Enti Abɛɛfo Mfidie Betumi De Asomdwoe Aba?
NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA
Wɔgye di sɛ abɛɛfo mfidie ma nkurɔfo tumi ne wɔn ho di nkitaho, na ɛka nnipa bom. Ɛnnɛ, Intanɛt, sohyia midia, mobal fon, ne app a ɛkyerɛ kasa ase a aba nti, sɛ obi ne obi mfi ɔman baako mu anaa wɔnka kasa baako mpo a, wɔbetumi abɔ nkɔmmɔ a wɔmmrɛ ho. Ɛtɔ da na akuo bi a wɔne wɔn ho reko pɛ sɛ wɔdi nkitaho a, esiane sɛ wɔhyiam anim ne anim a ebetumi de ntɔkwa aba nti, wɔtaa de abɛɛfo mfidie na edi nkitaho.
Wɔgye di sɛ abɛɛfo mfidie betumi ama ntɔkwa agyae. Mfidie bi te sɛ Afidie Badwemma anaa AI, ne satellite mfoni ahorow boa ma baabi a akokoakoko taa kɔ so wɔ hɔ no, nnipa tumi de wɔn ani di akyi. Sɛ nkurɔfo de Intanɛt keka afoforo anaa ɔman bi ho nsɛmmɔne na ebetumi akɔfa ɔhaw aba a, aban mpanyimfo nam abɛɛfo mfidie so tumi de wɔn ani di akyi si ano.
Wɔgye di sɛ abɛɛfo mfidie betumi ama wiase no sikasɛm akɔ yie. Nea enti a wɔte nka saa ne sɛ, wɔhwɛ kwan sɛ abɛɛfo mfidie bɛma adwuma abu so. Sɛ adwuma bu so na akatua kɔ yie nso a, ɛma akokoakoko so te, efisɛ sikasɛm nkɔ yie a, ɛde asisi ne abufuo na ɛba.
Yɛbɛyɛ nhwɛso a, abɛɛfo mfidie ma nkɔso ba kuayɛ ne faktri adwuma mu, na ɛsan ma ebinom tumi sua ade wɔ Intanɛt so. Afei nso, ɛboa ma yetumi de kɔmputa anaa fon mpo toto yɛn sikasɛm ma ɛkɔ yie. Saa nkɔso no ma ɔmanfo adwendwen so te, na ɛma ntɔkwa-ntɔkwa nso kɔ fam.
WUDWEN HO SƐN?
Sɛ nnipa a ɛde abɛɛfo mfidie di dwuma no mpɛ asomdwoe a, abɛɛfo mfidie no ara rentumi mfa asomdwoe mma.
Sɛ nnipa a wɔpɛ ntɔkwa de abɛɛfo mfidie di dwuma a, wohwɛ a, dɛn na ebesi?
Sɛ nnipa de abɛɛfo mfidie yɛ akode akɛse a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi de asomdwoe aba wiase?
Wohwɛ a, abɛɛfo mfidie betumi asesa obi a anibere, ɔtan, ne nnipa mu nyiyim ahyɛ ne koma ma?
Soro, efi benkum kɔ nifa: U.S. Air Force graphic; Creation Art/stock.adobe.com; Guido Mieth/DigitalVision via Getty Images; 3dsculptor/stock.adobe.com
Sɛ nnipa a ɛde abɛɛfo mfidie di dwuma no mpɛ asomdwoe a, abɛɛfo mfidie no ara rentumi mfa asomdwoe mma
NEA BIBLE AKA
Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, nea ɛwɔ nnipa koma mu ne nea wɔdwendwen ho, te sɛ adifudepɛ, anibere, anaa ahomaso na ɛtaa kɔfa ntɔkwa ba. Sɛ abɛɛfo mfidie nya nkɔanim sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi nyi saa subammɔne yi mfi hɔ.
Abɛɛfo mfidie deɛ, nea nnipa bɛkyerɛ no sɛ ɛnyɛ na ɛbɛyɛ. Yebetumi de ayɛ nneɛma bi a ɛde nkabom ba nnipa ntam, ɛnna yebetumi nso de ayɛ nneɛma a ɛde ntɔkwa ba nnipa ntam. Abɛɛfo mfidie no bi wɔ hɔ a, mfaso wɔ so paa nanso nnipa tumi de di bɔne.
Bible ma yehu sɛ, ɛrenkyɛ biara asomdwoe bɛba asaase so, nanso ɛnyɛ abɛɛfo mfidie na ɛde asomdwoe no bɛba, na mmom Onyankopɔn Ahenni. (Mateo 6:10) Sɛ saa Ahenni no ba a, Onyankopɔn bɛma akokoakoko ‘agyae wɔ asaase nyinaa so,’ na nneɛma a nkurɔfo de di ako nso, ɔbɛsɛe ne nyinaa. (Dwom 46:9) Onyankopɔn bɛboa nnipa ama wɔatu subammɔne ase na wɔanya nnipa ho adwempa, na ɛno bɛma asomdwoe aba asaase so. (Yesaia 54:13) Nkakrankakra, subammɔne a ɛtwetwe ntɔkwa ba no, ne nyinaa ase betu.—Dwom 37:10, 11; Efesofo 4:22-24, 31, 32.
Yan Dobronosov/Global Images Ukraine via Getty Images
SƐ WOPƐ WEI HO NSƐM PII A . . .
Sɛnea yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wɔntua hwee no, sɔ hwɛ. Wopɛ nso a, ma Yehowa Danseni bi mmra wo nkyɛn.