Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp26 nɔma 1 kr. 4-6
  • Sɛ Yenya Aban Pa a, Ebetumi De Asomdwoe Aba Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Yenya Aban Pa a, Ebetumi De Asomdwoe Aba Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA
  • WUDWEN HO SƐN?
  • NEA BIBLE AKA
  • Adɛn Nti Na Nipa Ne Ne Yɔnko Ntumi Ntena Asomdwoe Mu?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Ɔdomankoma Agyapade a Ɛresɛe No Akɔfa Ɔhaw Pii Aba—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Wohwɛ a Nyamesom Betumi De Asomdwoe Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
  • Ɛhe Na Wiase No De N’ani Akyerɛ Yi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
wp26 nɔma 1 kr. 4-6
Wiase atumfoɔ bi ahyiam wɔ baabi, na wɔasɔre agyinagyina hɔ.

Sɛ Yenya Aban Pa a, Ebetumi De Asomdwoe Aba Anaa?

NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA

Wɔgye di sɛ aban dodoɔ no ara pɛ asomdwoe. Aman bebree akɔka Amanaman Nkabom no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba wiase. Nea enti a wɔayɛ saa ne sɛ, Amanaman Nkabom no kyerɛ sɛ, nea esi wɔn ani so ne sɛ ‘wɔbɛboa ama amanaman no anya asomdwoe ne ahotɔ.’

Wɔgye di sɛ nnipa dodoɔ no ara pɛ asomdwoe. Wɔbisabisaa nnipa 42,000 a wɔfi aman 17 so sɛ, sɛ yenya aban baako ma edi nnipa so, na sɛ saa aban no betumi atu ɔhaw akɛse te sɛ akokoakoko, yare, ne ohia ase a, wɔpɛ anaa. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, aane, wɔpɛ.

WUDWEN HO SƐN?

Sɛ asomdwoe betumi aba wiase a, gye sɛ aban a ɛwɔ wiase nyinaa ka wɔn ti bom yɛ adwuma.

  • Wohwɛ a, ebetumi ayɛ yie saa?

  • Nnansa yi, sɛ wutie kaseɛbɔ a, dɛn na wote sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase?

Afe 2024 mu no, kuo bi a wɔde mmoa ma nkurɔfo a wɔakɔ ahohia mu a wɔfrɛ wɔn Red Cross de too dwa sɛ: “Yɛrekasa yi, akokoakoko bɛboro 120 na ɛrekɔ so wɔ wiase.” Wɔn a wɔreko no mu dodoɔ no ara, “mmara a ɛbɔ ɔmanfo ho ban bere a akokoakoko rekɔ so no, wɔmfa nyɛ hwee.”

Mfoni Ahorow: Nsunsuanso a ɔko de ba. 1. Nkurɔfo bi reyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ kurom. Wɔde abufuw kɔ apolisifo bi so. Apolisifo no kurakura nneɛma bi de rebɔ wɔn ho ban. 2. Wɔde nkantankantan agye ban wɔ baabi, ɛnna nnipadɔm bi repere awura mu akɔpɛ aduane; mpanyin ne mmofra nyinaa wom bi, na abarimaa baako resu. 3. Nkurɔfo atoto topae asɛe kuro bi pasaa, na adan a abubu agu hɔ ne nneɛma a asɛesɛe a esum hɔ no, nkurɔfo nam mu.

Benkum so wɔ soro: Peter Powell/AFP via Getty Images; benkum so wɔ ase: Omar Al-Qattaa/AFP via Getty Images; nifa: Mahmoud Issa/Anadolu via Getty Images

Sɛ aban bi bɔ ne ho mmɔden sɛ dɛn mpo a, subammɔne a ɛde mpaapaemu ba no, ɛrentumi ntu ase

NEA BIBLE AKA

“Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”—Yeremia 10:23.

Sɛ yɛbɛte Bible mu asɛm yi ase a, momma yɛnyɛ mfatoho yi. Sɛ ɔwofo bi hu sɛ ne ba a ɔresua nanteɛ afi ase retutu mmaako mmaako a, ɛma n’ani gye paa. Ebedu baabi no, na abofra no ara tumi nante a ɔnhwe ase. Nanso, wohwɛ a ɛno kyerɛ sɛ abofra no betumi akɔ baabiara a ɔpɛ a ɔrenyera anaa? Wohwɛ a ɔno nko ara betumi akotwa kar kwan mu a hwee renyɛ no anaa?

Yɛn nso, yetumi nante, kyerɛ sɛ, yetumi sisi gyinae ahoroɔ bi. Nanso, Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa ntutu wɔn anammɔn anaa nnipa nni ne yɔnko nnipa so. Enti nnipa rentumi nkyerɛ wɔn ho kwan mma ensi wɔn yie, gye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no boa wɔn.

“Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.

Sɛ aban bi mufo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔde asomdwoe bɛba a, subammɔne a ɛde mpaapaemu ba te sɛ anibere, ahomaso, nnipa mu nyiyim, ne pɛsɛmenkominya no, wɔrentumi ntu ase mfi ase nnipa komam. (Yeremia 17:9) Nea akɔ so mfe pii no ama ada adi sɛ, sɛ nnipa wɔ saa subammɔne no bi a, etumi piapia wɔn ma wɔhyɛ wɔn yɔnko nnipa so, na wɔma nkurɔfo pii hu amane. Ɛno nti na Bible ma yɛn afotu pa yi: “Mo ara mo yiyedi nti, munnyae sɛ mode mo ho to onipa dasani so.”—Yesaia 2:22.

“W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.”—Mateo 6:​9, 10.

Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, Onyankopɔn wɔ Ahenni bi a ɛbɛba abedi wiase nyinaa so. (Daniel 7:​13, 14; Adiyisɛm 11:15) Saa Ahenni no ba a, anigye a ɛbɛma yɛanya deɛ, ɛnyɛ agorɔ!

Yɛnhwɛ nneɛma bi a Bible aka sɛ ɛbɛba daakye.

  • Daniel 2:44: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. Wɔrensɛe saa ahenni no da. . . . Ɛno nko ara na ebegyina daa.”

  • Dwom 46:9: “[Onyankopɔn ma] akodi gyae wɔ asaase nyinaa so.”

  • Yesaia 11:9: “[Nnipa renyɛ] bɔne na wɔrensɛe ade bio . . . efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma.”a

Nnipa aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa nneɛma yi. Nanso, Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no deɛ, obetumi ayɛ, na ɔbɛyɛ nso!

Ɔdan bi plan da hɔ, ɛnna wɔayɛ ɔdan ketewa bi a ɛho apaapae asi so.

Ebia na wowɔ ɔdan ho plan, nanso sɛ woannya nneɛma papa amfa ansi a, ɔdan no rennya ahoɔden. Saa ara na aban ahoroɔ a ɛwɔ hɔ nnɛ no te. Ebia na wɔpɛ sɛ wɔde asomdwoe ba wiase, nanso sɛ wɔannya “nneɛma papa,” kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyansa ne ne mmoa a, wɔyɛ dɛn ara a wɔrentumi mfa asomdwoe mma da.

SƐ WOPƐ WEI HO NSƐM PII A . . .

Sɛnea yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wɔntua hwee no, sɔ hwɛ. Wopɛ nso a, ma Yehowa Danseni bi mmra wo nkyɛn.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din. Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena