Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr26 September kr. 1-10
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • SEPTEMBER 7-13
  • SEPTEMBER 14-20
  • Wɔ Yeremia 34:7 mu no, odiyifo no ka bere a “Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu” no ho asɛm. Ná ɛte sɛ nea onii a ɔkyerɛw Lakis Nsɛm no mu biako reka asɛnkoro yi ara ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛrehwɛ sɛ yebehu Lakis [ogya] ahyɛnsode [frankaa] no . . . , efisɛ yɛrentumi nhu Azeqah.” Nhomanimfo pii gye di sɛ eyi kyerɛ sɛ Babilonfo dii Azeqah anaa Aseka so nkonim, na na Lakis na edi hɔ a wobedi wɔn so nkonim. Ade a ɛho hia wɔ asɛm yi mu no ne “ogya ahyɛnsode” a wɔkaa ho asɛm no. Yeremia 6:1 nso ka ɔkwan a ɛte saa a wɔfaa so dii nkitaho no ho asɛm.
  • SEPTEMBER 21-27
  • SEPTEMBER 28–OCTOBER 4
  • OCTOBER 5-11
  • OCTOBER 12-18
  • OCTOBER 19-25
  • OCTOBER 26–NOVEMBER 1
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2026
mwbr26 September kr. 1-10

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

SEPTEMBER 7-13

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 32-33

Sɛ Yedwendwen Yehowa Suban Ahoroɔ Ho a, Ɛhyɛ Yɛn Gyidi Den

wp19.1 6 ¶1–7 ¶1

Onyankopɔn Suban Te Sɛn?

‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, wo na wode wo tumi yɛɛ ɔsoro ne asase.’—YEREMIA 32:17.

Tumi a Onyankopɔn wɔ no, yehu wɔ n’adebɔ mu. Nhwɛso bi ni. Sɛ owia bɔ na wupue kogyina abɔnten a, wote nka sɛn wɔ wo honam ani? Wote sɛ owia a ɛrebɔ no yɛ hyew. Saa ɔhyew no fi Yehowa tumi a ɔde bɔɔ ade no mu. Owia no ano den te sɛn? Ɔhyew a ɛwɔ owia no mfinimfini no bɛyɛ digrii Celsius ɔpepem 15. Anibu biara mu no, tumi a efi owia mu ba no, ɛne tumi a ɛwɔ nuklea atopae ɔpehaha pii mu no yɛ pɛ.

Nanso, nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan no mu no, sɛ yɛde owia no toto emu bi ho a, owia no sua koraa. Nyansahufo kyerɛ sɛ nsoromma a ɛsoso pa ara no, wɔfrɛ emu baako UY Scuti. Ne kɛse te sɛ owia no mmaako mmaako 1,700 a yɛaka abom. Baabi a owia no wɔ no, sɛ yɛde UY Scuti kɔhyɛ hɔ a, sɛnea ɛsõ no nti, ɛbɛmene asase yi koraa akɔ ara akɔtra okyinnsoromma Jupiter. Yebetumi aka sɛ wei boa ma yɛte asɛm a Yeremia kae no ase yiye. Ɔkaa sɛ, Yehowa Nyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ ɔsoro ne asase, kyerɛ sɛ, amansan yi nyinaa.

Sɛn na Onyankopɔn tumi no boa yɛn? Owia ne nneɛma ahorow a ɛwɔ asase so a Onyankopɔn abɔ no na ɛboa yɛn ma yɛtena nkwa mu. Ne nyinaa akyi no, Onyankopɔn san de ne tumi boa yɛn mu biara. Ɔkwan bɛn so? Bere a na Yesu wɔ asase so no, Onyankopɔn maa no tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Bible ka sɛ: “Anifuraefo hu ade bio, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo.” (Mateo 11:5) Ɛnnɛ nso ɛ? Bible san ka sɛ: ‘Ɔma nea wabrɛ no tumi, na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo.’ (Yesaia 40:29, 31) Onyankopɔn betumi ama yɛn “tumi a ɛboro onipa de so,” na yɛde agyina asetenam nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow ano. (2 Korintofo 4:7) Wohwɛ sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔde ne tumi a enni ano no boa yɛn no a, w’ani nnye ho sɛ wobɛbɛn no?

w21.11 7 ¶18

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ No, Dɛn Na Wusua Fi Mu?

18 Dɛn na yɛpɛ sɛ ɛtena yɛn adwene mu? Ansa na yɛrebɛsom Yehowa no, ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi kyerɛ adasamma nyinaa no, ɔdaa bi adi kyerɛɛ yɛn. Nanso seesei a yɛyɛ n’asomfo no, oyi ne dɔ a enni huammɔ nso adi kyerɛ yɛn. Ne dɔ a enni huammɔ no nti, ɔde ne basa bɔ yɛn ho ban. Ɔbɛkɔ so abata yɛn ho denneennen, na wayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn biara. Ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye! (Dw. 46:1, 2, 7) Enti sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa de mmoa biara a yehia bɛma yɛn, na yɛne ne ntam ansɛe.

w25.10 21 ¶15

Sɛnea Wobɛma Wo Mpaebɔ Atu Mpɔn

15 Kenkan Yeremia 12:1. Bere bi a odiyifo Yeremia hui sɛ abɔnefo di yiye no, ɛhaw no paa. Afei nso sɛnea ne mfɛfo Israelfo no teetee no no, n’ani annye ho koraa. (Yer. 20:7, 8) Ɛnnɛ, yɛn nso yehu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma abɔnefo na nkurɔfo nso tumi di yɛn ho fɛw, enti sɛnea Yeremia tee nka no, yebetumi ate no ase. Ɛwom sɛ Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ nea na ɛrekɔ so no haw no paa, nanso wankasa antia Yehowa. Bere a ohuu sɛnea Yehowa twee ne nkurɔfo asoɔdenfo no aso no, ɛmaa ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛɛ kɛse. (Yer. 32:19) Yɛn nso, sɛ biribi reteetee yɛn a, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa, na yɛanya ahotoso sɛ ne bere a ɛsɛ mu no, obedi ho dwuma.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 11 ¶4

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

33:23, 24—“Mmusua abien” bɛn na wɔka wɔn ho asɛm wɔ ha no? Emu biako ne adehye a wofi Ɔhene Dawid abusua mu, ɛnna foforo no yɛ asɔfo a wofi Aaron abusua mu no. Bere a wɔsɛee Yerusalem ne Yehowa asɔrefie no, na ɛte sɛ nea Yehowa apo mmusua abien yi. Ná ɛte sɛ nea ɔremma ne hene nni ade wɔ asase so bio, anaasɛ ɔremma wɔnnsan mfa ne som nsi hɔ.

SEPTEMBER 14-20

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 34-35

Wɔn a Wɔyɛ Osetie Ma Yehowa Bere Nyinaa No, Ohyira Wɔn

jr 49-50 ¶13-14

Hwɛ Yiye Wɔ Koma a Ɛyɛ Okontomponi Ho

13 Momma yensusuw nhwɛso foforo ho nhwɛ. Babilonfo no de Sedekia sii agua so wɔ Yuda sɛ ɔhene a ɔhyɛ wɔn tumidi ase. Nanso, afotu a Onyankopɔn nam Yeremia so de maa Sedekia nyinaa akyi no, Sedekia tew atua. (Yer. 27:8, 12) Enti Babilonfo no betwaa Yerusalem ho hyiae. Afei ɔhene no ne mpanyimfo no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de di Mose Mmara no so na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom. Esiane sɛ na Sedekia nim sɛ ɛsɛ sɛ wogyae Hebrifo a wɔyɛ nkoa no wɔ afe a ɛto so ason mu nti, ɔyɛɛ apam sɛ wonnyae nkoa a wɔte saa no. (Ex. 21:2; Yer. 34:14) Bere a atamfo betwaa Yerusalem ho hyiae no, afei nkurɔfo no hui sɛ nyansa wom sɛ wogyae wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no!—Monkenkan Yeremia 34:8-10.

14 Akyiri yi, Egypt asraafo bɛboaa Yerusalem, na ɛmaa Babilonfo no twee wɔn ho kɔe. (Yer. 37:5) Dɛn na na wɔn a wɔagyae wɔn nkoa no bɛyɛ? Wɔsan kɔfaa nkoa a na wɔagyae wɔn no de wɔn bɛyɛɛ nkoa bio. (Yer. 34:11) Asɛm no ne sɛ bere a na Yudafo no wɔ asiane mu no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛnea wodi Onyankopɔn ahyɛde so, te sɛ nea wɔatwe wɔn ho afi wɔn kan abrabɔ no ho. Nanso, bere a wɔn atamfo no san wɔn akyi no, wɔsan kɔfaa wɔn akwan dedaw no so. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wodi Mose Mmara no so no, nneɛma a wɔyɛe akyiri yi no daa no adi sɛ na enni wɔn komam sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no bɛbɔ wɔn bra, na wɔama anwene wɔn.

jr 76 ¶17-18

“Tie Yehowa Asɛm”

17 Eye sɛ yebetie Yehowa wɔ biribiara mu. Yebetumi ahu eyi wɔ nea Rekabfo a wɔtenaa ase wɔ Yeremia bere so no yɛe no mu. Bɛboro mfe ahanu a na atwam mu no, na wɔn agya Yehonadab a ɔyɛ Kenini a ɔde nokwaredi kogyinaa Yehu afã no ama wɔn ahyɛde ahorow bi. Ná emu biako ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa. Ná Yehonadab awu dedaadaw, nanso Rekabfo no kɔɔ so dii n’ahyɛde so. Yeremia de wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ adidibea bi, na ɔde nsa sii wɔn anim kae sɛ wɔnnom de sɔɔ wɔn hwɛe. Wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Yɛrennom nsã biara.”—Yer. 35:1-10.

18 Ná osetie a Rekabfo no bɛyɛ ama wɔn agya a wawu dedaadaw no ho hia wɔn. Ɛsɛ sɛ nokware asomfo de nsi a ɛsen saa mpo di Onyankopɔn teasefo no ahyɛde ahorow so. Yehowa ani gyee sɛnea Rekabfo no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ osetie no ho, na ɛma wɔyɛɛ soronko koraa wɔ Yudafo a na wɔn aso yɛ den no ho. Onyankopɔn hyɛɛ Rekabfo no bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ mmusu a na ɛreba no mu. Ɛnnɛ nso, so ntease nnim sɛ wɔama wɔn a wotie Yehowa wɔ biribiara mu no awerɛhyem sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu?—Monkenkan Yeremia 35:19.

it “Rekabfo” ¶5-6

Rekabfo

Sɛnea Rekabfo no brɛɛ wɔn ho ase tiee wɔn papa asɛm no, Yehowa ani gyee ho paa. Wɔn papa a na ɔyɛ onipa mpo, wɔfii wɔn koma nyinaa mu tiee no. Nanso Yudafo no de, Yehowa a ɔbɔɔ wɔn no, wɔyɛɛ ne so asoɔden. (Yer 35:12-16) Onyankopɔn kaa sɛ obehyira Rekabfo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Daa wobenya Rekab ba Yehonadab aseni a obegyina m’anim asom me.”—Yer 35:19.

Bere a Israelfo no fi obi man so bae a na Nehemia yɛ amrado no, “Rekab ba Malkiya” na osiesiee Sumina Pon no. Sɛ saa Rekab yi ara na na ɔyɛ Yehonadab papa anaa Yehonadab nana a, ɛnneɛ na ɛkyerɛ sɛ bere a Israelfo san fii obi man so baa wɔn asaase so no, na Rekabfo no bi ka wɔn ho. (Ne 3:14) Sɛ wokan 1 Beresosɛm 2:55 a, wɔka Hammat ho asɛm sɛ “Rekab fi agya.”

Tweetwee Bible Mu

w07 11/15 14 ¶1-3

Tete Nkuku a Abubu Foa Bible Kyerɛwtohɔ So

Ná tete Lakis kurow a ɛyɛ den no wɔ Yerusalem anafo atɔe fam, na efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ akwansin 27. Bere a wotutuu fam wɔ afe 1930 mu no, wohuu kyɛmfɛre bi a wɔaboa ano, ná emu bɛyɛ 12 yɛ nsɛm a wɔde dii nkitaho a wɔka ho asɛm sɛ “na ɛho hia paa . . . efisɛ ɛkyerɛkyerɛ amanyɔsɛm ne basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ Yuda, bere a na wɔrehwɛ kwan sɛ [Babilon Hene] Nebukadnesar bɛba abɛtow ahyɛ wɔn so no mu.”

Ná nsɛm a ɛho hia paa no ne nea wɔakyerɛw a Yaosh a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ɔsahene wɔ Lakis no ne obi a ɔhyɛ n’ase de dii nkitaho no. Kasa a wɔde kyerɛw nsɛm no ne nea odiyifo Yeremia de kyerɛw ne nsɛm saa bere no di nsɛ. Susuw sɛnea nsɛm yi mu abien foa sɛnea Bible kyerɛkyerɛ saa bere a na emu yɛ den no mu no ho hwɛ.

Wɔ Yeremia 34:7 mu no, odiyifo no ka bere a “Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu” no ho asɛm. Ná ɛte sɛ nea onii a ɔkyerɛw Lakis Nsɛm no mu biako reka asɛnkoro yi ara ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛrehwɛ sɛ yebehu Lakis [ogya] ahyɛnsode [frankaa] no . . . , efisɛ yɛrentumi nhu Azeqah.” Nhomanimfo pii gye di sɛ eyi kyerɛ sɛ Babilonfo dii Azeqah anaa Aseka so nkonim, na na Lakis na edi hɔ a wobedi wɔn so nkonim. Ade a ɛho hia wɔ asɛm yi mu no ne “ogya ahyɛnsode” a wɔkaa ho asɛm no. Yeremia 6:1 nso ka ɔkwan a ɛte saa a wɔfaa so dii nkitaho no ho asɛm.

SEPTEMBER 21-27

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 36-37

Yehowa Boa Wɔn a Wɔtaa N’Ahenni Akyi

jr 27 ¶22

Odiyifo a Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”

22 Afei na Yuda mu akyɛ abien—wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔhyɛ Babilon ase ne wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔntew atua. Wɔ afe 609 A.Y.B. mu no, Sedekia kɔɔ Egypt kɔhwehwɛɛ asraafo fii hɔ de tew atua. Afei, na ɛsɛ sɛ Yeremia gyina basabasa a na ne manfo a wɔkyerɛ sɛ wɔntew atua no reyɛ no ano. (Yer. 52:3; Hes. 17:15) Nebukadnesar ne n’asraafo san baa Yuda besiw atuatew no ano, wɔko faa Yuda nkurow nyinaa, na wɔsan twaa Yerusalem ho hyiae bio. Asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia ne ne manfo wɔ saa bere a na emu yɛ den yi mu ne sɛ Babilonfo bɛko afa Yerusalem. Ná wobekunkum wɔn a wɔbɛkɔ so atena kurow no mu no, nanso ná wɔn a wobefi kurow no mu akɔ Kaldeafo no hɔ no benya wɔn ti adidi mu.—Monkenkan Yeremia 21:8-10; 52:4.

jr 28 ¶23

Odiyifo a Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”

23 Yuda mpanyimfo no kyerɛe sɛ Yeremia yɛ ɔfatwafo a wakogyina Babilonfo no afã. Bere a Yeremia kaa nokwasɛm kyerɛɛ Yuda mpanyimfo no, wɔhwee no de no too afiase. (Yer. 37:13-15) Nanso, Yeremia angow Yehowa asɛm a na ɔreka no mu. Enti, mpanyimfo no ka kyerɛɛ Sedekia sɛ onkum Yeremia. Wɔde odiyifo no kɔtoo abura bi a na nsu nnim mu, ná anka obetumi awu wɔ dontori a ɛwom no mu. Nanso, Etiopiani Ebed-Melek a na ɔyɛ adwuma wɔ ɔhene no fie no koyii Yeremia. (Yer. 38:4-13) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ahonim mma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu ntawntawdi mu nti, hwɛ sɛnea wɔtaa hu amane! Ɛda adi pefee sɛ, nea ɛtoo Yeremia no betumi ahyɛ wo den ma woagyina sɔhwɛ ano na woadi so nkonim.

w08 10/15 11 ¶18

Yɛn Yiyedi Nti Na Yehowa Hwɛ Yɛn

18 Aka kakra ma ɛbere a Babilonfo de twaa Yerusalem ho hyiae no aba awiei no, wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfo Abangua mu. Ná Yeremia bɛyɛ dɛn anya aduan adi? Sɛ na ɔnna afiase a, anka ɔno ankasa bɛhwehwɛ aduan adi. Nanso, afei de, na nnipa a ɔne wɔn wɔ afiase hɔ a na wɔn mu dodow no ara mpɛ n’asɛm no nkutoo na na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛma no aduan adi! Nanso, Yeremia amfa ne ho anto nnipa so, na mmom ɔde ne ho too Onyankopɔn a na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛhwɛ no no so. So Yehowa hwɛɛ no sɛnea na wahyɛ no bɔ no? Yiw, ɔhwɛɛ no! Yehowa hwɛ maa Yeremia nsa kaa “abodoo sebɔw” da biara da “kosii sɛ abodoo nyinaa sãe kurow no mu.” (Yer. 37:21) Yeremia, Baruk, Ebed-Melek, ne afoforo nyaa nkwa wɔ bere a na ɔkɔm, yare, ne awuwuawuwu rekɔ so no mu.—Yer. 38:2; 39:15-18.

Tweetwee Bible Mu

it “Yehoiakim” ¶9

Yehoiakim

Bere a Yehoiakim babarima Yehoiakin de ne ho kɔhyɛɛ Nebukadnesar ase no, Nebukadnesar de Yehoiakin wɔfa Sedekia sii Yuda so hene. (2Be 36:9, 10) Wei maa nkɔm a Yeremia hyɛe sɛ Yehoiakim rennya obi a ɔbɛtena Dawid ahengua so no baa mu. (Yer 36:30) Yehoiakim babarima Yehoiakin dii adeɛ abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ.

SEPTEMBER 28–OCTOBER 4

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 38-39

Monkɔ So Mmoa Mo Ho Mo Ho

w13 1/15 9 ¶12

Ma Wo Bo Nyɛ Duru—Yehowa Ka Wo Ho!

12 Nhwɛso foforo ne Ebed-Melek. Na ɔyɛ opiani wɔ Ɔhene Sedekia ahemfie, na ɔde ne nkwa too ne nsam boaa Yeremia. Na Yuda mpanyimfo atutu agu ɔhene no asom sɛ Yeremia yɛ ɔmammɔfo. Enti ɔhene no maa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ no nea wɔpɛ biara, na wɔde no kɔtoo atɛkyɛ mu wɔ abura bi mu sɛ onwu. (Yer. 38:4-6) Ebed-Melek kɔɔ Ɔhene Sedekia anim kɔsrɛ maa Yeremia. Ná egye akokoduru na Ebed-Melek atumi ayɛ saa efisɛ na ɔmanfo no tan Yeremia. Sedekia penee so na ɔmaa mmarima 30 kaa Ebed-Melek ho koyii Yeremia fii abura no mu. Onyankopɔn somaa Yeremia ma ɔkɔka kyerɛɛ Ebed-Melek sɛ, sɛ Babilonfo rebɛsɛe Yerusalem a, obenya ne ti adidi mu. (Yer. 39:15-18) Eyi ma yehu sɛ Onyankopɔn hyira wɔn a wonya akokoduru yɛ n’apɛde.

w19.11 6 ¶17

Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba

17 Yeremia yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ yɔnko berɛbo wɔ ahohia bere mu. Nea ɔyɛe ni. Bere a Ebed-Melek a ɔyɛ ahemfie panyin no yii Yeremia fii abura bi a dontori wom mu de gyee no nkwa no, na Ebed-Melek suro sɛ mpanyimfo no bɛyɛ ɔno Ebed-Melek bɔne. Bere a Yeremia tee ho asɛm no, wanka n’ano antom, na wannyaw n’adamfo no amma ɔno nko ara amfa ɔhaw no mu. Ɛmfa ho sɛ na Yeremia da afiase no, ɔyɛɛ nea obetumi biara hyɛɛ n’adamfo Ebed-Melek nkuran; ɔkaa ɛbɔ a Yehowa hyɛe no kyerɛɛ no de kyekyee ne werɛ.—Yer. 38:7-13; 39:15-18.

w20.09 24 ¶15-17

Boa Anuanom Mmea

15 Ɛtɔ da a, anuanom mmea hyia ɔhaw bi. Ɛba saa a, ɛho behia sɛ obi ka wɔn asɛm ma wɔn. (Yes. 1:17) Ɛho nhwɛso ni. Sɛ obi yɛ okunafo anaa n’aware agu a, ebia obehia obi na waka n’asɛm ama no. Afei nso, obehia obi a ɔbɛboa no ama wayɛ nneɛma bi a na ne kunu taa yɛ. Ebia onuawa bi a ne mfe akɔ anim nso behia obi a ɔbɛka ne ho ama wakohu adɔkotafo. Sɛ onuawa bi yɛ ɔkwampaefo a ɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Yehowa som adwuma, na sɛ ɛno nti ontumi nkɔ asɛnka sɛnea akwampaefo a wɔaka no yɛ, na sɛ afoforo keka ne ho nsɛm a, ebia obehia obi a ɔbɛka n’asɛm ama no. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom mmea yi? Momma yɛnhwɛ biribi foforo a Yesu yɛe na yensuasua.

16 Bere a nkurɔfo kasa tiaa mmea a wɔsom Onyankopɔn no, Yesu kaa bi maa wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Marta kasa tiaa Maria no, Yesu kaa bi maa Maria. (Luka 10:38-42) Bere foforo nso, bere a nkurɔfo kasa tiaa Maria sɛ wanyɛ n’ade nyansam no, Yesu kaa bi maa no. (Kenkan Marko 14:3-9.) Yesu huu adwene a Maria de yɛɛ saa no na ɔkamfoo no sɛ: “Adepa na wayɛ ama me. . . . Wayɛ nea obetumi.” Ɔkaa mpo sɛ “baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no,” wɔbɛka adepa a Maria yɛe yi ho asɛm. Ɛno na yɛreyɛ wɔ adesua yi mu no. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu kaa sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase baabiara bere a ɔkamfoo Maria sɛ wayi ne yam ayɛ adepa no! Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa Maria koma tɔɔ ne yam paa ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo akasa atia no no!

17 Ɛba sɛ ɛsɛ sɛ woka onuawa bi asɛm ma no a, ɛyɛ a woyɛ saa anaa? Momma yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Anuanom bi ahu sɛ, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo ntaa mma adesua ntɛm. Yɛpɔn ara nso na ɔkɔ fie. Wɔahu nso sɛ, ɔntaa mfa ne mma mma asafo nhyiam. Wonhu nea enti a ɔmmfa ne nan nsi fam ne ne kunu nkasa, na ɔmmma kwan mmma ɔne ne mma no mma asafo nhyiam. Ɛno nti wɔkasa tia no. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, onuawa no reyɛ nea obetumi nyinaa. Nea ɛte ne sɛ, ɔhyɛ ne kunu ase. Mmofra no nso, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wote biribi saa fa onuawa bi ho a, dɛn na wubetumi ayɛ? Sɛ wokamfo onuawa no na woka adepa a ɔreyɛ ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebia wobegyae nsɛnkeka no.

Tweetwee Bible Mu

jr 92 ¶1

So ‘Wobɛtena Nkwa Mu’ Te Sɛ Yeremia?

BERE a Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmpaw onii a wɔbɛsom no no akyi no, ɔkae sɛ: “Me ne me fie de, yɛbɛsom Yehowa.” (Yos. 24:15) Ná Yosua asi ne bo sɛ obedi Onyankopɔn nokware, na na ɔwɔ ahotoso paa sɛ n’abusua nso bedi nokware. Mfe pii akyi, bere a na aka kakra ma wɔasɛe Yerusalem no, Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ sɛ ɔde ne ho kɔma Babilonfo no a, ‘ɔne ne fiefo bɛtena nkwa mu.’ (Yer. 38:17) Gyinae pa a ɔhene no ansi no de ɔhaw baa ɔno, ne yerenom, ne ne mma so. Babilonfo no kunkum ne mma wɔ n’anim; afei wɔbobɔɔ n’aniwa de no kɔɔ nkoasom mu.—Yer. 38:18-23; 39:6, 7.

OCTOBER 5-11

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 40-41

Yehowa Twitwa Gye N’asomfo Anwanwakwan So Bere Nyinaa Anaa?

jr 189 ¶16

“Mintumi Nyɛ Komm”

16 Bere a woyii Yeremia baa asase kesee so mpo no, na ne nkwa da so ara da asiane mu. Bere a na Ebed-Melek resrɛ ama Yeremia no, ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Ɔkɔm no nti, obewu wɔ hɔ. Aduan bi nni kurow yi mu bio.” (Yer. 38:9) Ná aduan ho ayɛ nã wɔ Yerusalem araa ma enti na nkurɔfo rewe nnipa nam. Nanso, Yehowa san de ne ho gyee asɛm no mu gyee ne diyifo no. Yehowa nam Yeremia so hyɛɛ Ebed-Melek bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban. (Yer. 39:16-18) Ná Yeremia werɛ mfii awerɛhyem a Onyankopɔn de ama no no. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ: “Midi w’akyi, na megye wo.” (Yer. 1:8) Esiane sɛ na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no rebɔ saa mmarima anokwafo baanu no ho ban nti, na ɔremma wɔn atamfo a wɔyɛ nnipa anaa ɔkɔm renkum wɔn. Wonyaa wɔn ti didii mu wɔ saa kurow a na wɔrebɛsɛe no no mu. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban, na odii ne bɔhyɛ so.—Yer. 40:1-4.

w02 12/15 20 ¶2

So Wunim Safan ne N’abusua Ho Nsɛm?

Bɛyɛ mfirihyia 20 akyi, bere a Babilonfo sɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu na wɔde nnipa dodow no ara kɔɔ nnommumfa mu no, wɔpaw Safan banana Gedalia, a ɔyɛ Ahikam ba no, amrado wɔ Yudafo nkae no so. So na ɔte sɛ Safan abusuafo afoforo a wɔhwɛɛ Yeremia so no? Bible kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no [trae].” Wɔ asram kakraa bi mu no, wokum Gedalia, na Yudafo a wɔkae no de Yeremia kaa wɔn ho bere a wotu kɔɔ Misraim no.—Yeremia 40:5-7; 41:1, 2; 43:4-7.

cl 72-73 ¶13-14

Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”

13 Ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban de, nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔde ne tumi bɔ yɛn ho ban. Nokwasɛm ni, yɛn Nyankopɔn no nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ amanehunu biara rento yɛn wɔ wiase wei mu. Yehowa asomfo anokwafo pii fa amanehunu a emu yɛ yaw mu; ebi ne ohia, ɔko, yare, ne owu. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no pefee sɛ, wɔn gyidi nti, wɔbetumi akunkum wɔn mu bi. Ɛno nti na Yesu sii so dua sɛ yemmia yɛn ani nnyina mu nkosi awiei no. (Mateo 24:9, 13) Sɛ Yehowa de ne tumi twitwa gye yɛn biribiara mu a, ɛbɛma Satan atwa Yehowa adapaa, na yɛn nso, ɔbɛka sɛ ɛnyɛ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn nti na yɛsom no, na mmom n’ahobammɔ a yɛrepɛ ntia.—Hiob 1:9, 10.

14 Tete mmere mu mpo, ɛnyɛ Yehowa asomfo no nyinaa na ɔde ne tumi gyee wɔn fii owu mu. Wo de, hwɛ obi te sɛ ɔsomafo Yakobo. Herode kum no bɛyɛ afe 44 Y.B. mu, nanso ɛno akyi pɛɛ no, Yehowa gyee Petro ‘fii Herode nsam.’ (Asomafo Nnwuma 12:1-11) Yakobo nua Yohane nso tenaa ase kyɛ senee Petro ne Yakobo nyinaa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yɛn Nyankopɔn no bɛbɔ n’asomfo nyinaa ho ban pɛpɛɛpɛ. Afei nso, ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Ɛnde, sɛn na Yehowa bɔ yɛn ho ban nnɛ?

Tweetwee Bible Mu

w06 6/15 16 ¶4

‘Hwɛ Obobe Yi So’!

Mose ka kyerɛɛ Israel man no sɛ, wɔbɛtra asase a “bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so” so. (Deuteronomium 8:8) Sɛnea Baker Encyclopedia of Bible Plants kyerɛ no, “na bobe aba abu so wɔ Palestina asase so araa ma enti baabiara a wotutui no, ɛkame ayɛ sɛ wohuu bobe aba wɔ hɔ.” Ná bobe a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no so no tumi sow yiye ma enti wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a Nebukadnesar asraafo bɛsɛee Yuda no, wɔn a wɔkaa asase no so no ‘boaboaa nsa ne nnuaba pii ano.’—Yeremia 40:12; 52:16.

OCTOBER 12-18

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 42-44

Wɔbisaa Yehowa Nea Wɔnyɛ, Nanso Wɔamfa Nea Ɔkae Anyɛ Adwuma

it “Yohanan” No. 5

Yohanan

5. Bere a Nebukadnesar de Yudafo dodoɔ no ara kɔɔ Babilon afe 607 A.Y.B. ahohuro bere mu no, ogyaa asahene bi wɔ Yuda asaase no so. Ná Karea ba Yohanan ka saa asahene no ho. Bere a Nebukadnesar paw Gedalia sɛ onni Yudafo a wɔaka wɔ asaase no so sɛ amrado no, Yohanan taa Gedalia akyi ntɛm ara. Akyiri yi, Yohanan tee sɛ Ismael abɔ pɔ sɛ obeku Gedalia. Enti Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia sɛ ɔmma no kwan na onkoku Ismael bere a obiara renhu, nanso Gedalia amma no kwan. (Yer 40:7, 8, 13-16) Ewiee ase no, Ismael kuu Gedalia, na Yohanan dii asraafo anim sɛ wɔrekɔtɔ ne so werɛ na wɔagye nkurɔfo a ɔde wɔn redwane no. Nanso, Ismael dwane kɔɔ Ammon, enti wɔn nsa anka no. (Yer 41:11-16) Ná Yohanan ne nkurɔfo a wɔka ne ho no suro sɛ anhwɛ a Babilonfo no bɛba wɔn so. Enti wɔbisaa odiyifo Yeremia nea wɔnyɛ. Nanso, sɛ́ anka wɔbetie Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so ntena Yuda asaase no so no, wɔde Yeremia kaa wɔn ho dwane kɔɔ Egypt.—Yer 42:1–43:7; 2Ah 25:23-26.

w25.07 5 ¶14

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohwehwɛ Afotu?

14 Yɛmfa no sɛ onua bi anya adwuma bi a sika wom. Ansa na ɔresi ho gyinae no, ɔkɔhwehwɛɛ afotu fii asafo mu panyin bi hɔ. Onua no kyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ, ɛwom ara a adwuma no nti, obegyaw n’abusua hɔ akohyem kakra. Ɔpanyin no kaee no sɛ, Bible ka sɛ n’asɛde titiriw ne sɛ ɔbɛhwɛ ama n’abusua asom Yehowa yiye. (Efe. 6:4; 1 Tim. 5:8) Fa no sɛ ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ɔpanyin no asɛm no gui, ɛnna okobisabisaa anuanom afoforo adwene kosii sɛ ɔtee nea ɛbɛyɛ n’asom dɛ. Wohwɛ a afotu paa na na onua no repɛ atie, anaa na wasi gyinae no dedaw, ɛnna ɔrepɛ obi a ɔbɛfoa no so? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn koma no yɛ ɔdaadaafo. (Yer. 17:9) Ɛtɔ da a, afotu a ɛbɛboa yɛn paa no, ɛno nso na yɛmpɛ ate koraa.

Tweetwee Bible Mu

it “Asoɔden” ¶4

Asoɔden

Sɛ Yehowa de atemmu reba asoɔdenfo so a, odi kan bɔ wɔn kɔkɔ. Enti sɛ atemmu no ba saa asoɔdenfo no so a, wɔrentumi nka sɛ efi baabi foforɔ anaa biribi foforɔ nti na atemmu aba wɔn so. Yehowa nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ Israelfo a na wɔasen wɔn kɔn no sɛ: “Esiane sɛ minim sɛ w’aso yɛ den, na wo kɔn yɛ dade ntini, na wo moma yɛ kɔbere nti, meka kyerɛɛ wo akyɛ. Ennya mmae no, mema wotee, na amma woanka sɛ, ‘Me bosom na ɛyɛe, me honi a wɔasen ne me dade honi na ɛma ɛbae.’”—Yes 48:4, 5; fa toto Yer 44:16-23 ho.

OCTOBER 19-25

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 45-46

Daakye Ho Anidaso a Yɛwɔ No Boa Yɛn Ma Yɛn Koma Tɔ Yɛn Yam Nnɛ

w25.07 22-23 ¶8-9

Woahu Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’ani Asɔ Nea Wowɔ?

8 Bere bi, afiri bi yii odiyifo Yeremia kyerɛwfo Baruk. Yehowa de adwumaden bi hyɛɛ Baruk nsa; ná ɛsɛ sɛ ɔboa Yeremia ma ɔde kɔkɔbɔ a ano yɛ hyew ma Israelfo bonniayɛfo no. Nanso eduu baabi no, biribi foforo koraa na na Baruk redwen ho. Sɛ́ anka ɔde n’adwene besi adwuma a na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no so no, ɔmaa nneɛma a ɔpɛ sɛ onya wɔ asetenam no gyee n’adwene. Enti Yehowa nam Yeremia so ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.” (Yer. 45:3-5) Sɛ yɛbɛka a, na Yehowa reka akyerɛ no sɛ: “Ma w’ani nsɔ nea wowɔ no.” Baruk tiee afotu no, na Yehowa ne no antwa adamfofa mu.

9 Ɛtɔ da a, ebia Kristoni bi bɛte nka sɛ ɔkwan biara so, ɛsɛ sɛ onya hokwan bi. Ebia na onim nneɛma pii yɛ, ɔpɛ adwuma, anaa ɔwɔ suahu pii; ebi mpo a na ɔwɔ ne mmiɛnsa nyinaa. Nanso ebia afoforo na ebenya hokwan a ɔrepɛ no. Dɛn na ɔbɛyɛ na ɛho asɛm anteetee no? Asɛm a ɔsomafo Paul kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 4:6, 7 no, obetumi adwinnwen ho. (Kenkan.) Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn tirim sɛ, hokwan biara a wɔde bɛma yɛn ne ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, efi Yehowa hɔ. Ɛnyɛ yɛn nimdeɛ, yɛn ahoɔfɛ anaa yɛn nyansa soronko bi nti na Yehowa de saa nneɛma yi ama yɛn. Mmom ɛyɛ n’adom ara kwa.—Rom. 12:3, 6; Efe. 2:8, 9.

w25.07 20 ¶2

Woahu Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’ani Asɔ Nea Wowɔ?

2 Sɛ yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ a, ebetumi akɔfa ɔhaw akɛseakɛse pii aba. Wɔn a wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ no, wɔtumi yɛ adwuma nnɔnhwerew pii pɛ sika de totɔ nneɛma a wɔnhyɛ da nhia. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo bi mpo awia sika ne nneɛma afoforo a wɔn ani bere. Ebia adwene a wɔnyae ne sɛ, ‘Wei deɛ, ke ara ne ke, ɛsɛ sɛ minya,’ ‘Matwɛn akyɛ dodo,’ anaa ‘Ma memfa, akyiri yi mɛpɛ abehyem.’ Nanso Yehowa kyi korɔno biara efisɛ, egu ne din ho fĩ. (Mmeb. 30:9) Ebinom nso wɔ hɔ a, hokwan bi a wɔrepɛ a wɔn nsa anka nti, ayɛ wɔn yaw ara ma wɔagyae Yehowa som mpo. (Gal. 6:9) Dɛn paa na ɛbɛma Yehowa somfo bi ayɛ saa? Ebia nea saa nipa no wɔ no, n’ani nsɔ bio.

w25.07 24 ¶13-14

Woahu Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’ani Asɔ Nea Wowɔ?

13 Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si yɛn anidaso no so. Adɛn ntia? Efisɛ yɛte “awiei mmere no” mu, na yɛn nyinaa hyia ɔhaw a “emu yɛ den.” (2 Tim. 3:1) Da biara, Yehowa ma yɛn akwankyerɛ, ɔhyɛ yɛn den, na ɔboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrempa abaw. (Dw. 145:14) Afei nso, sɛ yehyia ɔhaw a emu yɛ den a, yɛn anidaso no betumi akurakura yɛn. Ebia ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ w’abusua. Sɛ saa a, wei kyerɛ sɛ wubedi hia afebɔɔ anaa? Daabida! Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ wokɔ Paradise a, nea wuhia no ɔbɛma wo mmɔho mmɔho. (Dw. 9:18; 72:12-14) Ebia na yare koankɔ anaa adwenemyare bi abɛtena wo so, anaa yaw bi a worefa mu no, wugye wo ho a ennye. Wohwɛ a, ateetee a ɛte sei ara na wobɛfa mu afebɔɔ anaa? Ɛnte saa koraa. Onyankopɔn wiase foforo no mu no, yare ne owu akyi bɛyera koraa. (Adi. 21:3, 4) Enti mprempren sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, saa anidaso no nti, ɛmma yenni abooboo mmoro so, na yɛn bo mfuw. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye, yɛn dɔfo bi wu, yare bi reteetee yɛn, anaa yɛrehyia sɔhwɛ foforo biara a, yebetumi akɔ so anya anigye ne akomatɔyam. Adɛn ntia? Efisɛ ɔhaw a yɛrehyia no, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a, yenim sɛ “amanehunu no wɔ hɔ bere tiaa bi,” na ɛrenkyɛ wiase foforo no bɛma yɛn haw nyinaa to atwa.—2 Kor. 4:17, 18.

14 Esiane sɛ anidaso boa yɛn ma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ nti, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn anidaso no mu den? Sɛ obi pɛ sɛ ohu biribi a ɛwɔ akyirikyiri a, ebia ebehia sɛ ɔhyɛ ahwehwɛniwa na watumi ahu no yiye. Yɛn nso, ebia ebehia sɛ yetu anammɔn ahorow bi de hyɛ yɛn anidaso no mu den, sɛnea ɛbɛyɛ a Paradise a ɛreba no, yebetumi atwa ho mfoni yiye. Sɛ sikasɛm ho dadwen rebu yɛn kɔn mu a, sɛnea yɛn asetena bɛyɛ bere a ohia ne sikasɛm mu ahokyere afi hɔ no, yebetumi atwa ho mfoni wɔ yɛn adwenem. Ebia na yɛrepɛ ɔsom hokwan bi na yɛn nsa nnya nkae, enti agyaw yɛn tipae. Sɛ saa a, ɛnde akwannya a yɛde bɛsom Yehowa afebɔɔ bere a bɔne ne sintɔ afi yɛn ho no, yebetumi adwinnwen ho. Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ hokwan a yennyae no, ɛnyɛ ade biara a ɛsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho. (1 Tim. 6:19) Yɛrekasa yi, ebia ɔhaw bi a yɛrehyia ho adwinnwen nti, ayɛ den sɛ yebepia ɛno ato nkyɛn na yɛadwinnwen sɛnea yɛn asetena bɛyɛ daakye ho. Nanso sɛ yɛampa abaw na yɛkɔ so yɛ a, ebedu baabi no, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yebedwinnwen wiase foforo no mu asetena ho.

Tweetwee Bible Mu

w07 3/15 11 ¶5

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

46:22—Dɛn nti na wɔde Misraim nne toto ɔwɔ de ho? Eyi betumi akyerɛ animguase a ɛkaa wɔn ma woguanee te sɛ ɔwɔ a ehu aka no ma ɔreguan anaa esiane amanehunu a ɛbaa wɔn so nti na wɔnte wɔn nne bio no. Ntotoho no nso ma yehu sɛnea na mfaso biara nni so sɛ Misrifo Faraofo no bɛhyɛ abotiri a ɔwɔ a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron da anim na wosusuw sɛ ɛbɛma wɔanya ahobammɔ afi ɔwɔ nyamewa Uatchit hɔ no.

OCTOBER 26–NOVEMBER 1

BIBLE MU AKORADE YEREMIA 47-48

Yehowa Yɛ Ɔtemmufo a Obu Atɛntrenee Na Ɔwɔ Mmɔborɔhunu

it “Moab” No. 2 ¶22

Moab

Bɛyɛ afeha a ɛtɔ so nson ansa na Yesu reba mu hɔ baabi no, Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa bebu Moabfo atɛn. (Yer 9:25, 26) Nkɔmhyɛ no kaa sɛ, Yehowa nam Babilon hene Nebukadnesar so na ɛbɛyɛ saa. (Yer 25:8, 9, 17-21; 27:1-7) Ná Babilonfo no bɛsɛe Moabfo nkuro bebree pasaa. (Yer 48) Bere a Yehowa maa Babilonfo bɛto hyɛɛ Yudafo no so no, ɛbɛyɛ sɛ Moabfo no kaa sɛ: “Hwɛ! Yuda fi te sɛ aman a aka no nyinaa.” Saa asɛm a Moabfo no kae no kyerɛ sɛ, wɔanhu sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔde atemmu baa Yudafo a wɔyɛ ne nkurɔfo no so. Wei nti, na amanehunu bɛba Moabfo so, na ama ‘wɔahu Yehowa.’—Hes 25:8-11; fa toto Hes 24:1, 2 ho.

it “Moab” No. 2 ¶24

Moab

Akyire yi, Yeremia 48:47 no baa mu. Ɛbɛyɛ sɛ Kores a odii Babilonfo so nkonim no maa Moabfo a na wɔatu wɔn kɔ obi man so no san baa wɔn asaase so.

w24.05 17 ¶10

Ma Ɔdɔ Nkanyan Wo Na Kɔ So Ka Asɛmpa No!

10 Sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ adesua a edi wei anim mu no, wɔn a wɔbehu Babilon Kɛse no sɛe na wɔasakra wɔn adwene no, ebia Yehowa begye wɔn. Sɛ saa a, ɛnde, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ nnɛ. Susuw wei ho hwɛ: Nea yɛka kyerɛ wɔn nnɛ no betumi ama wɔakae biribi saa bere no. (Fa toto Hesekiel 33:33 ho.) Kɔkɔbɔ a yɛde maa wɔn no, ebia wɔbɛkae na akanyan wɔn ama wɔabɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa ansa na aka akyi. Afiasehwɛfo a na ɔwɔ Filipi no, bere a “asaasewosow kɛse bi” sii no na ɔsesaa n’adwene. Wɔn a entie yɛn nnɛ no nso, Babilon Kɛse no sɛe a ɛbɛwosow wiase nyinaa no, ebia ɛbɛma wɔn mu bi asesa wɔn adwene.—Aso. 16:25-34.

Tweetwee Bible Mu

it “Ɔpopaw” No. 2

Ɔpopaw

2. [Hebri kasa mu yɛfrɛ no, ʽaroh·ʽerʹ or ʽar·ʽarʹ]. Arabic asɛmfua ʽarʽar no boa yɛn ma yehu sɛ, saa dua yi bɛyɛ Juniperus Phoenicia. Ɛyɛ dua tiatia bi a ne nhaban yɛ kusuu. Yebetumi ahu bi wɔ Sinai mantam mu, na ebi nso wɔ Edom Sare so. Hebri asɛmfua a wɔnyaa dua yi din fii mu no, ɛkyerɛ adagyaw anaa biribi a abɔ kwaterekwa. Saa dua tiatia a wɔfrɛ no ɔpopaw yi, sɛ esi hɔ na wuhu a, asɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ. Sare so mmeae bi a ɛhɔ yɛ abotan, ne abotan mu ntokuru mu na wubehu sɛ saa nnua yi sisi. Sɛnea wɔde saa dua yi ayɛ adwuma wɔ Yeremia nhoma no mu no fata paa. Wɔde ɔbarima a ne koma aman afi Yehowa ho toto “dua koro [ʽar·ʽarʹ] a esi sare so” ho. Afei nso, Yehowa bɔɔ Moabfo kɔkɔ sɛ, wɔnguan na wɔnyɛ “sɛ sare so ɔpopaw dua [ka·ʽaroh·ʽerʹ].”—Yer 17:5, 6; 48:1, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena