Sɛ Yenya Aban Pa a, Ebetumi De Asomdwoe Aba Anaa?
NEA ENTI A EBINOM TE NKA SAA
Wɔgye di sɛ aban dodoɔ no ara pɛ asomdwoe. Aman bebree akɔka Amanaman Nkabom no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba wiase. Nea enti a wɔayɛ saa ne sɛ, Amanaman Nkabom no kyerɛ sɛ, nea esi wɔn ani so ne sɛ ‘wɔbɛboa ama amanaman no anya asomdwoe ne ahotɔ.’
Wɔgye di sɛ nnipa dodoɔ no ara pɛ asomdwoe. Wɔbisabisaa nnipa 42,000 a wɔfi aman 17 so sɛ, sɛ yenya aban baako ma edi nnipa so, na sɛ saa aban no betumi atu ɔhaw akɛse te sɛ akokoakoko, yare, ne ohia ase a, wɔpɛ anaa. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, aane, wɔpɛ.
WUDWEN HO SƐN?
Sɛ asomdwoe betumi aba wiase a, gye sɛ aban a ɛwɔ wiase nyinaa ka wɔn ti bom yɛ adwuma.
Wohwɛ a, ebetumi ayɛ yie saa?
Nnansa yi, sɛ wutie kaseɛbɔ a, dɛn na wote sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase?
Afe 2024 mu no, kuo bi a wɔde mmoa ma nkurɔfo a wɔakɔ ahohia mu a wɔfrɛ wɔn Red Cross de too dwa sɛ: “Yɛrekasa yi, akokoakoko bɛboro 120 na ɛrekɔ so wɔ wiase.” Wɔn a wɔreko no mu dodoɔ no ara, “mmara a ɛbɔ ɔmanfo ho ban bere a akokoakoko rekɔ so no, wɔmfa nyɛ hwee.”
Benkum so wɔ soro: Peter Powell/AFP via Getty Images; benkum so wɔ ase: Omar Al-Qattaa/AFP via Getty Images; nifa: Mahmoud Issa/Anadolu via Getty Images
Sɛ aban bi bɔ ne ho mmɔden sɛ dɛn mpo a, subammɔne a ɛde mpaapaemu ba no, ɛrentumi ntu ase
NEA BIBLE AKA
Sɛ yɛbɛte Bible mu asɛm yi ase a, momma yɛnyɛ mfatoho yi. Sɛ ɔwofo bi hu sɛ ne ba a ɔresua nanteɛ afi ase retutu mmaako mmaako a, ɛma n’ani gye paa. Ebedu baabi no, na abofra no ara tumi nante a ɔnhwe ase. Nanso, wohwɛ a ɛno kyerɛ sɛ abofra no betumi akɔ baabiara a ɔpɛ a ɔrenyera anaa? Wohwɛ a ɔno nko ara betumi akotwa kar kwan mu a hwee renyɛ no anaa?
Yɛn nso, yetumi nante, kyerɛ sɛ, yetumi sisi gyinae ahoroɔ bi. Nanso, Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa ntutu wɔn anammɔn anaa nnipa nni ne yɔnko nnipa so. Enti nnipa rentumi nkyerɛ wɔn ho kwan mma ensi wɔn yie, gye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no boa wɔn.
Sɛ aban bi mufo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔde asomdwoe bɛba a, subammɔne a ɛde mpaapaemu ba te sɛ anibere, ahomaso, nnipa mu nyiyim, ne pɛsɛmenkominya no, wɔrentumi ntu ase mfi ase nnipa komam. (Yeremia 17:9) Nea akɔ so mfe pii no ama ada adi sɛ, sɛ nnipa wɔ saa subammɔne no bi a, etumi piapia wɔn ma wɔhyɛ wɔn yɔnko nnipa so, na wɔma nkurɔfo pii hu amane. Ɛno nti na Bible ma yɛn afotu pa yi: “Mo ara mo yiyedi nti, munnyae sɛ mode mo ho to onipa dasani so.”—Yesaia 2:22.
Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, Onyankopɔn wɔ Ahenni bi a ɛbɛba abedi wiase nyinaa so. (Daniel 7:13, 14; Adiyisɛm 11:15) Saa Ahenni no ba a, anigye a ɛbɛma yɛanya deɛ, ɛnyɛ agorɔ!
Yɛnhwɛ nneɛma bi a Bible aka sɛ ɛbɛba daakye.
Daniel 2:44: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. Wɔrensɛe saa ahenni no da. . . . Ɛno nko ara na ebegyina daa.”
Dwom 46:9: “[Onyankopɔn ma] akodi gyae wɔ asaase nyinaa so.”
Yesaia 11:9: “[Nnipa renyɛ] bɔne na wɔrensɛe ade bio . . . efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma.”a
Nnipa aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa nneɛma yi. Nanso, Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no deɛ, obetumi ayɛ, na ɔbɛyɛ nso!
SƐ WOPƐ WEI HO NSƐM PII A . . .
Sɛnea yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wɔntua hwee no, sɔ hwɛ. Wopɛ nso a, ma Yehowa Danseni bi mmra wo nkyɛn.
a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din. Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”