

Ná Sedekia yɛ ɔhene a onni akokoduru, na ontumi nsi gyinae, na na ne mpanyimfo na wɔkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Bere a etwa to a Babilonfo kotwaa Yerusalem ho hyiae no, Sedekia kɔɔ Yeremia hɔ kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Nanso, bere a ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmfa ne ho nkɔma Babilonfo no, wanyɛ. Esiane sɛ asɛm a Yeremia kae no anyɛ Sedekia dɛ nti, ɔma wɔkyeree Yeremia too afiase. (Yer. 21:1-9; 32:1-5) Ne nyinaa akyi no, ɔhene no kɔɔ so kobisaa Yeremia nsɛm mpɛn pii, nanso na owia ne ho na ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a Yuda mpanyimfo no bo remfuw no. Bere a mpanyimfo no keka kyerɛɛ Sedekia sɛ ɔmma wonkum Yeremia no, Sedekia de ehu kae sɛ: “Ɔwɔ mo nsam. Ɔhene ntumi nsiw mo kwan biribiara ho.” Bere a wogyaee Yeremia na wɔankum no no, ɔhene no san kobisaa no nsɛm, na ɔhene no gye toom sɛ osuro sɛ sɛ otie Onyankopɔn a, ne manfo no bɛyɛ no basabasa.—Yer. 37:15-17; 38:4, 5, 14-19, 24-26.

Eyinom nyinaa akyi no, Sedekia ‘ammrɛ ne ho ase amma Yeremia, na ɔkɔɔ so sen ne kɔn, na ɔmaa ne koma yɛɛ den, na wansan amma Yehowa nkyɛn.’—2 Be. 36:12, 13; Hes. 21:25.

w17.10 23 ¶9-10

Sakaria Anisoadehu—Ɛfa Wo Ho Sɛn?

9 Obi de Yehowa din ka ntam a, ɛyɛ aniberesɛm paa. Asɛm a ɛtoo ɔhene a otwa to a odii ade wɔ Yerusalem no ma yehu sɛ ɛyɛ aniberesɛm ampa. Sedekia de Yehowa din kaa ntam sɛ ɔbɛkɔ so de ne ho ahyɛ Babilon hene ase. Nanso, Sedekia anni ntam a ɔkae no so. Ɛno nti Yehowa buu no atɛn. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ mete ase yi, faako a ɔhene a ɔde no dii ade te no, ɛhɔ ara na Sedekia bewu wɔ Babilon; ɔtotoo ɔhene yi ntam ase, na obuu n’apam so.’—Hes. 17:16.

10 Ɔhene Sedekia de Onyankopɔn din kaa ntam, enti na Yehowa hwɛ kwan sɛ obedi so. (2 Be. 36:13) Nanso, Sedekia twaa ne ho kohuu Egypt sɛ Egypt mmoa no mma onnye ne ho mfi Babilon ase, nso ankosi hwee.—Hes. 17:11-15, 17, 18.

w17.10 23 ¶11-12

Sakaria Anisoadehu—Ɛfa Wo Ho Sɛn?

11 Yɛn nso, yɛhyɛ bɔ a Yehowa tie. Ɔfa ɛbɔ a yɛhyɛ no aniberesɛm, enti ɛsɛ sɛ yedi so na ama yɛanya n’anim dom. (Dw. 76:11) Ɛbɔ a yɛhyehyɛ nyinaa, nea ehia paa ne nea yɛde hyira yɛn ho so ma Yehowa no. Ahosohyira yɛ ɛbɔ a yɛhyɛ sɛ osu mu oo, owia mu oo, nea ebesi biara yɛbɛsom Yehowa.

12 Yɛahyɛ bɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn adi so? “Da biara” yehyia sɔhwɛ akɛse ne nketewa. Ɛsɛ sɛ nea yɛyɛ wɔ emu biara ho no ma Yehowa hu sɛ ɛbɔ a yɛahyɛ no, yebu no aniberesɛm. (Dw. 61:8) Nhwɛso bi ni. Sɛ obi a ɔwɔ yɛn adwumam anaa sukuu mu de ne ho rehyehyɛ yɛn a, yɛbɛma wahu sɛ yekyi nea ɔreyɛ no anaa? Yɛbɛyɛ saa de akyerɛ sɛ yɛn ‘ani gye Yehowa akwan ho’ anaa? (Mmeb. 23:26) Yɛmfa no sɛ wo nko ara na woyɛ Yehowa somfo wɔ w’abusua mu, na abusuafo a wɔaka no mfa Yehowa asɛm mmɔ wɔn bra. Ɛyɛ a wosrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wonkɔ so nna Kristofo suban adi? Wobɔ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mpae daa, na woda no ase daa sɛ ɔde wo aba ne ntaban ase na ɔdɔ wo? Wugye bere kenkan Bible da biara? Sɛ yɛbɛka a, yɛahyɛ Yehowa bɔ sɛ yɛbɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa. Sɛ yetie Yehowa na yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ ne som mu a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no na yɛahyira yɛn ho so ama no ampa. Yɛn abrabɔ na yɛde kyerɛ sɛ yɛsom Yehowa, na ɛnyɛ ani so ade kɛkɛ. Sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so a, ɛyɛ yɛn ara yɛn yiyedi; yedi nokware a, yebenya asetena pa daakye.—Deut. 10:12, 13.

Tweetwee Bible Mu

jr 165 ¶21

“Yehowa Ayɛ Nea Osusuwii No”

21 Wubetumi ahu eyi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔtwee adwene sii nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe a na ɛfa Babilon a na wɔbɛsɛe no wɔ afe 539 A.Y.B. mu ho no so. Yehu nsɛdi a ɛwɔ nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan ne ne mmamu kɛse a ɛbɛba akyiri yi mu no wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no bi a anya mmamu wɔ yɛn bere yi so no mu biako ne ahemman kɛse—“Babilon Kɛse no,” wiase nyinaa atoro som ahemman—no asehwe no. (Adi. 14:8; 17:1, 2, 5; Yer. 50:2; 51:8) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘fi Babilon Kɛse no mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya ɔhaw a ɛreba no so no bi. (Adi. 18:2, 4; Yer. 51:6) Nsu a ɛwɔ saa kurow no mu no a egyina hɔ ma nnipa a wɔwɔ kurow no mu, anaa n’asɔremma no ‘bɛyow.’—Yer. 51:36; Adi. 16:12.

jr 167 ¶25

“Yehowa Ayɛ Nea Osusuwii No”

25 Nokwarem no, yɛte mmere a emu yɛ den mu sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no. Sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no, nea nkurɔfo bɛyɛ wɔ Yehowa asɛm ho no betumi akyerɛ sɛ wobenya nkwa anaasɛ wobewu. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyɛ adiyifo. Yehowa mfaa ne honhom nkaa yɛn sɛ yɛmfa biribi nka n’asɛm a ɛyɛ nokware turodoo a ɛwɔ Bible mu no ho. Nanso, wɔasoma yɛn sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa nna nyinaa nkosi sɛ wiase nhyehyɛe yi bɛba awiei. (Mat. 28:19, 20) Akyinnye biara nni ho sɛ, ‘yɛrenwia Yehowa asɛm,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛremfa nea ɛrebɛba no ho asɛm nsie nkurɔfo. (Monkenkan Yeremia 23:30.) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛka nea ɛwɔ n’asɛm no mu pɛpɛɛpɛ, ne nea sɛ nkurɔfo tie anaa wɔantie a ɛbɛto wɔn no akyerɛ wɔn. Nkɔm ahorow a Onyankopɔn maa Yeremia hyɛe no mu pii anya mmamu dedaw. Eyi ma yenya ahotoso sɛ nkɔmhyɛ ahorow a aka no bɛbam ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ, sɛnea ɛte biara no, Onyankopɔn ‘bɛyɛ nea osusuwii no, ne nea ofi tete nna mu hyɛe no.’—Kwa. 2:17.

NOVEMBER 16-22

BIBLE MU AKORADE KWADWOM 1-2

Bere a Wɔsɛee Yerusalem No, Yeremia Werɛ Hoo Paa

w24.08 28 ¶7-9

Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔayi Wɔn Afi Asafo No Mu No

7 Sɛ wɔyi obi fi asafo no mu a, mpanyimfo yɛ nea wɔbetumi biara de suasua Yehowa ayamhyehye. Bere a tete Israelfo a na wɔyɛ Yehowa man no tew atua no sei, wantwɛn amma wɔansakra ansa na ɔreboa wɔn. Mmom bere a wɔnnya nyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene mpo no, oyii ne yam boaa wɔn. Adesua asɛm a ɛtɔ so mmienu a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, yehui sɛ Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Hosea sɛ ɛmfa ho sɛ ne yere da so rebu brabɔne no, ɔnsan ne no nkosiesie wɔn ntam. Ɔde kyerɛɛ ne nkurɔfo baabi a n’ayamhyehye kodu. (Hos. 3:1; Mal. 3:7) Asafo mu mpanyimfo suasua Yehowa; nea wɔpɛ paa ne sɛ ɔbɔnefo no bɛsan aba, enti wɔnyɛ biribiara a ɛbɛtwe no asan.—Kenkan Yeremia 3:12.

8 Kae Yesu mfatoho a ɛfa ɔba desɛefo no ho no. Yɛkaa ho asɛm wɔ adesua asɛm a ɛtɔ so mmienu no mu. Bere a agya no huu ne ba no wɔ akyirikyiri sɛ ɔresan aba fie no, “otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” (Luka 15:20) Hyɛ no nsow sɛ papa no antwɛn sɛ ne ba no mmɛpa no kyɛw ansa na ɔde ne bɔne akyɛ no. Mmom sɛnea agya biara a ɔwɔ ɔdɔ bɛyɛ no, odii kan tuu anammɔn kɔɔ ne ba no nkyɛn. Mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa ara de aboa wɔn a wɔafom kwan no. Nea wɔpɛ ara ne sɛ saa nguan a wɔayera yi bɛsan aba Yehowa fie. (Luka 15:22-24, 32) Sɛ ɔbɔnefo baako san ba Yehowa nkyɛn a, anigye ba soro ne asaase so nyinaa!—Kenkan Luka 15:7.

9 Ɛde besi ha yi, yɛahu sɛ wɔn a wɔyɛ bɔne na wɔnsakra wɔn adwene no, Yehowa nsosɔ wɔn so. Nanso onyi abɔnefo tow-kyene. Ɔpɛ sɛ wɔsan ba ne nkyɛn. Sɛ obi yɛ bɔne na ɔsakra n’adwene a, sɛnea Yehowa te nka no, waka ho asɛm wɔ Hosea 14:4 sɛ: “Mɛsa wɔn yare, na wɔremfi m’akyi bio. Meyi me yam adɔ wɔn, efisɛ m’abufuw adan afi [wɔn] so.” Wei yɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ paa a mpanyimfo betumi asuasua na sɛ wɔhu sɛ obi anya adwensakra ketewaa bi mpo a, wɔayɛ ntɛm akɔboa no. Ɛsan yɛ nhwɛso kamakama ma wɔn wɔafi Yehowa nkyɛn no sɛ wɔnyɛ ntɛm nsan mmra ne nkyɛn.

w23.08 29-30 ¶12-13

Soa Nea Ehia Sɛ Wosoa, Na Tow Nea Aka No Gu

12 Bere a yɛte nka sɛ gyinae bɔne a afoforo sisi ho asodi da yɛn so. Yɛrentumi nsisi gyinae mma afoforo; afei nso, sɛ wɔsisi gyinae bɔne a, ɛso nsunsuanso no, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi abɔ wɔn ho ban afi ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia awofo bi babarima anaa wɔn babea betumi agyae Yehowa som. Ɛba saa a, ebetumi ama awofo no adi awerɛhow paa. Nanso, awofo a wɔn ba si gyinae bɔne a ɛyɛ wɔn sɛ ɛho asodi da wɔn so no, wɔso adesoa kɛse. Wei nyɛ adesoa a Yehowa pɛ sɛ wɔsoa.—Rom. 14:12.

13 Wobɛyɛ dɛn atow saa adesoa no akyene? Hu sɛ Yehowa de obiara pɛ ama no. Ɔpɛ sɛ obiara si ne gyinae. Som a obi bɛsom Yehowa anaa ɔrensom no no nso ka ho. Yehowa nim sɛ wonyɛ ɔwofo a bɔne nni wo ho; nea ɔpɛ ara ne sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa. Gyinae a wo ba besi no, ɛho asodi da no so, na ɛnyɛ wo. (Mmeb. 20:11) Ne nyinaa mu no, ebia mfomso a wudii sɛ ɔwofo no, sɛ ɛho asɛm besi wo tirim a, na agyaw wo adwinnwen. Sɛ saa a, ma Yehowa nhu sɛnea wote nka, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. Onim sɛ nea mmoa adi no, wɔadi kɔ. Afei nso, gyinae a wo ba no asi no, ɔnhwɛ kwan sɛ ɛso nsunsuanso no, wobɛbɔ ne ho ban afi ho. Kae sɛ, sɛ wo ba no yɛ sɛ ɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛyɛ no awaawaa atuu.—Luka 15:18-20.

Tweetwee Bible Mu

w07 6/1 9 ¶1

Kwadwom Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

2:1—Ɔkwan bɛn so na ‘wofi soro tow Israel ahoɔfɛ hwee fam’? Esiane sɛ “ɔsoro korɔn sen asase” nti, ɛtɔ mmere bi a wɔka nneɛma a ɛho wɔ nyam a wɔbrɛ no ase ho asɛm sɛ “wafi ɔsoro atow . . . ahwe fam.” Wɔtow “Israel ahoɔfɛ” a ɛno ne n’anuonyam, ne tumi a na ɔwɔ bere a na ɔwɔ Yehowa anim dom no hwee fam bere a wɔsɛee Yerusalem na Yuda nso dan amamfõ no.—Yesaia 55:9.

NOVEMBER 23-29

BIBLE MU AKORADE KWADWOM 3-5

Sɛ Worefa Ɔhaw Mu a, Nnyae Yehowa Som

w24.01 30 ¶16

Yehowa Wɔ Ayamhyehye Ma Wo

16 Ɛnnɛ nso, yɛfa sɔhwɛ ne abɛbrɛsɛ bebree mu. Ne nyinaa mu no, “Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na yɛn ase nhyewee.” (Kwa. 3:22; Kol. 1:11) Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Rachel. COVID-19 nsanyare bere no mu no, ne kunu gyaw no hɔ, na ogyaee Yehowa som nso. Wei bubuu no paa. Dɛn na Yehowa yɛ maa no? Ɔka sɛ: “Yehowa ma metee nka sɛ ɔdɔ me. Ɔma minyaa nnamfo a na wɔbɛsra me ne me bɔ nkɔmmɔ, wɔbrɛ me aduan na wɔsɛnde me mɛsegye ne kyerɛwnsɛm a ɛhyɛ nkuran. Afei nso na wɔserew kyerɛ me, na na wɔtaa kae me sɛ Yehowa rehwɛ me. Da biara, meda Yehowa ase sɛ wama manya abusua kɛse a wɔdɔ me.”

w21.08 13 ¶17-19

Wode Ntoboase Bɛtwɛn Yehowa?

17 Ɛrenkyɛ, yɛn Agya a ɔwɔ soro no nam n’Ahenni no so behwie nhyira bebree agu yɛn so. Yesaia 30:18 ka sɛ: “Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ. Efisɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.” Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, ɛnnɛ ne wiase foforo a ɛreba no mu nyinaa, nhyira a wobenya de, yɛnka.

18 Sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ wiase foforo no mu a, dadwen ne kɔdaanna ne ɔhaw a wɔrefa mu nnɛ no, wɔrenso ho dae mpo. Ɛremma da sɛ obi bɛyɛ ade ma ayɛ wɔn yaw efisɛ yaw befi hɔ. (Adi. 21:4) Ɛho renhia sɛ yɛtwɛn ma yɛn ani tutu ka yɛn nsam ansa na yɛanya nea yehia, efisɛ biribiara bebu so. (Dw. 72:16; Yes. 54:13) Hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa!

19 Ɛnnɛ, Yehowa reboa yɛn ma yɛagyae subammɔne biara na yɛanya suban papa sɛnea ɛbɛyɛ a nkakrankakra yebetumi abɛyɛ n’Ahenni no manfo. Ɛno nti mpa abaw; hyɛ wo sapɔw mu nsu. Afei koraa na agorɔ no rebɛsɔ! Esiane sɛ daakye papa bi da yɛn anim nti, momma yɛnkɔ so mfa anigye ne abotare ntwɛn Yehowa ma onwie n’adwuma!

Tweetwee Bible Mu

w07 6/1 11 ¶4

Kwadwom Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

3:27. Fɛwdi ne ahokyere yɛ sɔhwɛ a obi betumi ahyia wɔ ne mmerantebere anaa ne mmabaabere mu. Nanso, ‘eye ma ɔbarima sɛ ɔbɛsoa ne kɔndua wɔ ne mmerantebere mu.’ Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ obi hyia amanehunu bere a ɔyɛ ɔbabun a, esiesie no ma otumi gyina nsɛnnennen a obehyia daakye no ano.

NOVEMBER 30–DECEMBER 6

BIBLE MU AKORADE HESEKIEL 1-2

Kɔ So Ne Yehowa Teaseɛnam No Nnante

rr 37-38 ¶18-19

“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”

18 Ɛnde, dɛn na na Yehowa pɛ sɛ Hesekiel ne anokwafo a wɔsom no nyinaa hu fa N’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho? Ɛde besi ha yi, susuw nea yɛahu nyinaa ho hwɛ. Ntwahonan no kɛse ne sɛnea ɛhyerɛn no ma yehu sɛ Yehowa ahyehyɛde no korɔn na ɛyɛ nwonwa. Aniwa a etuatua ntwahonan no ho no kyerɛ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no hu biribiara a ɛrekɔ so. Yehowa aniwa hu nneɛma nyinaa. (Mmeb. 15:3; Yer. 23:24) Bio nso, ɔwɔ abɔfo ɔpepem pii a obetumi asoma wɔn akɔ amansan yi mu baabiara. Saa abɔfo yi tumi hwɛ ade kɔ akyiri na wɔde ho amanneɛbɔ kɔma Amansan Hene no.—Kenkan Hebrifo 1:13, 14.

19 Afei nso, yehu sɛ teaseɛnam yi ho yɛ hare paa, na etumi de n’ani kyerɛ baabiara. Wo de, fa nnipa aban ne wɔn ahyehyɛde ahorow no toto Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho hwɛ! Nnipa aban ne wɔn ahyehyɛde ahorow no, sɛ ɔhaw bi sɔre na ehia sɛ wɔyɛ nsakrae na ama wɔatumi adi ho dwuma a, na ayɛ den ama wɔn; wɔtenatena ho ara kosi sɛ nneɛma begye nsam. Nanso sɛnea Yehowa teaseɛnam no te no ma yehu sɛ, Onyankopɔn a ɔkyerɛ teaseɛnam no kwan no de, ɔnyɛ obi a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsesa ɔkwan a ɔfa so yɛ biribi; sɛ ɛho behia sɛ ɔfa ɔkwan foforo so yɛ biribi a, otumi yɛ saa. Sɛnea ne din kyerɛ no, obetumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw abam. (Ex. 3:13, 14) Ɛho nhwɛso ne sɛ, obetumi adan ne ho Ɔkatakyi prɛko pɛ ako ama ne nkurɔfo. Saa ara nso na prɛko pɛ obetumi adan ne ho mmɔborɔhunufo a ɔde bɔne kyɛ. Abɔnefo a wɔn koma abubu a wɔanu wɔn ho no, sɛ wɔsan ba ne nkyɛn a, ogye wɔn, na ɔne wɔn nya abusuabɔ pa.—Dw. 30:5; Yes. 66:13.

rr 38-39 ¶21-24

“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”

21 Bere a Hesekiel gu so rehwɛ ntwahonan no, biribi a ɛwɔ ntwahonan no atifi twetwee n’adwene, na ɔhwɛe no, ohuu ‘biribi te sɛ bamma a ɛpa yerɛwyerɛw sɛ ahwehwɛbo nwonwaso bi.’ (Hes. 1:22) Ná bamma tɛtrɛɛ no wɔ kerubim no atifi a ɛretew yerɛwyerɛw fɛfɛɛfɛ. Sɛ wunim sɛnea mfiri yɛ adwuma kakra a, ebia saa bere yi nsɛmmisa pii aba w’adwenem. Ebia worebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛma bamma no tumi sɛn ntwahonan no atifi a hwee nkura mu? Ntwahonan no nso, ebiara gyina ne baabi, nanso ɛyɛ dɛn na ne nyinaa tumi bom kɔ faako pɛpɛɛpɛ saa?’ Kae sɛ, sɛnea mfiri ahorow yɛ adwuma no, ɛnyɛ saa na teaseɛnam yi yɛ adwuma. Teaseɛnam no gyina hɔ ma biribi ankasa a ɛwɔ soro. Afei hyɛ nsɛmfua atitiriw yi nsow: “Honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefo no so no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.” (Hes. 1:20, 21) Honhom bɛn na na ɛreyɛ adwuma wɔ kerubim no ne ntwahonan no so?

22 Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ Yehowa honhom kronkron, tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu no. Saa honhom yi na ekura teaseɛnam no mu, ɛno na ɛma no ahoɔden, na ɛno na ɛma n’afã nyinaa bom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Bere a wei wɔ yɛn adwenem no, momma yenni Hesekiel akyi bere a ɔdan n’ani hwɛɛ Onii a ɔkyerɛ teaseɛnam no kwan no.

23 Kenkan Hesekiel 1:26-28. Sɛ wohwɛ sɛnea Hesekiel kyerɛkyerɛɛ anisoadehu no nyinaa mu a, wubehu sɛ na ɔtaa de nsɛm a edi hɔ yi di dwuma; “obi a ɔsɛ,” “nea ayɛ sɛ,” “biribi te sɛ,” ne “te sɛ.” Nanso wohwɛ sɛnea ɔde dii dwuma wɔ Hesekiel 1:26-28 a, wubehu sɛ ɛhɔ mpo de, na ɛdɔɔso koraa. Nea ohui no yɛɛ no nwonwa ara ma na ɛyɛ den sɛ obenya nsɛmfua de akyerɛkyerɛ mu. Ohuu ‘biribi te sɛ hoabo, na na ɛsɛ ahengua.’ Sɛ wɔde hoabo kɛse bruu a ani dum yɛ ahengua a, wohwɛ a sɛn na ɛbɛyɛ? Hesekiel hui sɛ Obi te ahengua no so. Ná onii no ‘sɛ onipa.’

24 Ná Yehowa na ɔte ahengua no so, na efi n’asen rekɔ fam ne n’asen rekɔ soro nyinaa, nea na Hesekiel hu ara ne biribi a ɛrehyerɛn te sɛ ogya. Wei nti, na Hesekiel ntumi nhu no yiye. Yebetumi atwa odiyifo no ho mfoni wɔ yɛn adwenem sɛ wadwom n’ani de ne nsa asi n’ani bere a ɔrehwɛ ade a ɛrehyerɛn yi. Akyiri yi, Hesekiel huu biribi foforo wɔ Yehowa ho a na ɛyɛ fɛ paa. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Ná ne ho nyinaa hyerɛn te sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da.” Woahu nyankontɔn ama w’ani agye pɛn anaa? Ɛma yehu yɛn Bɔfo no anuonyam paa! Sɛ yehu nyankontɔn fɛfɛɛfɛ wɔ wim a, ebia ɛma yɛkae asomdwoe apam a Yehowa ne nnipa yɛe wɔ Nsuyiri no akyi no. (Gen. 9:11-16) Ɛwom, ade nyinaa so Tumfo no wɔ tumi paa, nanso ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn. (Heb. 13:20) Asomdwoe ahyɛ ne koma ma, na ɔma wɔn a wɔsom no nokwarem nyinaa nso nya asomdwoe.

Tweetwee Bible Mu

rr 43 ¶5

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

5 Kenkan Hesekiel 1:6, 10. Hesekiel hui sɛ kerubim biara wɔ anim nnan—onipa anim, gyata anim, nantwi anim, ne ɔkɔre anim. Ɛbɛyɛ sɛ anim nnan a Hesekiel hui no kaa no paa ma ohuu sɛnea Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ nni ano no. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, abɔde ahorow a wɔwɔ kerubim no anim no, yehu sɛ wɔda nsow, efisɛ wɔwɔ ahoɔden, wɔwɔ tumi, na wɔn anim wɔ nyam. Gyata yɛ wuram aboa a ne ho yɛ hu na ne ho yɛ den, nantwi yɛ afieboa a ɔte apɔw, ɔkɔre yɛ anomaa kɛse a ne ho yɛ den, na onipa nso, nneɛma a Onyankopɔn abɔ wɔ asaase so nyinaa, ɔno na ɔda mu fua; abɔde a ɛwɔ asaase so nyinaa onipa na odi wɔn so. (Dw. 8:4-6) Nanso anisoadehu yi mu no, Hesekiel hui sɛ, abɔde ahorow nnan a wɔwɔ kerubim no mu biara anim no, na wɔn nyinaa hyɛ Yehowa, Amansan Hene no ahengua ase. Wei fata paa, efisɛ ɛma yehu sɛ Yehowa betumi afa n’abɔde so ama n’atirimpɔw aba mu! Edi sɛ odwontofo no ka faa Yehowa ho sɛ, “Ne kɛseyɛ tra asaase ne ɔsoro.”—Dw. 148:13.

rr 45 ¶13

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

13 Anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohui sɛ ɛnyɛ anim baako na na kerubim no mu biara wɔ. Mmom, na wɔn mu biara wɔ anim nnan. Dɛn na ɛno kyerɛ? Kae sɛ Onyankopɔn Asɛm mu no, wɔde nɔma nnan ka biribi ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ ade mũ no nyinaa. (Yes. 11:12; Mat. 24:31; Adi. 7:1) Saa anisoadehu yi mu no, Hesekiel de asɛm nnan anaa baanan dii dwuma bɛboro mpɛn du! (Hes. 1:5-18) Dɛn na ɛno ma yehu? Sɛnea kerubim baanan no gyina hɔ ma honhom abɔde anokwafo nyinaa no, saa ara na kerubim no anim nnan no nso, sɛ yɛka ne nyinaa bom a, egyina hɔ ma suban ahorow a Yehowa wɔ no nyinaa.

rr 48 ¶14

Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?

14 Nea ɛbɛma yɛate ase sɛ kerubim no anim nnan no nnyina hɔ mma suban ahorow nnan pɛ no, ma yɛmfa ntoto ntwahonan nnan a ɛwɔ anisoadehu no mu ho nhwɛ. Sɛ wohwɛ ntwahonan no a, ɛwom sɛ emu biara yɛ nwonwa de, nanso sɛ wohwɛ ne nyinaa bom a, edi dwuma soronko bi. Ɛne sɛ, ɛno na teaseɛnam no si so anaa ɛyɛ ne nnyinaso. Saa ara nso na sɛ yɛhwɛ kerubim no anim nnan no nyinaa bom a, ɛnyɛ suban ahorow nnan pɛ na egyina hɔ ma. Mmom, ɛma yehu sɛnea Yehowa te ankasa. Ɛno ne Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ no nnyinaso.

DECEMBER 7-13

BIBLE MU AKORADE HESEKIEL 3-4

Nea Enti a Yɛde Akokoduru Ka Asɛmpa No

w22.11 5 ¶10-11

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No

10 Mmoa bɛn na yehia na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw nea ɛtoo Hesekiel no ho. Ansa na ɔrefi ase aka asɛm no akyerɛ ne manfo no, Onyankopɔn honhom maa no ahoɔden. Ɛnnɛ, sɛ yɛn nso yebetumi aka asɛm no te sɛ Hesekiel a, gye sɛ Onyankopɔn honhom boa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ Satan ko tia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae asɛnka adwuma no. (Adi. 12:17) Nnipa ani so de, sɛ wɔde yɛn toto Satan ho a, yɛte sɛ edwie. Nanso yɛnam asɛnka adwuma no so redi no so nkonim. (Adi. 12:9-11) Ɔkwan bɛn so? Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi a, yɛma Satan hu sɛ yensuro n’ahunahuna no. Bere biara a yɛbɛka asɛm no bi no, yɛma Satan di nkogu. Enti ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, sɛ yegu so ara reka asɛmpa no a, dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron ma yɛn ahoɔden, na Yehowa nso taa yɛn akyi.—Mat. 5:10-12; 1 Pet. 4:14.

11 Ka a Yehowa kaa sɛ wama Hesekiel anim ne ne moma so ayɛ den no, awerɛhyem bɛn bio na ebetumi ama yɛanya? Ɔhaw biara a ebia yebehyia wɔ asɛnka mu no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi adi so. (2 Kor. 4:7-9) Sɛ saa a, ɛnde dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so anya Onyankopɔn honhom no? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so srɛ honhom kronkron no, na yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so mmisa, . . . monkɔ so nhwehwɛ, . . . monkɔ so mmom.” Yehowa nso ‘de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.’—Luka 11:9, 13; Aso. 1:14; 2:4.

bt 134 ¶7

‘Ɔne Wɔn Susuw Kyerɛwnsɛm No Mu Nsɛm Ho’

7 Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Heb. 4:12) Enti Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm so sɛnea Yesu, Paul, ne asomafo a aka no yɛe no. Yɛn nso, yebue Bible no kyerɛ wɔn a yɛkɔto wɔn no, yɛne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, na yɛde di yɛn nkyerɛkyerɛ no ho adanse. Nea ɛwom ne sɛ, asɛm a yɛka no nyɛ yɛn dea. Sɛ yɛde Bible yɛ adwuma kɛse wɔ asɛnka mu a, ɛma nnipa hu sɛ asɛm a yɛka no yɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ, ɛnyɛ yɛn ankasa yɛn dea. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ asɛm a yɛka no gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn; ɛrenni huammɔ da. Ɛno mma wo ahotoso mma wonka asɛm no akokoduru so sɛnea Paul yɛe no anaa?

w18.05 19 ¶8-9

Nea Enti a ‘Yɛkɔ So Sow Aba Pii’

8 Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no. Ɛne sɛ yɛka asɛm no de bɔ nkurɔfo kɔkɔ. Bible frɛ Noa “sɛnkafo.” (Kenkan 2 Petro 2:5.) Ɛda adi sɛ, asɛnka adwuma a Noa yɛe ansa na Nsuyiri no reba no, ɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ nso sɛ ɔsɛe bi reba. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛnhwɛ asɛm a Yesu kae yi: “Nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe. Na saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ.” (Mat. 24:38, 39) Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo antie Noa no, ɔkɔɔ so kaa asɛm a na Yehowa de ama no sɛ ɔmfa mmɔ wɔn kɔkɔ no.

9 Ɛnnɛ, yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na ama wɔanya hokwan ahu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma. Sɛnea Yehowa pɛ no, yɛn nso yɛn yam a anka nkurɔfo atie asɛmpa no na ‘wɔanya nkwa.’ (Hes. 18:23) Bere koro no ara, sɛ yɛka asɛm no wɔ afie afie ne mmɔnten so a, yɛbɔ nnipa pii kɔkɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba abeyi wiase bɔne yi afi hɔ.—Hes. 3:18, 19; Dan. 2:44; Adi. 14:6, 7.

Tweetwee Bible Mu

w94 8/1 13 ¶14-15

Yehowa Wɔ Ntease!

14 Yehowa asakra ne kwan wɔ mmere afoforo mu nso—wɔ nsɛm nketenkete mpo mu. Sɛ́ nhwɛso no, bere bi a Yehowa hyɛɛ odiyifo Hesekiel sɛ ɔnyɛ nkɔmhyɛ mu ɔyɛkyerɛ bi no, nneɛma a ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ no bi ne sɛ ɔmfa nnipa tiafi nsɔ gya nnoa n’aduan. Ná eyi yɛ den dodo ma odiyifo no, na ɔteɛm sɛ, “Ao, [Yehowa] Nyankopɔn,” na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmma no nnyɛ biribi a okyi. Yehowa ampow ne diyifo no nsusuwii anka sɛ ntease nnim; mmom no, Ɔmaa Hesekiel kwan sɛ ɔmfa nantwi bin, a wɔtaa de sɔ gya wɔ aman pii mu de besi nnɛ no nni dwuma.—Hesekiel 4:12-15.

15 So ɛnyɛ akomatɔyam sɛ yebesusuw ahobrɛase a yɛn Nyankopɔn Yehowa wɔ no ho? (Dwom 18:35) Ɔkorɔn sen yɛn koraa; nanso ɔde boasetɔ tie nnipa a wɔnyɛ pɛ, na ɛtɔ da bi a ɔsakra ne kwan ma ɛne wɔn de hyia. Ɔmaa kwan maa Abraham paa no kyɛw bere tenten wɔ Sodom ne Gomora sɛe ho. (Genesis 18:23-33) Na Ɔmaa Mose kaa n’adwene bere a Ɔkae sɛ ɔbɛsɛe Israelfo atuatewfo no na wayɛ Mose asefo mmom ɔman kɛse no. (Exodus 32:7-14; Deuteronomium 9:14, 19; fa toto Amos 7:1-6 ho.) Ɔnam saayɛ so yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa nnipa a wɔsom no a ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobetie afoforo saa ara bere a ntease wom na ɛbɛyɛ yiye saa no.—Fa toto Yakobo 1:19 ho.

DECEMBER 14-20

BIBLE MU AKORADE HESEKIEL 5-6

Nnipa a Wɔsom Abosom Ma Yehowa Di Awerɛhoɔ Paa

w04 5/15 6 ¶3-4

Wubetumi Ama Onyankopɔn Ani Agye

Bible no ma yɛn adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn di yaw kɛse wɔ abrabɔ a ɛnteɛ ho. (Dwom 78:41) Nea ɛka nneɛma a ɛhyɛ Onyankopɔn abufuw na ɛyɛ akyiwade mpo ho ne ahantan, atorodi, awudi, ntafowayi, abosonkɔm, nananom som, abrabɔ a ɛho ntew, wɔn a wokura bɔbeasu koro ntam nna, nokware a wonni wɔ aware mu, mogyafra, ne ahiafo a wɔhyɛ wɔn so.—Leviticus 18:9-29; 19:29; Deuteronomium 18:9-12; Mmebusɛm 6:16-19; Yeremia 7:5-7; Malaki 2:14-16.

Yehowa te nka dɛn wɔ abosonsom ho? Exodus 20:4 ka sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.” Dɛn ntia? Efisɛ ɔbosom ‘yɛ Yehowa akyide.’ (Deuteronomium 7:25, 26) Ɔsomafo Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “M’adɔfo, munguan abosonsom!”—1 Korintofo 10:14.

rr 54 ¶9

“Kɔhwɛ Akyiwade Paa a Wɔreyɛ”

9 Nea na saa abosonsomfo no reyɛ wɔ asɔrefi hɔ no, kɔkɔbɔ bɛn na ɛwom ma yɛn? Ɛne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde ɔsom a edi mũ ma Yehowa a, ɛsɛ sɛ ‘yeguan fi abosonsom ho.’ (1 Kor. 10:14) Ebia yɛbɛka sɛ, ‘Me de, meremfa abosom anaa ahoni biara so nsom Yehowa da!’ Nanso abosonsom gu ahorow; nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛyɛ abosonsom. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Sɛ yɛma biribi a ɛsom bo ma yɛn, biribi a yebu no sɛ mfaso wɔ so, anaa tumi bi a yɛwɔ ho hia yɛn sen Onyankopɔn som a, ɛnde na yɛresom abosom ara ne sa.” Enti ahonyade oo, sika oo, ɔbarima ne ɔbea nna oo, anigyede oo, biribiara a yɛbɛma ɛho ahia yɛn wɔ asetenam asen Yehowa som no, ɛyɛ abosonsom. (Mat. 6:19-21, 24; Efe. 5:5; Kol. 3:5) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ abosonsom biara ho, efisɛ Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛde yɛn koma ma no na yɛsom no!—1 Yoh. 5:21.

Tweetwee Bible Mu

rr 64 ¶6

“W’awiei Adu”

6 Wɔbɛsɛe Yerusalem ne emufo. Hesekiel san yɛɛ ɔyɛkyerɛ foforo, na saa bere yi de, ɔyɛɛ nneɛma mmienu ho ɔyɛkyerɛ boom. Nea edi kan no, Hesekiel yɛɛ nea na Yehowa rebɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa sekan nnamnam yɛ oyiwan.” (Kenkan Hesekiel 5:1, 2.) Hesekiel nsa a ɔde soo sekan no mu no gyina hɔ ma Yehowa nsa. Ná ɛno kyerɛ atemmu a Yehowa nam Babilon asraafo so de bɛba no. Nea ɛto so mmienu, Hesekiel yɛɛ tebea a na Yudafo no bɛkɔ mu no ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yi wo ti nwi ne w’abogyesɛ.” Hesekiel ti nwi a oyii no, na ɛkyerɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so atow ahyɛ Yudafo no so na wɔakunkum wɔn. Afei nso, Yehowa de ahyɛde maa Hesekiel sɛ “fa nsenia kari nwi no na kyekyɛ mu.” Saa asɛm no kyerɛ sɛ, atemmu a na Yehowa de reba no, na obi biara benya ne de.

DECEMBER 21-27

BIBLE MU AKORADE HESEKIEL 7-8

Yehowa Da No Bɛba Bere a Wahyɛ No Pɛpɛɛpɛ

rr 67-68 ¶13-15

“W’awiei Adu”

13 Yɛadi kan ahu sɛ Hesekiel hyɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asɛe Yerusalem ho nkɔm. Nanso, ɔsan yɛɛ bere a ɔsɛe no bɛba ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnna ne benkum so nnafua 390, na ɔnsan nna ne nifa so nnafua 40. Ná da koro biara gyina hɔ ma afe baako. (Kenkan Hesekiel 4:4-6; Num. 14:34) Saa ɔyɛkyerɛ yi, yebetumi aka sɛ da biara, na Hesekiel de nnɔnhwerew kakraa bi na ɛyɛ. Ɛkyerɛɛ afe pɔtee a Yerusalem sɛe no bɛba. Ɛda adi sɛ mfe 390 a Israel de yɛɛ bɔne no fii ase afe 997 A.Y.B. mu. Saa afe no na Israel mmusuakuw 12 ahemman no mu kyɛɛ mmienu no. (1 Ahe. 12:12-20) Mfe 40 a Yuda de yɛɛ bɔne no nso, ɛbɛyɛ sɛ efii ase afe 647 A.Y.B. mu. Saa afe no na Yehowa paw Yeremia sɛ odiyifo na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ Yuda ahemman no kɔkɔ pefee sɛ ɔsɛe reba wɔn so. (Yer. 1:1, 2, 17-19; 19:3, 4) Saa mmere mmienu no nyinaa, na ɛbɛba awiei wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Saa afe no ara na wɔsɛee Yerusalem sɛnea Yehowa hyɛɛ ho nkɔm no.

14 Bere a Yehowa kaa nkɔmhyɛ a ɛfa nnafua 390 ne nnafua 40 no ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel no, ebetumi aba sɛ Hesekiel antumi anhu afe pɔtee a na wɔbɛsɛe Yerusalem. Nanso, bere a na ɔsɛe no rebɛn no, ɔkɔɔ so ara bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ Yehowa atemmu reba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Afei w’awiei adu.” (Kenkan Hesekiel 7:3, 5-10.) Wei ma yehu sɛ, na Hesekiel nim paa sɛ Yehowa bedi ne bere so pɛpɛɛpɛ. (Yes. 46:10) Afei nso, odiyifo no kaa nneɛma a na ebesisi ansa na wɔasɛe Yerusalem no ho asɛm too hɔ. Ɔkaa sɛ: “Mmusu bedi mmusu akyi.” Enti na nneɛma bɛyɛ basaa wɔ ɔman no mu. Nyamesom oo, amammu oo, na biribiara bɛdan abutuw.—Hes. 7:11-13, 25-27.

15 Bere a Hesekiel kaa Yerusalem sɛe ho asɛm no, mfe kakraa bi akyi na saa nkɔmhyɛ no fii ase baa mu. Afe 609 A.Y.B. mu no, Hesekiel tee sɛ atamfo aba Yerusalem so. Nea ɛte ne sɛ, tete no, sɛ kurow bi mufo te sɛ obi rehyɛn torobɛnto a, na ɛkyerɛ sɛ wɔmmra mmɛko nnye wɔn kurow no. Nanso, sɛnea na Hesekiel aka ato hɔ no, sɛ atamfo no ba Yerusalem so a, na ‘obiara renkɔko.’ (Hes. 7:14) Yerusalemfo no ankɔko annye wɔn kurow no bere a Babilon asraafo no baa wɔn so no. Ebia Yudafo no mu binom nyaa adwene sɛ Yehowa betwitwa agye wɔn. Ná Yehowa ayɛ bi pɛn. Bere bi a Asiriafo yɛe sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Yerusalem kurow no so no, Yehowa bɔfo kunkum wɔn asraafo no mu dodow no ara. (2 Ahe. 19:32) Nanso saa bere yi de, ɔbɔfo biara ammɛboa wɔn. Bere tiawa bi mu no, na kurow no a wɔatwa ho ahyia no ayɛ sɛ “dadesɛn” a wɔde asi “gya so.” Kurow no mufo nso, na wɔaka kurow no mu a wɔrentumi mpue, enti yɛbɛka a, na wɔayɛ sɛ “nam a wɔatwitwa” agu dadesɛn no mu. (Hes. 24:1-10) Wotwaa kurow no ho hyiae abosome 18 maa kurow no mufo dii amia paa, na ɛno akyi no, wɔsɛee Yerusalem.

rr 70 ¶19

“W’awiei Adu”

19 Ɛnde yemmisa sɛ, Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho no fa yɛn ho sɛn nnɛ? Ɛkae yɛn sɛ, bere a aka a ɛsɛ sɛ yɛde boa afoforo ma wɔbɛsom Onyankopɔn no sua. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka yɛ asuafoyɛ adwuma no. Sɛ yehu sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa afi ase resom yɛn Agya Yehowa a, yɛn ani gye paa. Nanso, wɔn a wɔnyɛ saa no mpo, yɛkɔ so ara de kɔkɔbɔ a Hesekiel de maa ne bere sofo no ma wɔn, enti yɛka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo awiei adu.’ (Hes. 3:19, 21; 7:3) Bere koro no ara, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ara de yɛn ho ato Yehowa so, na yɛama nokware som ho ahia yɛn asen biribiara wɔ yɛn asetena mu.—Dw. 52:7, 8; Mmeb. 11:28; Mat. 6:33.

Tweetwee Bible Mu

w24.09 11 ¶14

Krataa Bi a Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛde Animia Agyina Mu Akosi Awiei

14 Sɛ yegye di paa sɛ wiase yi awiei abɛn a, yɛremma sikapɛ ne ahonyade mmɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam. Ahohiahia kɛse no mu no, nnipa ‘bɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so’ efisɛ wɔbehu sɛ “Yehowa abufuw da no, wɔn dwetɛ anaa wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn.” (Hes. 7:19) Sɛ́ anka yɛde sikapɛ besi yɛn ani so no, ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛbɛboa yɛn ma yɛn asetena ayɛ ketewese, na yɛatumi asom Yehowa yiye. Yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansoa ɛka hunu angu yɛn ho so anaa yɛamma ahonyade a yɛbɛhwɛ so anaa yɛbɛbɔ ho ban ammɛyɛ yɛn so adesoa. Yɛbɛhwɛ yiye nso na yɛamma yɛn koma ankodi yɛn agyapade mu. (Mat. 6:19, 24) Bere a wiase yi awiei rebɛn no, ebehia sɛ yɛkyerɛ sɛ Yehowa na yɛde yɛn ho to no so anaa yɛn ahonyade na yɛde yɛn ho to so.

DECEMBER 28–JANUARY 3

BIBLE MU AKORADE HESEKIEL 9-10

Boa Nkurɔfo Ma Wɔnnya Nkwa Wɔ Armagedon

rr 173 ¶6

“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”

6 Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu nea na wobegyina so ahyɛ obi moma so agyirae. Nkurɔfo a na ‘wɔresi apini na wɔredi abooboo’ wɔ akyiwade a na ɛrekɔ so ‘wɔ kurow no mu’ ho no, wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn moma so agyirae. Ɛnde saa nkurɔfo no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? Baako ne sɛ, ɛnyɛ abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ nko ara na na ama wɔn werɛ ahow, na mmom amumɔyɛ, ɔbrabɔne, ne nyansakorɔn a na ahyɛ Yerusalem ma no nso, na wɔredi ne nyinaa ho awerɛhow. (Hes. 22:9-12) Afei nso, yebetumi aka sɛ wɔmaa nkurɔfo hui sɛ wɔn ani nnye nea na ɛrekɔ so no ho. Wei ma yehu sɛ, nnipa komapafo a wɔte saa no, wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe maa obiara hui sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Ná Yehowa behu saa nkurɔfo a wɔfata no mmɔbɔ na wagye wɔn nkwa.

w25.08 31 ¶1-2

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesu kaa sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Greek asɛmfua a wɔakyerɛ ase “awiei” wɔ saa kyerɛwsɛm yi ne nkyekyɛm 6 ne 13 mu no, ɛno ne teʹlos. Ɛkyerɛ bere a Satan wiase yi bɛba n’awiei korakora wɔ Armagedon. (Adi. 16:14, 16) Wei kyerɛ sɛ aka dɛ ma Armagedon aba no na yebegyae asɛmpa no ka. Wei yɛ ntease foforo a yɛanya.

Bere bi a atwam no, na yɛn ntease ne sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase na wɔsɛe Babilon Kɛse no a, yebegyae asɛmpa no ka. (Adi. 17:3, 5, 15, 16) Ná yegye di sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, saa bere no na “Yehowa adom afe” no bɛba awiei. (Yes. 61:2) Afei nso, na ɛyɛ yɛn sɛ wɔn a wɔbenya nkwa no, ansa na ahohiahia kɛse no befi ase no, na wɔyɛ Yehowa asomfo dedaw. Ná ɛyɛ yɛn sɛ wɔte sɛ Yudafo a wɔnyaa wɔn ti didii mu bere a wɔsɛe Yerusalem afe 607 ansa na Yesu reba no. Ná saa Yudafo no akyerɛ dedaw sɛ wɔsom Yehowa na wɔtan bɔne, enti Yehowa ma wɔhyɛɛ wɔn agyirae sɛ wɔbenya nkwa. (Hes. 5:11; 9:4) Saa adwene no ne asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 24:14 no nhyia, efisɛ ɛhɔ ma yehu sɛ, aka dɛ ma wiase no aba awiei korakora wɔ Armagedon no, ebia ebinom benya hokwan atie asɛmpa no.

w25.08 31 ¶6

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Babilon Kɛse no sɛe akyi no, obiara a ɔbɛba abɛsom Yehowa no, obenya hokwan aboa Kristo nuanom a wɔda so wɔ asaase so no. (Mat. 25:34-36, 40) Nokwasɛm ne sɛ, hokwan a ɛbɛma wɔabu obi sɛ oguan no, aka dɛ ma Armagedon aba a, ɛbɛba awiei, bere a wɔafa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asaase so kɔ soro no.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 9 ¶2

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

3:11-22; 11:10-12, 17—Ɛwom sɛ wɔsɛee Samaria wɔ 740 A.Y.B. de, nanso dɛn nti na Yeremia kaa mmusuakuw du ahemman no ho asɛm wɔ n’atemmusɛm no mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. no yɛ atemmu a Yehowa de baa Israel ɔman mũ no nyinaa so, na ɛnyɛ Yuda nko. (Hesekiel 9:9, 10) Bio nso, wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no sɛe akyi no, wɔammu ani angu wɔn so wɔ Yerusalem, efisɛ Onyankopɔn adiyifo kɔɔ so kaa Israelfo no ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena