Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp26 nɔma 1 kr. 7-9
  • Wohwɛ a Nyamesom Betumi De Asomdwoe Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wohwɛ a Nyamesom Betumi De Asomdwoe Aba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA
  • WUDWEN HO SƐN?
  • NEA BIBLE AKA
  • Sɛ Yenya Aban Pa a, Ebetumi De Asomdwoe Aba Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ɛdɛn Na Ɛbɛto Nyamesom?—Hwɛ Nea Bible Ka
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2026
wp26 nɔma 1 kr. 7-9
Nnipa ahoroɔ ahoroɔ rebɔ mpae. Ɛsono wɔn mu biara ne ɔsom a ɔwɔ mu. Obiara rebɔ mpae sɛnea ne gyidi kyerɛ no. Ebinom de ahyɛnsode a wɔde di dwuma wɔ wɔn som mu na ɛrebɔ mpae, ɛnna ebinom nso rehye aduhuam.

Wohwɛ a Nyamesom Betumi De Asomdwoe Aba?

NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA

Wɔgye di sɛ nyamesom akannifo betumi aboa ama asomdwoe aba. Asɔfo pii taa kyerɛkyerɛ nkurɔfo nea wɔyɛ a ɛbɛma asomdwoe aba. Enti nkurɔfo bebree wɔ adwene sɛ, ntɔkwa-ntɔkwa a atena hɔ akyɛ paa mpo, sɛ asɔfo no ba mu a, ɛto betumi atwa.

Wɔgye di sɛ, sɛ nkurɔfo de nea wɔn som kyerɛkyerɛ wɔn no bɔ wɔn bra a, ebetumi aboa ama asomdwoe aba. Ɔbenfo bi kaa sɛ, wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wiase no, wɔn mu dodoɔ no ara “hu wɔn ho sɛ wɔreyɛ nyame adwuma.” Saa adwene no ma wɔnya ahoɔden de toa so hwehwɛ asomdwoe, na ɛma wɔnya anidaso kɛse sɛ asomdwoe betumi aba.

WUDWEN HO SƐN?

Ebia wobɛka sɛ nyamesom betumi ama asomdwoe aba wiase, nanso nea akɔ so wɔ abakɔsɛm mu no ama yɛahu sɛ, mpɛn pii no, nyamesom mmom na epiapia nkurɔfo ma wɔko.

  • Ɛsono ɔsom biara ne nea wɔgye di ne nea wɔka, enti wohwɛ a, ɔsom betumi de asomdwoe aba wiase?

  • Wohwɛ sɛnea nyamesom piapia nkurɔfo ma wɔko no a, yebetumi aka paa sɛ ebetumi aka nkurɔfo abom ama wɔayɛ baako?

    Mfoni ahoroɔ: Ɔsom, ɔko ne basabasayɛ a adi afra 1. Asɔre bi sɔfo rehyira atuo a asogyafo de rekɔ ɔko so. 2. Sogyani bi kura tuo, na ɔde rosary a krɔɔs sɛn so akyekyere ho. 3. Asogyafo ahyia wɔ guabɔ bi ase, na sɔfo bi de nhyira nsuo repete wɔn so.

    Benkum: Danil Semyonov/AFP via Getty Images; nifa so wɔ ase hɔ: Dmytro Smolyenko/Ukrinform/Future Publishing via Getty Images

    Ɔsom a ɛhyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔtentan wɔn ho na wɔdi ako no, ɛrentumi mfa asomdwoe mma asaase so da

NEA BIBLE AKA

“[Atorosom] mu na wohuu . . . wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa mogya.”—Adiyisɛm 18:24.

Ɔsom a wɔmfa nea Bible kyerɛkyerɛ mmɔ wɔn bra no, Adiyisɛm nwoma no frɛ wɔn “Babilon Kɛse.”a (Adiyisɛm 17:5) Nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔawuwu wɔ wiase no, bebree wɔ hɔ a wɔn wuo no, Babilon Kɛse no na ɛhyɛ akyi.

Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, akokoakoko a ɛkɔ so no, nyamesom na ɛtaa kɔfa ba. Nyamesom akannifo taa piapia wɔn akyitaafo ma wɔne ɔsom afoforo a ɛsono wɔn gyidi kɔko. Ɛtɔ da mpo a, wɔpiapia wɔn som mufo ma wɔne wɔn som mufo a wɔte kuro foforo so kɔko. Ɔsom a ɛhyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔtan wɔn ho na wɔdi ako no, ɛrentumi mfa asomdwoe mma asaase so da!

Nanso ɔsom a wɔde nea Bible kyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra no deɛ, Bible kaa wɔn ho asɛm sɛ, “wɔde wɔn mfoa bɛyɛ nsɔw.” (Yesaia 2:​2-4) Saa asɛm no yɛ kasakoa a ɛkyerɛ sɛ, akokoakoko a ɛrekɔ so wɔ wiase no, wɔremfa wɔn ho nhyem. Afei nso, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbenya suban a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, ayamye, ne ahohyɛso.—Galatifo 5:​22, 23.

Yehowa Adansefo fi aman ne mmusua ahorow ahorow mu, nanso Bible a wɔsua no aboa wɔn ma wɔhu wɔn ho sɛ wɔyɛ anuanom, na wɔne wɔn ho wɔn ho te asomdwoe mu. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi a, kɔ nhyiam a wɔyɛ no bi, na fa w’ani kɔhwɛ.

Video a yɛato din, “Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So?” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Yehowa Adansefo mmienu bi reyɛ asɛnka adwuma wɔ dwam; wɔredi nkɔmmɔ.

Hwɛ video a yɛato din Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So? na ɛbɛma woahu sɛnea Bible boaa Yudani ne Palestinani bi ma wɔyii ɔtanhunu fii wɔn koma mu.

SƐ WOPƐ WEI HO NSƐM PII A . . .

Sɛnea yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wɔntua hwee no, sɔ hwɛ. Wopɛ nso a, ma Yehowa Danseni bi mmra wo nkyɛn.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Babilon Kɛse?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena