Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 October kr. 12-17
  • Hokwan a Woanya Sɛ Yehowa Nam Wo So Reyɛ Anwanwadeɛ No, Ntoto No Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hokwan a Woanya Sɛ Yehowa Nam Wo So Reyɛ Anwanwadeɛ No, Ntoto No Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NKƆANIM A ƐYƐ NWANWA
  • BAAKOYƐ A ƐYƐ NWANWA
  • ANWANWADƆ
  • HOKWAN A WOANYA NO, NTOTO NO ASE
  • Yɛn Nuanom a Yɛbɛbɛn Wɔn No Ye Ma Yɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2026-2027 Ɔmansin Nhyiam Program—Wɔbetu Betel Nanmusini Akɔ
  • “Di Ahurusi Wɔ Yehowa Mu”
    Afe 2026-2027 Ɔmansin Nhyiam Program—Wɔbetu Betel Nanmusini Akɔ
  • “Anigye Ne Nea Ɔde Ne Ho To Yehowa So”
    Afe 2026-2027 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 October kr. 12-17

DECEMBER 14-20, 2026

DWOM 143 Kɔ So Yɛ Adwuma no, Wɛn na Twɛn

Hokwan a Woanya Sɛ Yehowa Nam Wo So Reyɛ Anwanwadeɛ No, Ntoto No Ase

“Ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—YOH. 13:35.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa nam yɛn so reyɛ anwanwadeɛ mmiɛnsa bi wɔ yɛn bere yi so.

1-2. (a) Anwanwadeɛ ahoroɔ a Bible ka ho asɛm no, ebi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn ne anwanwadeɛ, na dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ? (1 Korintofo 3:9)

FA NO sɛ bere a Yehowa paee Po Kɔkɔɔ no mu maa Israelfo no faa mu a Egyptfo no nsa anka wɔn no, na wowɔ hɔ bi. Hwɛ sɛnea anka w’ani bɛgye afa! Afei nso, fa w’adwene bu sɛ w’ani tua sɛ Yesu resa ayarefo yare, na ɔrenyane awufo. Wunhu sɛ anka ɛbɛma w’ani agye paa? Anwanwadeɛ ahoroɔ a Bible ka ho asɛm no, wei yɛ emu kakraa bi. Obiara a ɔnyɛ nyaatwom na ɔyɛ ɔnokwafo a ɔde n’ani huu anwanwadeɛ ahoroɔ no, na ɔbɛgye atom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ akyire. (Mat. 15:31) Nanso saa anwanwadeɛ yi sisii no, ɛnyɛ nnɛ. Ɛnnɛ nso ɛ, wohwɛ a anwanwadeɛ resisi anaa? Aane, ebi resisi. Nanso yɛka anwanwadeɛ koraa a, ɛkyerɛ sɛn?

2 Anwanwadeɛ yɛ biribi a onipa dasani ahoɔden ntumi nyɛ, anaa biribi a ontumi nte ase nwie. Ɛyɛ biribi a Yehowa de ne tumi yɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ anwanwadeɛ mmiɛnsa a Yehowa reyɛ wɔ ne nkurɔfo mu nnɛ. Yebetumi aka sɛ saa nneɛma no yɛ anwanwadeɛ, efisɛ, Yehowa nko ara na obetumi ama no asisi. Emu biara no, yɛbɛhwɛ nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ, yɛyɛ Onyankopɔn “mfɛfo adwumayɛfo.”—Kenkan 1 Korintofo 3:9.

NKƆANIM A ƐYƐ NWANWA

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, Yehowa nkurɔfo abɛyɛ “ɔman kɛse”? (Yesaia 60:22) (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Bɛboro mfeɛ 2,500 nie no, odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, yɛn bere yi so no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛdɔɔso. (Kenkan Yesaia 60:22 ne ase hɔ asɛm.) Wohwɛ a, saa nkɔmhyɛ yi aba mu anaa? Wo deɛ hwɛ oo, afe 1914 mu no, na Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ bɛyɛ 5,000. Nanso efi saa bere no, “nea osua” no, kyerɛ sɛ, nnipa kakraa bi no abu abɔ ho abɛyɛ nnipa bɛboro ɔpepem nkron. Aman bɛboro 130 na ɛwɔ hɔ a emu biara mu nnipa nnu saa. Ɛnnɛ, nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔresom no wɔ wiase nyinaa no, yenhuu bi saa da wɔ abakɔsɛm mu. Saa nnipa yi tete aman bɛboro 240 so. Ɛwom, sɛ wode Yehowa asomfo dodoɔ toto nsɔrensɔre no bi ho a, wuhu sɛ yesua deɛ, nanso biribiara kyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ no aba mu. Ampa, “nea osua” no abɛyɛ “ɔman kɛse.”

Mfoni Ahoroɔ: Mfoni bi a ɛma yehu nkɔso a yɛanya fi afe 1914 kosi afe 2026. Afe 1914 mu no, na yɛn dodoɔ bɛyɛ 5,000, nanso afe 2026 mu no, yɛn dodoɔ boro 9,000,000. 1. Afe 1914 mu; anuanom bi gyina dan bi anim. Wɔaba hɔ sɛ wɔrebɛhwɛ “Photo-Drama of Creation” video no. 2. Anuanom mpempem pii ahyia mu wɔ amanaman ntam nhyiam ase, na wɔrehwɛ “Asɛmpa No​—Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Yesu Asetenam” video no fã bi. 3. Onua ne onuawa bi de trɔk reyɛ badwam adansedi. 4. Wɔrebɔ onuawa bi asu. 5. Anuanom mmaa bi a ɛsono baabi a obiara fi de anigye retwa mfoni wɔ “Mpa Abaw!” ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no afe 2017 no ase.

Efi afe 1914 reba no, Yehowa asomfo dodoɔ bu ara na ɛrebu bɔ ho (Hwɛ nkyekyɛm 3)


4. Yehowa asomfo a ɛredɔɔso no, adɛn nti na ɛyɛ nwanwa?

4 Nsɔrensɔre bi wɔ hɔ a emu nnipa dɔɔso, nanso wobɛkɔ mu no, nkwadaa nkwadaa a wɔbɔ wɔn asu ka ho bi ntia. Nanso yɛn deɛ yɛnyɛ saa. Afei nso, akwankyerɛ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra no, yɛngo mu mfa mpɛ nnipa dodoɔ. Mmom, yɛasua Bible no, na yɛde emu afotu bɔ yɛn bra. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene na yɛyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ yɛn abrabɔ mu. (1 Kor. 6:​9-11) Bere a yɛyɛɛ nsakrae ahoroɔ yi wieɛ no, yɛbɛyɛɛ adawurubɔfo, na yefii ase too nsa frɛɛ afoforɔ sɛ wɔmmɛka yɛn ho wɔ nokwaresom mu. Eduu baabi no, yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa sɛ, nsuo mu oo, awia mu oo, n’apɛdeɛ na yɛbɛyɛ, na ɛno akyi no yɛbɔɔ asu.—Mat. 28:​19, 20.

5. Dɛn na Yesu kaa sɛ ɛbɛto n’asuafo?

5 Nkɔanim a yɛanya no yɛ anwanwadeɛ, efisɛ Yehowa na ɔbɔ yɛn kyidɔm. Yesu maa emu daa hɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ne suani a, ɔremfa no ahogono. Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mat. 16:24) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu asuafo hu sɛ Yesu mu gyidi a wɔwɔ nti, nkurɔfo betumi atan wɔn ani, anaa wɔbekum wɔn mpo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kaa sɛ wɔde n’akyidifo bɛkɔ “amrado ne ahemfo anim,” na wɔadi wɔn asɛm. (Mat. 10:​17, 18) Ɔsan kaa sɛ, nyamesom akannifo a wɔwɔ tumi paa bɛtan wɔn ani dendeenden. (Yoh. 16:2) Afei nso Yesu kaa sɛ ɛtɔ da bi a, nokwaresom nti, mmusua mu bɛpaapae.—Mat. 10:​34-36.

6. Adɛn nti na asɔretiafo antumi amma tete Kristofo no annyae asɛmpaka adwuma no?

6 Yesu asɛm a ɔkae no baa mu; Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. Bere a Yesu kɔɔ soro no, ankyɛ koraa, Yudafo nyamesom akannifo no yɛɛ biara sɛ wɔbɛma asuafo no agyae asɛmpaka adwuma no. Wɔkyeree asomafo no, na wɔde wɔn kogyinaa Yudafo Asɛnnibea Kɛse a wɔfrɛ no Sanhedrin no anim. Ná nyamesom akannifo no pɛ sɛ ‘wɔkunkum asomafo no,’l nanso Farisini bi a ne din de Gamaliel bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Monnhaw saa mmarima yi. Mmom, munnyaa wɔn. Efisɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ebegu. Na sɛ efi Onyankopɔn a, ɛnde morentumi ngu no. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ nea mo ne Onyankopɔn ankasa na ɛreko.” (Aso. 5:​33, 34, 38, 39) Gamaliel deɛ, ebia na ɛyɛ no sɛ ɔreka n’asɛm akɔ ne baabi kɛkɛ, nanso nokwasɛm na ɔkae no. Bere a wɔgyaa asomafo no mpo no, nyamesom akannifo no kɔɔ so ara tan wɔn ani. Nanso saa asuafo anokwafo yi abam ammu; wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no, na nnipa bebree bɛyɛɛ Yesu asuafo. (Aso. 6:7) Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yie? Ná Onyankopɔn taa wɔn akyi, enti ɛmfa ho ɔsɔretia bebrebe a wɔhyiae no, wɔn dodoɔ kɔɔ so bu bɔɔ ho.—Aso. 1:8.

7. Yesu asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, ɔkwan bɛn so na wɔsuasua tete Kristofo no? (Adaka a yɛato din, “Wɔtan Wɔn Ani, Nanso Wɔn Dodoɔ Bu Bɔɔ Ho” no, hwɛ ɛno nso.)

7 Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii reba nokwaresom mu ɛmfa ho sɛ wɔn abusuafo, wɔn adwumamfo, ne afoforɔ ayi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa, anaa wɔretan wɔn ani dendeenden no. Adɛn nti na asuafo afoforɔ yi asi wɔn adwene pi sɛ ‘wɔbɛfa wɔn asɛndua’? (Mat. 16:24) Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔdɔ Yehowa, na ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛhwɛ wɔn no nso, wɔgye di. Ɛno nti, Yehowa nso ma wɔn “tumi a ɛboro nnipa de so” ma wɔtumi de gyina ɔhaw a wɔhyia no ano. (2 Kor. 4:​7-9) Sɛ wɔn gyidi nti wɔn abusuafo tan wɔn ani a, wɔte nka te sɛ ɔdwontofo no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ me ara me papa ne me maame mpo po me a, Yehowa begye me.” (Dw. 27:10) Ɔhaw ne amanehunu a nkurɔfo fa mu ansa na wɔabɛyɛ Yesu asuafo no, ɛnyɛ asɛm ketewa. Nanso ne nyinaa akyi no, nkurɔfo ba ara na ɛreba nokware no mu. Wei yɛ anwanwadeɛ ankasa.

Wɔtan Wɔn Ani, Nanso Wɔn Dodoɔ Bu Bɔɔ Ho

Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no rekɔ so no, nkurɔfo tuu wɔn ani sii Yehowa Adansefo so tan wɔn paa. Nanso anwanwasɛm ne sɛ, Adansefo no dɔre yɛɛ bebree. Nasi sraani baako kaa sɛ: “Bere a woretan Adansefo no ani nyinaa, na wɔredɔɔso.”

Bere a ɔko no da so gyina mu no, hwɛ nea esii wɔ Netherlands nso. Yearbook a ɛbaa afe 1986 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ wɔkyeree Ahenni Adawurubɔfo no mu pii koguu afiase, wɔtwaa wɔn asu de wɔn kɔɔ baabi kɔhyɛɛ wɔn aniɛyaa, na atamfo kunkum wɔn mu pii. Nanso mfeɛ mmienu ntam no, wɔn dodoɔ bu bɔɔ ho. Eduu afe 1943 mu no, na wɔn dodoɔ akodu 1,379. . Ɛmfa ho sɛ wɔde Adansefo no faa ateetee pii mu no, Yehowa hyiraa wɔn ma wɔnyaa nkɔanim yɛɛ bebree.”

8. Anwanwadeɛ a Yehowa reyɛ de atwe nkurɔfo aba asafo no mu no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa?

8 Anwanwadeɛ a Yehowa ne Yesu reyɛ de atwe nnipa aba asafo no mu no, nea yɛn nso yebetumi ayɛ de aboa ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no. Adwuma a yɛreyɛ no, Yehowa ne Yesu taa yɛn akyi, efisɛ Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mat. 28:20) Ɛno da nkyɛn a, abɔfodɔm a wɔwɔ soro no nso boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no.—Adi. 14:​6, 7.

BAAKOYƐ A ƐYƐ NWANWA

9-10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 2:12 no aba mu?

9 Odiyifo Mika hyɛɛ nkɔm bi a ɛma yehu anwanwadeɛ foforɔ a ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi mu. Ɛno ne baakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Mmaa ne mmarima a na Yehowa bɛboaboa wɔn ano ama wɔde baakoyɛ asom no no, ɔmaa odiyifo Mika kaa ho asɛm. (Kenkan Mika 2:12.) Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn asafo no mu no, ɛsono abusua a obiara fi mu ne sɛnea obiara suban te, nanso wɔn nyinaa yɛ baako. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Mika nkɔmhyɛ no aba mu. Asɛm a ɔdwontofo Dawid kae yi, wɔnim nea ɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea eye na ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom de baakoyɛ tena!”—Dw. 133:1.

10 Nneɛma a edi adanse sɛ yɛyɛ baako deɛ, bebree kwa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛmfa ho baabiara a yɛwɔ no, adeɛ koro no ara na yɛn nyinaa sua wɔ asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam ase. Anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel ahoroɔ, ne wɔn a wɔsisi asafo adan wɔ wiase baabiara no, ɛsono aman a wɔfi mu ne kasa a wɔka. Yɛdodɔ yɛn ho paa, enti sɛ obi fi he oo, n’amammerɛ te sɛn oo, sɛ ahia no oo, sɛ ɔyɛ sikani oo, sɛ dɛn na ɛrekɔ so wɔ ne man mu oo, yɛmma biribiara ntete yɛn ntam. Wo deɛ dwene ho hwɛ, esiane sɛ yɛda abusua kɛse mu nti, baabiara a yɛbɛkɔ biara, yɛwɔ anuanom a wɔayɛ krado sɛ, nea yehia wɔ honam fam nyinaa wɔde bɛma yɛn. Afei nso wɔhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so som Yehowa. Nnipa bebree sei a ɛsono baabi a wɔfi, ne kasa a wɔka, a wɔde baakoyɛ resom Yehowa sei deɛ, ebi nsii wɔ abakɔsɛm mu da.

11. Baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛyɛ anwanwadeɛ?

11 Baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no yɛ anwanwadeɛ, efisɛ wiase no mu apaapae. Sɛ wokɔ wiase baabiara a, watĩ-me-ne-waka-me nko ara. Wutie kaseɛbɔ a, nea wote ara ne ntɔkwa, aturuturasɛm, atuateɛ, ɔyɛkyerɛ, basabasayɛ, ɔko, ne nea ɛkeka ho. Enti biribiara kyerɛ sɛ wiase no mu apaapae paa. Bible ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a, nnipa ‘bedi nkurɔfo huammɔ, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wɔbedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wɔbeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso.’ (2 Tim. 3:​2-4) Ɛwom, “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu,” na ɔne abɔfo bɔne no ko tia yɛn daa, nanso wɔrentumi ntete yɛn ntam da; yɛkɔ so de anigye bom som Yehowa. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:9) Wei nso yɛ anwanwadeɛ!

12. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama baakoyɛ atena Yehowa asafo no mu?

12 Baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa asafo no mu no, yɛbɛyɛ dɛn abɔ ho ban? Ɛne sɛ yɛbɛyɛ aso atie nea Yehowa bɛka biara na yɛde ayɛ adwuma. Nea yesua fi Bible mu no boa yɛn ma yenya aboterɛ, na yɛde bɔne kyɛ. Afei nso, ɛmma yɛntwe nsɛm mu, na yɛda ayamye adi kyerɛ afoforɔ. (Efe. 4:​2, 31, 32) Bere biara a yebebu yɛn ani agu yɛn nuanom mfomso so, yɛbɛbɔ mmɔden na yɛanni nkɔnkɔnsa anaa nsekuro, anaa yɛde bɔne bɛkyɛ no, na yɛreboa ama baakoyɛ atena Yehowa asafo no mu. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛama Yehowa kwan ma ɔnam yɛn so reyɛ anwanwadeɛ wɔ asafo no mu.

ANWANWADƆ

13. Dɛn ne dɛn na tete Kristofo no yɛ de kyerɛe sɛ wɔdodɔ wɔn ho? (Yohane 13:35)

13 Yesu kaa sɛ, sɛ n’asuafo no dodɔ wɔn ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. (Kenkan Yohane 13:35.) Tete Kristofo no yɛɛ nneɛma pii a ɛkyerɛ sɛ, na wɔdodɔ wɔn ho. Nea wɔyɛe no bi ne sɛ: Wɔne wɔn a na wɔnni bi kyɛɛ wɔn ahodeɛ. (Aso. 2:​44, 45) Wɔbɔɔ mpae maa wɔn nuanom a na nkurɔfo retan wɔn ani. (Aso. 12:5) Wɔboaa akunafo ne nnyanka. (Yak. 1:27) Afei nso, ɛwom sɛ na wɔdi hia buruburoo deɛ, nanso bere a wɔn nuanom kɔɔ ahokyere mu no, wɔyii ntoboa kɔmaa wɔn. (2 Kor. 8:​1-4) Abakɔsɛm tworɔfo Tertullian a ɔtenaa ase wɔ asomafo no wuo akyi no kaa sɛ, asɛm a nkurɔfo ka faa tete Kristofo no ho ne sɛ: “Hwɛ sɛnea wɔdodɔ wɔn ho ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wɔbewu ama wɔn ho.”

14. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɛnea na tete Kristofo no dodɔ wɔn ho no, saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso dodɔ wɔn ho. Wɔn a wɔnsom Yehowa no mpo, yɛtrɛ yɛn dɔ mu ma ebi so wɔn so, enti yɛka asɛmpa no bi kyerɛ wɔn. Yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa de boa asɛnka adwuma no; obiara nhyɛ yɛn, na yentua ntotoso dudu nso. Ɔdɔ a yɛdɔ yɛn nuanom nti, sɛ wɔn ho kyere wɔn a, yetutu mmirika kɔyɛ wɔn mmoa.a Ɛnyɛ ɛno nko ara, yɛkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ, na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde anigye bɛkɔ so asom Yehowa. Saa a yɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛde ɔsomafo Paul asɛm a ɔkae yi reyɛ adwuma: “Wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.” (1 Tes. 5:14) Yehowa atwe yɛn aba abusua kɛse bi mu; saa abusua no mufo dodɔ wɔn ho paa, na wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa nso.

Mfoni Ahoroɔ: Anuanom reyɛ nneɛma bi de akyerɛ wɔn dɔ. 1. Awarefo bi reyɛ afie fie asɛnka adwuma no, na wɔrema efiewura bi “Ɔwɛn-Aban.” 2. Agya bi reboa ne ba abarimaa ama ɔde sika ahyɛ ntoboa adaka mu wɔ Ahenni Asa so. 3. Onua bi de nsuo rema onuawa bi a wakɔ ahokyere mu.

Yehowa asomfo dodɔ wɔn ho paa, na wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa nso (Hwɛ nkyekyɛm 14)


15. Sɛnea yɛdodɔ yɛn ho no, adɛn nti na ɛyɛ nwanwa paa?

15 Ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn asomfo mu no yɛ nwanwa paa, efisɛ pɛsɛmenkominya ahyɛ wiase no ma. Ɔsomafo Paul kaa sɛ, awieɛ mmere yi mu no, “nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere,” na “sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ.” Wɔn abusuafo mpo, “wɔrennya tema” mma wɔn, na kampɛsɛ wɔanya bi ama afoforɔ. (2 Tim. 3:​2-4) Yesu ka too hɔ sɛ, nnipa beyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. Ɔsan kaa sɛ “nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mat. 24:​10, 12) Sɛ woto w’ani hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no a, wunhu sɛ nea Paul ne Yesu kae no aba mu? Ne nyinaa mu no, Yehowa asomfo deɛ, wɔkɔ so dodɔ wɔn ho, efisɛ Yehowa de ne tumi no bɔ wɔn kyidɔm. Wohwɛ a ɛnyɛ nwanwa? Ɛyɛ nwanwa dodo!

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

16 Sɛ yɛkyerɛ nea nkurɔfo yɛ ho anisɔ, na yɛbɔ mmɔden ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ. (Mar. 9:50) Sɛ yɛkɔ so de yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforɔ a, na yɛreda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Sɛ yɛda ɔdɔ adi a, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ yɛama Yehowa kwan ma ɔnam yɛn so reyɛ anwanwadeɛ wɔ n’asomfo mu.

HOKWAN A WOANYA NO, NTOTO NO ASE

17. Dɛn na ɛma wugye di sɛ Yehowa reyɛ anwanwadeɛ wɔ yɛn bere yi so?

17 Sɛnea yɛn dodoɔ rekɔ anim, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam, ne sɛnea yɛdodɔ yɛn ho no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa reyɛ anwanwadeɛ wɔ yɛn bere yi so. Ɛwom sɛ nkurɔfo retan yɛn ani dendeenden, nanso dɔ ara na yɛredɔɔso. Wiase no mu apaapae, nanso yɛn deɛ yɛyɛ baako. Ɛwom sɛ ɔdɔ asa wɔ wiase no mu, nanso yɛn deɛ, yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdodɔ yɛn ho nso. Wei kyerɛ sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo ankasa. (Yoh. 13:34) Ɛnyɛ sɛ yegyina baabi na yɛrehwɛ nea ɛrekɔ so kɛkɛ, na mmom “yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” a ɔnam yɛn so reyɛ anwanwadeɛ.—1 Kor. 3:9.

18. Anwanwadeɛ ahoroɔ a Yehowa reyɛ no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Ɔhaw ahyɛ wiase yi mu ma, nanso dɔ ara na Onyankopɔn nkurɔfo redɔɔso, baakoyɛ wɔ yɛn ntam, na yɛdodɔ yɛn ho paa. Wei yɛ nwanwa paa. Anwanwadeɛ a Yehowa reyɛ yi, ɛma yenya awerɛhyem kɛse sɛ, nneɛma a waka sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, ɔkwan biara so ɛbɛba mu. (2 Pet. 3:13) Enti hokwan a yɛanya sɛ Onyankopɔn nam yɛn so reyɛ anwanwadeɛ wɔ yɛn bere yi so no, momma yensi yɛn bo sɛ, yɛrentoto no ase da!

WUBEBUA SƐN?

  • Anwanwadeɛ a Yehowa reyɛ de atwe nkurɔfo aba n’asafo no mu no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa?

  • Anwanwadeɛ a Yehowa reyɛ ama baakoyɛ atena n’asafo no mu no, yɛbɛyɛ dɛn aboa?

  • Anwanwadeɛ a Yehowa reyɛ ama ɔdɔ atena n’asafo no mu no, yɛbɛyɛ dɛn aboa?

DWOM 154 Nokware Dɔ

a Yɛbɛyɛ nhwɛso a, hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org a yɛato din, “Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2022 Mu—‘Nea Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Onuadɔ.’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena